< מִשְׁלֵי 7 >
בְּ֭נִי שְׁמֹ֣ר אֲמָרָ֑י וּ֝מִצְוֹתַ֗י תִּצְפֹּ֥ן אִתָּֽךְ׃ | 1 |
Me ba, fa me nsɛm sie na kora mʼahyɛde wɔ wo mu.
שְׁמֹ֣ר מִצְוֹתַ֣י וֶחְיֵ֑ה וְ֝תֹורָתִ֗י כְּאִישֹׁ֥ון עֵינֶֽיךָ׃ | 2 |
Di mʼahyɛde so na wubenya nkwa; bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ nea wodɔ no.
קָשְׁרֵ֥ם עַל־אֶצְבְּעֹתֶ֑יךָ כָּ֝תְבֵ֗ם עַל־ל֥וּחַ לִבֶּֽךָ׃ | 3 |
Kyekyere bɔ wo nsateaa ho; kyerɛw no yiye gu wo koma pon so.
אֱמֹ֣ר לַֽ֭חָכְמָה אֲחֹ֣תִי אָ֑תְּ וּ֝מֹדָ֗ע לַבִּינָ֥ה תִקְרָֽא׃ | 4 |
Ka kyerɛ nyansa se, “Woyɛ me nuabea,” na frɛ ntease wo busuani;
לִ֭שְׁמָרְךָ מֵאִשָּׁ֣ה זָרָ֑ה מִ֝נָּכְרִיָּ֗ה אֲמָרֶ֥יהָ הֶחֱלִֽיקָה׃ | 5 |
Wɔbɛtwe wo afi ɔbeawaresɛefo ho, afi ɔbeawarefo huhuni nsɛmmɔdɛ ho.
כִּ֭י בְּחַלֹּ֣ון בֵּיתִ֑י בְּעַ֖ד אֶשְׁנַבִּ֣י נִשְׁקָֽפְתִּי׃ | 6 |
Me fi mfɛnsere ano, mede mʼani faa mfɛnsere mu.
וָאֵ֤רֶא בַפְּתָאיִ֗ם אָ֘בִ֤ינָה בַבָּנִ֗ים נַ֣עַר חֲסַר־לֵֽב׃ | 7 |
Mihuu wɔ ntetekwaafo mu, mehyɛɛ mmerante no mu baako nsow, ɔbabun a onni adwene.
עֹבֵ֣ר בַּ֭שּׁוּק אֵ֣צֶל פִּנָּ֑הּ וְדֶ֖רֶךְ בֵּיתָ֣הּ יִצְעָֽד׃ | 8 |
Na ɔnam borɔn a ɛbɛn ɔbea no fi so a nʼani kyerɛ ɔbea no fi
בְּנֶֽשֶׁף־בְּעֶ֥רֶב יֹ֑ום בְּאִישֹׁ֥ון לַ֝֗יְלָה וַאֲפֵלָֽה׃ | 9 |
bere a onwini redwo, na anim rebiribiri no.
וְהִנֵּ֣ה אִ֭שָּׁה לִקְרָאתֹ֑ו שִׁ֥ית זֹ֝ונָ֗ה וּנְצֻ֥רַת לֵֽב׃ | 10 |
Afei ɔbea bi fi behyiaa no a wasiesie ne ho sɛ oguamanfo a nnaadaa wɔ ne koma mu.
הֹמִיָּ֣ה הִ֣יא וְסֹרָ֑רֶת בְּ֝בֵיתָ֗הּ לֹא־יִשְׁכְּנ֥וּ רַגְלֶֽיהָ׃ | 11 |
(Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho, ɔntena fie koraa;
פַּ֤עַם ׀ בַּח֗וּץ פַּ֥עַם בָּרְחֹבֹ֑ות וְאֵ֖צֶל כָּל־פִּנָּ֣ה תֶאֱרֹֽב׃ | 12 |
nnɛ wohu no mmɔnten so, ɔkyena na ɔte aguabɔbea, ɔtetɛw wɔ mmantwea mmantwea.)
וְהֶחֱזִ֣יקָה בֹּ֖ו וְנָ֣שְׁקָה־לֹּ֑ו הֵעֵ֥זָה פָ֝נֶ֗יהָ וַתֹּ֣אמַר לֹֽו׃ | 13 |
Osoo ne mu few nʼano, wamfɛre, na ɔkae se,
זִבְחֵ֣י שְׁלָמִ֣ים עָלָ֑י הַ֝יֹּ֗ום שִׁלַּ֥מְתִּי נְדָרָֽי׃ | 14 |
“Mewɔ asomdwoe afɔrebɔde wɔ fie; nnɛ madi me bɔhyɛ so.
