< תהילים 150 >
הַלְלוּ ־ יָהּ ׀ הַֽלְלוּ־אֵל בְּקׇדְשׁוֹ הַֽלְלוּהוּ בִּרְקִיעַ עֻזּֽוֹ׃ | 1 |
Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade wɔ ne kronkronbea; monkamfo no wɔ ɔsoro tumi mu.
הַלְלוּהוּ בִגְבוּרֹתָיו הַלְלוּהוּ כְּרֹב גֻּדְלֽוֹ׃ | 2 |
Monkamfo no wɔ ne tumi mu nneyɛɛ ho; monkamfo no wɔ ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara soɔ ho.
הַלְלוּהוּ בְּתֵקַע שׁוֹפָר הַלְלוּהוּ בְּנֵבֶל וְכִנּֽוֹר׃ | 3 |
Momfa totorobɛnto nnyegyeeɛ nkamfo no, momfa asankuo ne bɛnta nkamfo no,
הַלְלוּהוּ בְּתֹף וּמָחוֹל הַֽלְלוּהוּ בְּמִנִּים וְעֻגָֽב׃ | 4 |
momfa akasaeɛ ne asa nkamfo no, momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no,
הַלְלוּהוּ בְצִלְצְלֵי־שָׁמַע הַֽלְלוּהוּ בְּֽצִלְצְלֵי תְרוּעָֽה׃ | 5 |
momfa kyankyan mmobɔmu so nkamfo no, momfa kyankyan nnyegyeeɛ nkamfo no.
כֹּל הַנְּשָׁמָה תְּהַלֵּל יָהּ הַֽלְלוּ־יָֽהּ׃ | 6 |
Momma deɛ ɛhome nyinaa nkamfo Awurade. Monkamfo Awurade.