< יואל 1 >
דְּבַר־יְהֹוָה אֲשֶׁר הָיָה אֶל־יוֹאֵל בֶּן־פְּתוּאֵֽל׃ | 1 |
Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoel so ni.
שִׁמְעוּ־זֹאת הַזְּקֵנִים וְהַֽאֲזִינוּ כֹּל יוֹשְׁבֵי הָאָרֶץ הֶהָיְתָה זֹּאת בִּֽימֵיכֶם וְאִם בִּימֵי אֲבֹתֵיכֶֽם׃ | 2 |
Muntie saa asɛm yi, mo mpanyimfo; muntie, mo a mote asase no so nyinaa. Asɛm bi a ɛte sɛɛ asi mo mmere so anaa mo mpanyimfo mmere so pɛn?
עָלֶיהָ לִבְנֵיכֶם סַפֵּרוּ וּבְנֵיכֶם לִבְנֵיהֶם וּבְנֵיהֶם לְדוֹר אַחֵֽר׃ | 3 |
Monka nkyerɛ mo mma, na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mma na wɔn mma nso nka nkyerɛ awo ntoatoaso a edi so no.
יֶתֶר הַגָּזָם אָכַל הָאַרְבֶּה וְיֶתֶר הָאַרְבֶּה אָכַל הַיָּלֶק וְיֶתֶר הַיֶּלֶק אָכַל הֶחָסִֽיל׃ | 4 |
Nea mmoadabikuw no gyawee no, mmoadabi akɛse no awe; nea mmoadabi akɛse no gyawee no, mmoadabi nkumaa no awe; nea mmoadabi nkumaa no gyawee no, mmoadabi afoforo awe.
הָקִיצוּ שִׁכּוֹרִים וּבְכוּ וְהֵילִלוּ כׇּל־שֹׁתֵי יָיִן עַל־עָסִיס כִּי נִכְרַת מִפִּיכֶֽם׃ | 5 |
Mo asabowfo, munnyan, na munsu! Mo a monom bobesa nyinaa, muntwa adwo; muntwa adwo, nsa foforo no nti, efisɛ wɔahuam afi mo ano.
כִּי־גוֹי עָלָה עַל־אַרְצִי עָצוּם וְאֵין מִסְפָּר שִׁנָּיו שִׁנֵּי אַרְיֵה וּֽמְתַלְּעוֹת לָבִיא לֽוֹ׃ | 6 |
Ɔman bi atu mʼasase so sa; dɔm a wɔyɛ den na wontumi nkan wɔn; wɔn se te sɛ gyata se na wɔwɔ gyatabere sebɔmmɔfo.
שָׂם גַּפְנִי לְשַׁמָּה וּתְאֵנָתִי לִקְצָפָה חָשֹׂף חֲשָׂפָהּ וְהִשְׁלִיךְ הִלְבִּינוּ שָׂרִיגֶֽיהָ׃ | 7 |
Wasɛe me bobe ne me borɔdɔma nnua. Wawaawae nnua no ho bona, atow agu agyaw ne mman ho fitaa.
אֱלִי כִּבְתוּלָה חֲגֻרַת־שַׂק עַל־בַּעַל נְעוּרֶֽיהָ׃ | 8 |
Di awerɛhow sɛ ababaa a ofura atweaatam na ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaabere mu.
הׇכְרַת מִנְחָה וָנֶסֶךְ מִבֵּית יְהֹוָה אָֽבְלוּ הַכֹּהֲנִים מְשָׁרְתֵי יְהֹוָֽה׃ | 9 |
Aduan ne ahwiesa afɔrebɔde, wɔayi afi Awurade fi. Asɔfo no retwa adwo, wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no.
שֻׁדַּד שָׂדֶה אָבְלָה אֲדָמָה כִּי שֻׁדַּד דָּגָן הוֹבִישׁ תִּירוֹשׁ אֻמְלַל יִצְהָֽר׃ | 10 |
Mfuw asɛe, asase no so awo wosee aduan no asɛe nsa foforo no ayow ngo nyinaa asa.
הֹבִישׁוּ אִכָּרִים הֵילִילוּ כֹּֽרְמִים עַל־חִטָּה וְעַל־שְׂעֹרָה כִּי אָבַד קְצִיר שָׂדֶֽה׃ | 11 |
Mo ani nwu, mo akuafo, muntwa adwo, mo a mudua bobe; Munsi apini mma awi ne atoko, efisɛ otwabere no asɛe.
