< מִשְׁלֵי 15 >
מַֽעֲנֶה־רַּךְ יָשִׁיב חֵמָה וּדְבַר־עֶצֶב יַעֲלֶה־אָֽף׃ | 1 |
Mmuae pa sianka abufuwhyew, nanso asɛm a ano yɛ den hwanyan abufuw mu.
לְשׁוֹן חֲכָמִים תֵּיטִיב דָּעַת וּפִי כְסִילִים יַבִּיעַ אִוֶּֽלֶת׃ | 2 |
Onyansafo tɛkrɛma yi nimdeɛ ayɛ, nanso ɔkwasea ano woro agyimisɛm.
בְּֽכׇל־מָקוֹם עֵינֵי יְהֹוָה צֹפוֹת רָעִים וְטוֹבִֽים׃ | 3 |
Awurade ani hu baabiara, na ɛhwɛ amumɔyɛfo ne apapafo.
מַרְפֵּא לָשׁוֹן עֵץ חַיִּים וְסֶלֶף בָּהּ שֶׁבֶר בְּרֽוּחַ׃ | 4 |
Tɛkrɛma a ɛde abodwo ba yɛ nkwadua, nanso nnaadaa tɛkrɛma dwerɛw honhom.
אֱוִיל יִנְאַץ מוּסַר אָבִיו וְשֹׁמֵר תּוֹכַחַת יַעְרִֽים׃ | 5 |
Ɔkwasea mfa nʼagya nteɛso nyɛ hwee, na nea otie nteɛso no kyerɛ sɛ ɔyɛ onitefo.
בֵּית צַדִּיק חֹסֶן רָב וּבִתְבוּאַת רָשָׁע נֶעְכָּֽרֶת׃ | 6 |
Ahonya bebree wɔ ɔtreneeni fi, nanso amumɔyɛfo adenya de ɔhaw brɛ wɔn.
שִׂפְתֵי חֲכָמִים יְזָרוּ דָעַת וְלֵב כְּסִילִים לֹא־כֵֽן׃ | 7 |
Anyansafo ano trɛtrɛw nimdeɛ mu, nanso ɛnyɛ saa na nkwaseafo koma te.
זֶבַח רְשָׁעִים תּוֹעֲבַת יְהֹוָה וּתְפִלַּת יְשָׁרִים רְצוֹנֽוֹ׃ | 8 |
Awurade kyi amumɔyɛfo afɔrebɔ, nanso teefo mpaebɔ sɔ nʼani.
תּוֹעֲבַת יְהֹוָה דֶּרֶךְ רָשָׁע וּמְרַדֵּף צְדָקָה יֶאֱהָֽב׃ | 9 |
Awurade kyi amumɔyɛfo akwan, nanso ɔdɔ wɔn a wotiw trenee.
מוּסָר רָע לְעֹזֵב אֹרַח שׂוֹנֵא תוֹכַחַת יָמֽוּת׃ | 10 |
Asotwe dennen wɔ hɔ ma nea ɔman fi ɔkwan no so, nea ɔtan nteɛso no bewu.
שְׁאוֹל וַאֲבַדּוֹן נֶגֶד יְהֹוָה אַף כִּֽי־לִבּוֹת בְּֽנֵי־אָדָֽם׃ (Sheol ) | 11 |
Owu ne Ɔsɛe da Awurade anim, na nnipa koma mu de, onim ma ɛboro so. (Sheol )
לֹא יֶאֱהַב־לֵץ הוֹכֵחַֽ לוֹ אֶל־חֲכָמִים לֹא יֵלֵֽךְ׃ | 12 |
Ɔfɛwdifo mpɛ nteɛso; onkobisa anyansafo hwee.
לֵב שָׂמֵחַ יֵיטִב פָּנִים וּבְעַצְּבַת־לֵב רוּחַ נְכֵאָֽה׃ | 13 |
Anigye koma ma anim yɛ sereserew, na koma a abotow dwerɛw honhom.
לֵב נָבוֹן יְבַקֶּשׁ־דָּעַת (ופני) [וּפִי] כְסִילִים יִרְעֶה אִוֶּֽלֶת׃ | 14 |
Nhumufo koma hwehwɛ nimdeɛ, nanso ɔkwasea ano ka agyimisɛm.
כׇּל־יְמֵי עָנִי רָעִים וְטֽוֹב־לֵב מִשְׁתֶּה תָמִֽיד׃ | 15 |
Wɔn a wɔhyɛ wɔn so nna nyinaa yɛ mmɔbɔmmɔbɔ, nanso anigye koma wɔ daa ahosɛpɛw mu.
טוֹב־מְעַט בְּיִרְאַת יְהֹוָה מֵאוֹצָר רָב וּמְהוּמָה בֽוֹ׃ | 16 |
Ketewa bi a yenya a Awurade suro ka ho no ye sen ahonyade bebree a ɔhaw bata ho.
