< תְהִלִּים 101 >

לְדָוִ֗ד מִ֫זְמ֥וֹר חֶֽסֶד־וּמִשְׁפָּ֥ט אָשִׁ֑ירָה לְךָ֖ יְהוָ֣ה אֲזַמֵּֽרָה׃ 1
Dawid Dwom. Mɛto wo dɔ ne wo trenee ho nnwom; Awurade, mɛto ayeyi nnwom ama wo.
אַשְׂכִּ֤ילָה ׀ בְּדֶ֬רֶךְ תָּמִ֗ים מָ֭תַי תָּב֣וֹא אֵלָ֑י אֶתְהַלֵּ֥ךְ בְּתָם־לְ֝בָבִ֗י בְּקֶ֣רֶב בֵּיתִֽי׃ 2
Mɛhwɛ yiye abu ɔbra a ho tew; da bɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede koma a afɔdi nni mu bɛhwɛ me fi so.
לֹֽא־אָשִׁ֨ית ׀ לְנֶ֥גֶד עֵינַ֗י דְּֽבַר־בְּלִ֫יָּ֥עַל עֲשֹֽׂה־סֵטִ֥ים שָׂנֵ֑אתִי לֹ֖א יִדְבַּ֣ק בִּֽי׃ 3
Merennye ade a ɛyɛ tan biara nto mu. Mikyi nnipa a wonni gyidi nneyɛe; meremfa me ho mmata ho.
לֵבָ֣ב עִ֭קֵּשׁ יָס֣וּר מִמֶּ֑נִּי רָ֝֗ע לֹ֣א אֵדָֽע׃ 4
Nnipa a wɔn koma yɛ kɔntɔnkye remmɛn me; me ne bɔne nni hwee yɛ.
מְלָשְׁנִ֬י בַסֵּ֨תֶר ׀ רֵעֵהוּ֮ אוֹת֪וֹ אַ֫צְמִ֥ית גְּֽבַהּ־עֵ֭ינַיִם וּרְחַ֣ב לֵבָ֑ב אֹ֝ת֗וֹ לֹ֣א אוּכָֽל׃ 5
Obiara a odi ne yɔnko ho nseku wɔ kokoa mu no, ɔno na mɛsɛe; nea ɔwɔ ahantan ani ne ahomaso koma, ɔno na merennyigye no so.
עֵינַ֤י ׀ בְּנֶֽאֶמְנֵי־אֶרֶץ֮ לָשֶׁ֪בֶת עִמָּ֫דִ֥י הֹ֭לֵךְ בְּדֶ֣רֶךְ תָּמִ֑ים ה֝֗וּא יְשָׁרְתֵֽנִי׃ 6
Mʼani bɛkɔ anokwafo a wɔwɔ asase no so no so na me ne wɔn atena; nea ne nantew ho nni asɛm no ɔno na ɔbɛsom me.
לֹֽא־יֵשֵׁ֨ב ׀ בְּקֶ֥רֶב בֵּיתִי֮ עֹשֵׂ֪ה רְמִ֫יָּ֥ה דֹּבֵ֥ר שְׁקָרִ֑ים לֹֽא־יִ֝כּ֗וֹן לְנֶ֣גֶד עֵינָֽי׃ 7
Nea ɔyɛ ɔdaadaafo biara rentena me fi; nea otwa nkontompo no rennyina mʼanim.
לַבְּקָרִ֗ים אַצְמִ֥ית כָּל־רִשְׁעֵי־אָ֑רֶץ לְהַכְרִ֥ית מֵֽעִיר־יְ֝הוָ֗ה כָּל־פֹּ֥עֲלֵי אָֽוֶן׃ 8
Adekyee biara, mɛsɛe amumɔyɛfo a wɔwɔ asase yi so nyinaa; na mapam ɔdebɔneyɛni biara afi Awurade kuropɔn mu.

< תְהִלִּים 101 >