הַגֶּפֶן הוֹבִישָׁה וְהַתְּאֵנָה אֻמְלָלָה רִמּוֹן גַּם־תָּמָר וְתַפּוּחַ כׇּל־עֲצֵי הַשָּׂדֶה יָבֵשׁוּ כִּי־הֹבִישׁ שָׂשׂוֹן מִן־בְּנֵי אָדָֽם׃ | 12 |
Bobe no akisa na borɔdɔma nnua no awuwu. Atoaa nnua, mmedua, aprɛ ne nnua a ɛwɔ mfuw no so nyinaa ahyew. Nokware, anigye a nnipa wɔ no atu ayera.
חִגְרוּ וְסִפְדוּ הַכֹּהֲנִים הֵילִילוּ מְשָׁרְתֵי מִזְבֵּחַ בֹּאוּ לִינוּ בַשַּׂקִּים מְשָׁרְתֵי אֱלֹהָי כִּי נִמְנַע מִבֵּית אֱלֹהֵיכֶם מִנְחָה וָנָֽסֶךְ׃ | 13 |
Mumfura atweaatam na munni awerɛhow, asɔfo; mo a mosom wɔ afɔremuka anim, muntwa adwo. Mumfura atweaatam mmesi pɛ, mo a mosom wɔ Onyankopɔn anim; efisɛ aduan ne ahwiesa afɔrebɔde no to atwa wɔ Onyankopɔn fi.
קַדְּשׁוּ־צוֹם קִרְאוּ עֲצָרָה אִסְפוּ זְקֵנִים כֹּל יֹשְׁבֵי הָאָרֶץ בֵּית יְהֹוָה אֱלֹהֵיכֶם וְזַעֲקוּ אֶל־יְהֹוָֽה׃ | 14 |
Mommɔ mmuadadi kronkron ho dawuru; momfrɛ nhyiamu kronkron. Momfrɛ mpanyimfo ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa mmra Awurade mo Nyankopɔn fi na wommesu mfrɛ Awurade.
אֲהָהּ לַיּוֹם כִּי קָרוֹב יוֹם יְהֹוָה וּכְשֹׁד מִשַּׁדַּי יָבֽוֹא׃ | 15 |
A, da no de! Awurade da no abɛn; Ɛbɛba sɛ ɔsɛe a efi Otumfo hɔ.
הֲלוֹא נֶגֶד עֵינֵינוּ אֹכֶל נִכְרָת מִבֵּית אֱלֹהֵינוּ שִׂמְחָה וָגִֽיל׃ | 16 |
So aduan ho nkɔɔ wɛn, a yɛani tua, anigye ne ahosɛpɛw to atwa wɔ yɛn Nyankopɔn fi ana?
עָבְשׁוּ פְרֻדוֹת תַּחַת מֶגְרְפֹתֵיהֶם נָשַׁמּוּ אֹֽצָרוֹת נֶהֶרְסוּ מַמְּגֻרוֹת כִּי הֹבִישׁ דָּגָֽן׃ | 17 |
Aba no wu wɔ asase wosee mu, adekoradan abubu, aburowpata nso so nni mfaso, efisɛ nnuan no ahyew.
מַה־נֶּאֶנְחָה בְהֵמָה נָבֹכוּ עֶדְרֵי בָקָר כִּי אֵין מִרְעֶה לָהֶם גַּם־עֶדְרֵי הַצֹּאן נֶאְשָֽׁמוּ׃ | 18 |
Sɛnea anantwi su! na anantwikuw kyinkyin kwa. Nguankuw mpo rebrɛ efisɛ wonni didibea.
אֵלֶיךָ יְהֹוָה אֶקְרָא כִּי אֵשׁ אָֽכְלָה נְאוֹת מִדְבָּר וְלֶהָבָה לִהֲטָה כׇּל־עֲצֵי הַשָּׂדֶֽה׃ | 19 |
Awurade, wo na misu frɛ wo, efisɛ ogya ahyew sare so adidibea, na ogyatannaa ahyew mfuw no so nnua nyinaa.
גַּם־בַּהֲמוֹת שָׂדֶה תַּעֲרוֹג אֵלֶיךָ כִּי יָֽבְשׁוּ אֲפִיקֵי מָיִם וְאֵשׁ אָכְלָה נְאוֹת הַמִּדְבָּֽר׃ | 20 |
Wuram mmoa mpo pere hwehwɛ wo. Nsuwansuwa ayoyow, na ogya ahyew sare so adidibea.