עַל־כֵּ֭ן יָצָ֣אתִי לִקְרָאתֶ֑ךָ לְשַׁחֵ֥ר פָּ֝נֶ֗יךָ וָאֶמְצָאֶֽךָּ׃ | 15 |
Enti mebae sɛ merebehyia wo; mehwehwɛɛ wo na mahu wo!
מַ֭רְבַדִּים רָבַ֣דְתִּי עַרְשִׂ֑י חֲ֝טֻבֹ֗ות אֵט֥וּן מִצְרָֽיִם׃ | 16 |
Mato me mpa, mede nwera a wɔahyɛ no aduru a efi Misraim.
נַ֥פְתִּי מִשְׁכָּבִ֑י מֹ֥ר אֲ֝הָלִ֗ים וְקִנָּמֹֽון׃ | 17 |
Mede nnuhuam apete me mpa so: kurobow, pɛprɛ ne dupapo.
לְכָ֤ה נִרְוֶ֣ה דֹ֭דִים עַד־הַבֹּ֑קֶר נִ֝תְעַלְּסָ֗ה בָּאֳהָבִֽים׃ | 18 |
Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkosi anɔpa;
כִּ֤י אֵ֣ין הָאִ֣ישׁ בְּבֵיתֹ֑ו הָ֝לַ֗ךְ בְּדֶ֣רֶךְ מֵרָחֹֽוק׃ | 19 |
Me kunu nni fie; watu kwan na ɔbɛkyɛ.
צְֽרֹור־הַ֭כֶּסֶף לָקַ֣ח בְּיָדֹ֑ו לְיֹ֥ום הַ֝כֵּ֗סֶא יָבֹ֥א בֵיתֹֽו׃ | 20 |
Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sika kotoku ma na ɔremma kosi ɔsram no kurokumatwa bere mu.”
הִ֭טַּתּוּ בְּרֹ֣ב לִקְחָ֑הּ בְּחֵ֥לֶק שְׂ֝פָתֶ֗יהָ תַּדִּיחֶֽנּוּ׃ | 21 |
Ɔde tɛkrɛmakyene bɔɔ no adafa; ɔde nnaadaa nyaa no ne no dae.
הֹ֤ולֵ֥ךְ אַחֲרֶ֗יהָ פִּ֫תְאֹ֥ם כְּ֭שֹׁור אֶל־טָ֣בַח יָבֹ֑וא וּ֝כְעֶ֗כֶס אֶל־מוּסַ֥ר אֱוֽ͏ִיל׃ | 22 |
Odii nʼakyi prɛko pɛ te sɛ nantwi a ɔrekɔ akumii, anaa ɔwansan a ɔde ne ti rekɔhyɛ hankare fi mu
עַ֤ד יְפַלַּ֪ח חֵ֡ץ כְּֽבֵדֹ֗ו כְּמַהֵ֣ר צִפֹּ֣ור אֶל־פָּ֑ח וְלֹֽא־יָ֝דַ֗ע כִּֽי־בְנַפְשֹׁ֥ו הֽוּא׃ פ | 23 |
kosi sɛ bɛmma bɛwɔ ne brɛbo mu, te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afiri mu na onnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.
וְעַתָּ֣ה בָ֭נִים שִׁמְעוּ־לִ֑י וְ֝הַקְשִׁ֗יבוּ לְאִמְרֵי־פִֽי׃ | 24 |
Na afei, me mma, muntie me; monyɛ aso mma nea meka.
אַל־יֵ֣שְׂטְ אֶל־דְּרָכֶ֣יהָ לִבֶּ֑ךָ אַל־תֵּ֝תַע בִּנְתִיבֹותֶֽיהָ׃ | 25 |
Mommma mo koma mpatiri nkɔ no so na momman mmfa nʼakwan so.
כִּֽי־רַבִּ֣ים חֲלָלִ֣ים הִפִּ֑ילָה וַ֝עֲצֻמִ֗ים כָּל־הֲרֻגֶֽיהָ׃ | 26 |
Bebree na wɔnam no so ahwehwe ase; wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.
דַּרְכֵ֣י שְׁאֹ֣ול בֵּיתָ֑הּ יֹ֝רְדֹ֗ות אֶל־חַדְרֵי־מָֽוֶת׃ פ (Sheol ) | 27 |
Ne fi yɛ ɔda tempɔn a ɛkɔ owu pia mu. (Sheol )