< תְהִלִּים 49 >
לַמְנַצֵּ֬חַ ׀ לִבְנֵי־קֹ֬רַח מִזְמֽוֹר׃ שִׁמְעוּ־זֹ֭את כָּל־הָֽעַמִּ֑ים הַ֝אֲזִ֗ינוּ כָּל־יֹ֥שְׁבֵי חָֽלֶד׃ | 1 |
Koramma dwom. Muntie, mo saa nnipa yi nyinaa; monyɛ aso, mo a mowɔ wiase yi mu nyinaa,
גַּם־בְּנֵ֣י אָ֭דָם גַּם־בְּנֵי־אִ֑ישׁ יַ֝֗חַד עָשִׁ֥יר וְאֶבְיֽוֹן׃ | 2 |
nea ɔyɛ abomfiaa ne nea odi mu, adefo ne ahiafo nyinaa.
פִּ֭י יְדַבֵּ֣ר חָכְמ֑וֹת וְהָג֖וּת לִבִּ֣י תְבוּנֽוֹת׃ | 3 |
Mʼano bɛka anyansasɛm; nsɛm a efi me koma mu bɛma nhumu.
אַטֶּ֣ה לְמָשָׁ֣ל אָזְנִ֑י אֶפְתַּ֥ח בְּ֝כִנּ֗וֹר חִידָתִֽי׃ | 4 |
Mɛbrɛ mʼaso ase atie mmebusɛm; na sanku na mede bɛkyerɛ mʼabisae ase.
לָ֣מָּה אִ֭ירָא בִּ֣ימֵי רָ֑ע עֲוֹ֖ן עֲקֵבַ֣י יְסוּבֵּֽנִי׃ | 5 |
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ misuro, bere a nna bɔne aba, bere a amumɔyɛfo nnaadaafo atwa me ho ahyia,
הַבֹּטְחִ֥ים עַל־חֵילָ֑ם וּבְרֹ֥ב עָ֝שְׁרָ֗ם יִתְהַלָּֽלוּ׃ | 6 |
wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya so na wɔde wɔn ade dodow hoahoa wɔn ho?
אָ֗ח לֹא־פָדֹ֣ה יִפְדֶּ֣ה אִ֑ישׁ לֹא־יִתֵּ֖ן לֵאלֹהִ֣ים כָּפְרֽוֹ׃ | 7 |
Onipa biara rentumi nnye ne yɔnko nkwa na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn,
וְ֭יֵקַר פִּדְי֥וֹן נַפְשָׁ֗ם וְחָדַ֥ל לְעוֹלָֽם׃ | 8 |
nkwa ho mpata bo yɛ den, akatua biara renso,
וִֽיחִי־ע֥וֹד לָנֶ֑צַח לֹ֖א יִרְאֶ֣ה הַשָּֽׁחַת׃ | 9 |
sɛ ɛbɛma no atena ase afebɔɔ a ɔrenhu porɔwee.
כִּ֤י יִרְאֶ֨ה ׀ חֲכָ֘מִ֤ים יָמ֗וּתוּ יַ֤חַד כְּסִ֣יל וָבַ֣עַר יֹאבֵ֑דוּ וְעָזְב֖וּ לַאֲחֵרִ֣ים חֵילָֽם׃ | 10 |
Obiara nim pefee sɛ anyansafo wu; saa ara na nkwaseafo ne agyimifo nso wu, na wogyaw wɔn ahonya hɔ ma afoforo.
קִרְבָּ֤ם בָּתֵּ֨ימוֹ ׀ לְֽעוֹלָ֗ם מִ֭שְׁכְּנֹתָם לְדֹ֣ר וָדֹ֑ר קָֽרְא֥וּ בִ֝שְׁמוֹתָ֗ם עֲלֵ֣י אֲדָמֽוֹת׃ | 11 |
Wɔn nna bɛyɛ wɔn afi afebɔɔ, wɔn atenae wɔ awo ntoatoaso bere a enni awiei mu, ɛmfa ho sɛ wɔde wɔn din atoto nsase so.
וְאָדָ֣ם בִּ֭יקָר בַּל־יָלִ֑ין נִמְשַׁ֖ל כַּבְּהֵמ֣וֹת נִדְמֽוּ׃ | 12 |
Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa; ɔte sɛ mmoa a wowu no ara.
זֶ֣ה דַ֭רְכָּם כֵּ֣סֶל לָ֑מוֹ וְאַחֲרֵיהֶ֓ם ׀ בְּפִיהֶ֖ם יִרְצ֣וּ סֶֽלָה׃ | 13 |
Eyi ne nea ɛda hɔ ma wɔn a wogye wɔn ho di, ne wɔn akyidifo a wɔfoa wɔn nsɛm so.
כַּצֹּ֤אן ׀ לִֽשְׁא֣וֹל שַׁתּוּ֮ מָ֤וֶת יִ֫רְעֵ֥ם וַיִּרְדּ֘וּ בָ֤ם יְשָׁרִ֨ים ׀ לַבֹּ֗קֶר וְ֭צוּרָם לְבַלּ֥וֹת שְׁא֗וֹל מִזְּבֻ֥ל לֽוֹ׃ (Sheol ) | 14 |
Wɔte sɛ nguan, na wɔbɛkɔ ɔda mu, na owu de wɔn bɛyɛ nʼaduan. Atreneefo bedi wɔn so anɔpa; wɔn nipadua bɛporɔw wɔ ɔda mu, na wɔne wɔn adan akɛse no ntam akwan bɛware. (Sheol )
אַךְ־אֱלֹהִ֗ים יִפְדֶּ֣ה נַ֭פְשִׁי מִֽיַּד־שְׁא֑וֹל כִּ֖י יִקָּחֵ֣נִי סֶֽלָה׃ (Sheol ) | 15 |
Nanso Onyankopɔn begye me afi ɔda mu; ampa ara, ɔde me bɛkɔ ne nkyɛn. (Sheol )
אַל־תִּ֭ירָא כִּֽי־יַעֲשִׁ֣ר אִ֑ישׁ כִּֽי־יִ֝רְבֶּה כְּב֣וֹד בֵּיתֽוֹ׃ | 16 |
Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnnhaw wo; na sɛ ne fi anigye yɛ bebree a, mma ɛnnhaw wo;
כִּ֤י לֹ֣א בְ֭מוֹתוֹ יִקַּ֣ח הַכֹּ֑ל לֹא־יֵרֵ֖ד אַחֲרָ֣יו כְּבוֹדֽוֹ׃ | 17 |
efisɛ, sɛ owu a ɔremmfa hwee nkɔ, nʼanuonyam ne no renkɔ amoa mu.
כִּֽי־נַ֭פְשׁוֹ בְּחַיָּ֣יו יְבָרֵ֑ךְ וְ֝יוֹדֻ֗ךָ כִּי־תֵיטִ֥יב לָֽךְ׃ | 18 |
Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no, efisɛ wɔkamfo nnipa bere a wodi yiye,
תָּ֭בוֹא עַד־דּ֣וֹר אֲבוֹתָ֑יו עַד־נֵ֝֗צַח לֹ֣א יִרְאוּ־אֽוֹר׃ | 19 |
nanso ɔbɛkɔ akɔka nʼagyanom ho, wɔn a wɔrenhu nkwa hann ara da no.
אָדָ֣ם בִּ֭יקָר וְלֹ֣א יָבִ֑ין נִמְשַׁ֖ל כַּבְּהֵמ֣וֹת נִדְמֽוּ׃ | 20 |
Onipa a ɔwɔ ahonya na onni nhumu no te sɛ mmoa a wowu.