טוֹב אֲרֻחַת יָרָק וְאַהֲבָה־שָׁם מִשּׁוֹר אָבוּס וְשִׂנְאָה־בֽוֹ׃ | 17 |
Nhabamma aduan a ɔdɔ wɔ mu no ye sen nantwi sradenam a ɔtan bata ho.
אִישׁ חֵמָה יְגָרֶה מָדוֹן וְאֶרֶךְ אַפַּיִם יַשְׁקִיט רִֽיב׃ | 18 |
Nea ne bo fuw ntɛm no de mpaapaemu ba, nanso nea ɔwɔ ntoboase pata ntɔkwaw.
דֶּרֶךְ עָצֵל כִּמְשֻׂכַת חָדֶק וְאֹרַח יְשָׁרִים סְלֻלָֽה׃ | 19 |
Nsɔe ama onihawfo kwan asiw, nanso teefo kwan yɛ ɔtempɔn.
בֵּן חָכָם יְשַׂמַּח־אָב וּכְסִיל אָדָם בּוֹזֶה אִמּֽוֹ׃ | 20 |
Ɔba nyansafo ma nʼagya ani gye, nanso ɔba kwasea bu ne na animtiaa.
אִוֶּלֶת שִׂמְחָה לַחֲסַר־לֵב וְאִישׁ תְּבוּנָה יְיַשֶּׁר־לָֽכֶת׃ | 21 |
Agyimisɛm ma nea onni adwene ani gye, nanso nea ɔwɔ ntease no fa ɔkwan a ɛteɛ so.
הָפֵר מַחֲשָׁבוֹת בְּאֵין סוֹד וּבְרֹב יוֹעֲצִים תָּקֽוּם׃ | 22 |
Nhyehyɛe a enni afotu no sɛe, nanso afotufo bebree ma ɛyɛ yiye.
שִׂמְחָה לָאִישׁ בְּמַעֲנֵה־פִיו וְדָבָר בְּעִתּוֹ מַה־טּֽוֹב׃ | 23 |
Onipa a ɔma mmuae a ɛfata no ani gye, asɛm a ɛba bere pa mu no nso ye.
אֹרַח חַיִּים לְמַעְלָה לְמַשְׂכִּיל לְמַעַן סוּר מִשְּׁאוֹל מָֽטָּה׃ (Sheol ) | 24 |
Onyansafo asetena mu kwan ma no nkɔso, esiw ne da mukɔ ho kwan. (Sheol )
בֵּית גֵּאִים יִסַּח ׀ יְהֹוָה וְיַצֵּב גְּבוּל אַלְמָנָֽה׃ | 25 |
Awurade sɛe ɔhantanni fi, na ɔma akunafo ahye yɛ pɛpɛɛpɛ.
תּוֹעֲבַת יְהֹוָה מַחְשְׁבוֹת רָע וּטְהֹרִים אִמְרֵי־נֹֽעַם׃ | 26 |
Awurade kyi amumɔyɛfo nsusuwii, nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronkron no de.
עֹכֵר בֵּיתוֹ בּוֹצֵעַ בָּצַע וְשׂוֹנֵא מַתָּנֹת יִחְיֶֽה׃ | 27 |
Odifudepɛfo de ɔhaw brɛ nʼabusua, nanso nea okyi kɛtɛasehyɛ no benya nkwa.
לֵב צַדִּיק יֶהְגֶּה לַעֲנוֹת וּפִי רְשָׁעִים יַבִּיעַ רָעֽוֹת׃ | 28 |
Ɔtreneeni koma kari ne mmuae, nanso omumɔyɛfo ano woro bɔne.
רָחוֹק יְהֹוָה מֵרְשָׁעִים וּתְפִלַּת צַדִּיקִים יִשְׁמָֽע׃ | 29 |
Awurade mmɛn amumɔyɛfo koraa, nanso ɔte ɔtreneeni mpaebɔ.
מְֽאוֹר־עֵינַיִם יְשַׂמַּֽח־לֵב שְׁמוּעָה טוֹבָה תְּדַשֶּׁן־עָֽצֶם׃ | 30 |
Anim a ɛtew ma koma nya ahomeka, na asɛm pa ma nnompe ahoɔden.
אֹזֶן שֹׁמַעַת תּוֹכַחַת חַיִּים בְּקֶרֶב חֲכָמִים תָּלִֽין׃ | 31 |
Nea otie animka a ɛma nkwa no ne anyansafo bɛbɔ mu atena ase.
פּוֹרֵעַ מוּסָר מוֹאֵס נַפְשׁוֹ וְשׁוֹמֵעַ תּוֹכַחַת קוֹנֶה לֵּֽב׃ | 32 |
Nea ɔmfa ahohyɛso no bu ne ho animtiaa, na nea otie nteɛso no nya nhumu.
יִרְאַת יְהֹוָה מוּסַר חׇכְמָה וְלִפְנֵי כָבוֹד עֲנָוָֽה׃ | 33 |
Awurade suro kyerɛ onipa nyansa, ahobrɛase di anuonyam anim.