< תהילים 144 >
לְדָוִד ׀ בָּרוּךְ יְהֹוָה ׀ צוּרִי הַֽמְלַמֵּד יָדַי לַקְרָב אֶצְבְּעוֹתַי לַמִּלְחָמָֽה׃ | 1 |
Dawid de. Nkamfo nka Awurade, me Botan, nea ɔma me nsa akodi ho ntetewee, ne me nsateaa ma ɔsa.
חַסְדִּי וּמְצוּדָתִי מִשְׂגַּבִּי וּֽמְפַלְטִי ־ לִי מָגִנִּי וּבוֹ חָסִיתִי הָרוֹדֵד עַמִּי תַחְתָּֽי׃ | 2 |
Ɔyɛ mʼadɔe Nyankopɔn ne mʼabandennen, me bammɔ ne me gyefo, me kyɛm a mewɔ guankɔbea wɔ no mu, ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase.
יְֽהֹוָה מָֽה־אָדָם וַתֵּדָעֵהוּ בֶּן־אֱנוֹשׁ וַתְּחַשְּׁבֵֽהוּ׃ | 3 |
Awurade, hena ne onipa a wʼani ku no ho onipa ba a wudwen ne ho yi?
אָדָם לַהֶבֶל דָּמָה יָמָיו כְּצֵל עוֹבֵֽר׃ | 4 |
Onipa te sɛ ɔhome; ne nna te sɛ sunsuma a ɛretwa mu.
יְהֹוָה הַט־שָׁמֶיךָ וְתֵרֵד גַּע בֶּהָרִים וְֽיֶעֱשָֽׁנוּ׃ | 5 |
Awurade, fi ɔsoro hɔ na sian bra fam; fa wo nsa ka mmepɔw, na emfi wusiw.
בְּרוֹק בָּרָק וּתְפִיצֵם שְׁלַח חִצֶּיךָ וּתְהֻמֵּֽם׃ | 6 |
Soma anyinam na bɔ atamfo no hwete; to wo mmɛmma no ma wonguan.
שְׁלַח יָדֶיךָ מִמָּרוֹם פְּצֵנִי וְהַצִּילֵנִי מִמַּיִם רַבִּים מִיַּד בְּנֵי נֵכָֽר׃ | 7 |
Teɛ wo nsa fi ɔsoro bra fam; gye me na yi me fi nsu akɛse ho, fi ananafo nsam,
אֲשֶׁר פִּיהֶם דִּבֶּר־שָׁוְא וִימִינָם יְמִין שָֽׁקֶר׃ | 8 |
wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma, na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.
אֱֽלֹהִים שִׁיר חָדָשׁ אָשִׁירָה לָּךְ בְּנֵבֶל עָשׂוֹר אֲזַמְּרָה־לָּֽךְ׃ | 9 |
Onyankopɔn, mɛto dwom foforo ama wo; mɛto dwom wɔ sanku a ahama du gu so so ama wo,
הַנּוֹתֵן תְּשׁוּעָה לַמְּלָכִים הַפּוֹצֶה אֶת־דָּוִד עַבְדּוֹ מֵחֶרֶב רָעָֽה׃ | 10 |
ama Ɔbaako a ɔde nkonimdi ma ahemfo, na ogye ne somfo Dawid fi afoawerɛmfo ano.
פְּצֵנִי וְהַצִּילֵנִי מִיַּד בְּֽנֵי־נֵכָר אֲשֶׁר פִּיהֶם דִּבֶּר־שָׁוְא וִימִינָם יְמִין שָֽׁקֶר׃ | 11 |
Gye me na yi me fi ananafo nsam, wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.
אֲשֶׁר בָּנֵינוּ ׀ כִּנְטִעִים מְגֻדָּלִים בִּֽנְעוּרֵיהֶם בְּנוֹתֵינוּ כְזָוִיֹּת מְחֻטָּבוֹת תַּבְנִית הֵיכָֽל׃ | 12 |
Afei yɛn mmabarima mmerantebere mu bɛyɛ sɛ afifide a wɔahwɛ so yiye, na yɛn mmabea bɛyɛ sɛ adum a wɔasen de asiesie ahemfi.
מְזָוֵינוּ מְלֵאִים מְפִיקִים מִזַּן אֶל ־ זַן צֹאונֵנוּ מַאֲלִיפוֹת מְרֻבָּבוֹת בְּחוּצוֹתֵֽינוּ׃ | 13 |
Yɛn asan bɛyɛ amaama; aduan ahorow biara bɛba so. Yɛn nguan dodow so bɛto mpem mpem, wɔn so bɛto mpem du du wɔ yɛn mfuw so;
אַלּוּפֵינוּ מְֽסֻבָּלִים אֵֽין־פֶּרֶץ וְאֵין יוֹצֵאת וְאֵין צְוָחָה בִּרְחֹבֹתֵֽינוּ׃ | 14 |
yɛn anantwi bɛtwe nnesoa duruduru. Wɔrennwiriw afasu, yɛrenkɔ nkoasom mu, na agyaadwotwa remma yɛn mmɔnten so.
אַשְׁרֵי הָעָם שֶׁכָּכָה לּוֹ אַֽשְׁרֵי הָעָם שֱׁיְהֹוָה אֱלֹהָֽיו׃ | 15 |
Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn. Nhyira nka nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Awurade.