< תְהִלִּים 46 >

לַמְנַצֵּ֥חַ לִבְנֵי־קֹ֑רַח עַֽל־עֲלָמ֥וֹת שִֽׁיר׃ אֱלֹהִ֣ים לָ֭נוּ מַחֲסֶ֣ה וָעֹ֑ז עֶזְרָ֥ה בְ֝צָר֗וֹת נִמְצָ֥א מְאֹֽד׃ 1
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Koramma dwom. Wɔto no “alamot” sanku nne so. Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden, amanehunu mu boafo a ɔwɔ hɔ bere biara.
עַל־כֵּ֣ן לֹא־נִ֭ירָא בְּהָמִ֣יר אָ֑רֶץ וּבְמ֥וֹט הָ֝רִ֗ים בְּלֵ֣ב יַמִּֽים׃ 2
Enti sɛ asase ani dan butuw, na mmepɔw tutu kogu po ase a, yɛrensuro,
יֶהֱמ֣וּ יֶחְמְר֣וּ מֵימָ֑יו יִֽרְעֲשֽׁוּ־הָרִ֖ים בְּגַאֲוָת֣וֹ סֶֽלָה׃ 3
sɛ po bɔ asorɔkye na ehuru na ɛma nkoko wosow mpo a, yɛrensuro.
נָהָ֗ר פְּלָגָ֗יו יְשַׂמְּח֥וּ עִיר־אֱלֹהִ֑ים קְ֝דֹ֗שׁ מִשְׁכְּנֵ֥י עֶלְיֽוֹן׃ 4
Asuten bi wɔ hɔ a ne nsuwansuwa de anigye ba Onyankopɔn kuropɔn mu, beae kronkron a Ɔsorosoroni no te.
אֱלֹהִ֣ים בְּ֭קִרְבָּהּ בַּל־תִּמּ֑וֹט יַעְזְרֶ֥הָ אֱ֝לֹהִ֗ים לִפְנ֥וֹת בֹּֽקֶר׃ 5
Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase; Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.
הָמ֣וּ ג֭וֹיִם מָ֣טוּ מַמְלָכ֑וֹת נָתַ֥ן בְּ֝קוֹל֗וֹ תָּמ֥וּג אָֽרֶץ׃ 6
Amanaman yɛ hoo, na ahenni hwehwe ase; ɔma ne nne so ma asase nan.
יְהוָ֣ה צְבָא֣וֹת עִמָּ֑נוּ מִשְׂגָּֽב־לָ֝נוּ אֱלֹהֵ֖י יַעֲקֹ֣ב סֶֽלָה׃ 7
Asafo Awurade ka yɛn ho. Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban.
לְֽכוּ־חֲ֭זוּ מִפְעֲל֣וֹת יְהוָ֑ה אֲשֶׁר־שָׂ֖ם שַׁמּ֣וֹת בָּאָֽרֶץ׃ 8
Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma, ɔsɛe a ɔde aba asase no so.
מַשְׁבִּ֥ית מִלְחָמוֹת֮ עַד־קְצֵ֪ה הָ֫אָ֥רֶץ קֶ֣שֶׁת יְ֭שַׁבֵּר וְקִצֵּ֣ץ חֲנִ֑ית עֲ֝גָל֗וֹת יִשְׂרֹ֥ף בָּאֵֽשׁ׃ 9
Ɔma akodi gyae kosi asase ano. Obubu agyan mu na ɔsɛe peaw; ɔde ogya hyew nkatabo.
הַרְפּ֣וּ וּ֭דְעוּ כִּי־אָנֹכִ֣י אֱלֹהִ֑ים אָר֥וּם בַּ֝גּוֹיִ֗ם אָר֥וּם בָּאָֽרֶץ׃ 10
Monyɛ komm na munhu sɛ me ne Onyankopɔn; wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu, wɔbɛma me so wɔ asase so.
יְהוָ֣ה צְבָא֣וֹת עִמָּ֑נוּ מִשְׂגָּֽב־לָ֝נוּ אֱלֹהֵ֖י יַעֲקֹ֣ב סֶֽלָה׃ 11
Asafo Awurade ka yɛn ho; Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban.

< תְהִלִּים 46 >