< תהילים 114 >

בְּצֵאת יִשְׂרָאֵל מִמִּצְרָיִם בֵּית יַעֲקֹב מֵעַם לֹעֵֽז׃ 1
Ɛberɛ a Israelfoɔ firii Misraim, na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ asase so no,
הָיְתָה יְהוּדָה לְקׇדְשׁוֹ יִשְׂרָאֵל מַמְשְׁלוֹתָֽיו׃ 2
Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbea na Israel bɛyɛɛ nʼahemman.
הַיָּם רָאָה וַיָּנֹס הַיַּרְדֵּן יִסֹּב לְאָחֽוֹר׃ 3
Ɛpo no huruiɛ na ɛdwaneeɛ, Yordan sanee nʼakyi;
הֶהָרִים רָקְדוּ כְאֵילִים גְּבָעוֹת כִּבְנֵי־צֹֽאן׃ 4
Mmepɔ hurihurii sɛ nnwennini nkokoɔ nso hurihurii sɛ nnwammaa.
מַה־לְּךָ הַיָּם כִּי תָנוּס הַיַּרְדֵּן תִּסֹּב לְאָחֽוֹר׃ 5
Ɛdeɛn na ɛbaeɛ, Ao ɛpo, na wodwaneeɛ, Ao Yordan, na wosanee wʼakyi,
הֶהָרִים תִּרְקְדוּ כְאֵילִים גְּבָעוֹת כִּבְנֵי־צֹֽאן׃ 6
mo mmepɔ, na mohurihuri sɛ nnwennini, na mo nkokoɔ, mohurihuri sɛ nnwammaa?
מִלִּפְנֵי אָדוֹן חוּלִי אָרֶץ מִלִּפְנֵי אֱלוֹהַּ יַעֲקֹֽב׃ 7
Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade anim, wɔ Yakob Onyankopɔn anim,
הַהֹפְכִי הַצּוּר אֲגַם־מָיִם חַלָּמִישׁ לְמַעְיְנוֹ־מָֽיִם׃ 8
ɔno na ɔmaa ɔbotan no danee asubura, na abotan a ɛyɛ den danee nsuwa nsuwa no.

< תהילים 114 >