< שיר השירים 5 >
באתי לגני אחתי כלה--אריתי מורי עם בשמי אכלתי יערי עם דבשי שתיתי ייני עם חלבי אכלו רעים שתו ושכרו דודים | 1 |
Maba me turo mu, me nuabea, mʼayeforo; maboaboa me kurobow ne me nnuhuam ano. Madi me wokyɛm ne ɛwo; manom me bobesa ne me nufusu. Nnamfonom: Nnamfonom, munnidi na monnom; Adɔfonom, monnom nea ɛbɛmee mo dɔ.
אני ישנה ולבי ער קול דודי דופק פתחי לי אחתי רעיתי יונתי תמתי--שראשי נמלא טל קוצותי רסיסי לילה | 2 |
Medae, nanso me koma anna. Tie! me dɔfo rebɔ pon no mu; “Bue me, me nuabea, me dɔ, mʼaborɔnoma, a ne ho nni dɛm. Obosu afɔw me tirim, anadwo mu bosu afɔw me nwi.”
פשטתי את כתנתי--איככה אלבשנה רחצתי את רגלי איככה אטנפם | 3 |
Maworɔw mʼatade, mensan mfa nhyɛ ana? Mahohoro mʼanan ase, memma ho nyɛ fi bio ana?
דודי שלח ידו מן החר ומעי המו עליו | 4 |
Me dɔfo yɛɛ sɛ ɔrebue pon no me koma fii ase bɔɔ kim kim wɔ me mu.
קמתי אני לפתח לדודי וידי נטפו מור ואצבעתי מור עבר על כפות המנעול | 5 |
Mesɔree sɛ merekobue me dɔfo, na me nsa ho kurobow ne me nsateaa ho aduhuam, yɛɛ korɔkorɔ no nsa ho.
פתחתי אני לדודי ודודי חמק עבר נפשי יצאה בדברו--בקשתיהו ולא מצאתיהו קראתיו ולא ענני | 6 |
Mibue maa me dɔfo no, nanso na ɔkɔ. Ne kɔ no maa me ho dwiriw me. Mehwehwɛɛ no nanso manhu no baabiara. Mefrɛɛ no nanso wannye me so.
מצאני השמרים הסבבים בעיר הכוני פצעוני נשאו את רדידי מעלי שמרי החמות | 7 |
Awɛmfo no huu me bere a wɔrebɔ aporɔw wɔ kuropɔn no mu. Wɔbobɔɔ me pirapiraa me; woyii mʼatade kɔe; saa awɛmfo a wɔwɛn afasu no!
השבעתי אתכם בנות ירושלם אם תמצאו את דודי--מה תגידו לו שחולת אהבה אני | 8 |
Yerusalem mmabea, mehyɛ mo, sɛ muhu me dɔfo no a, asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no? Monka nkyerɛ no se ɔdɔ ama matɔ beraw.
מה דודך מדוד היפה בנשים מה דודך מדוד שככה השבעתנו | 9 |
Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo, mmea ahoɔfɛfo mu ahoɔfɛ? Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo a enti wohyɛ yɛn sɛɛ?
דודי צח ואדום דגול מרבבה | 10 |
Me dɔfo ho twa na ogyigye, wɔfa mpem du a, ɔyɛ sononko.
ראשו כתם פז קוצותיו תלתלים שחרות כעורב | 11 |
Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ ankasa; ne ti so nwi yɛ kuhaa, na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi.
עיניו כיונים על אפיקי מים רחצות בחלב--ישבות על מלאת | 12 |
Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma a ogyina asuwa bi ho; ɛte sɛ nea wɔde nufusu aguare no, na etuatua hɔ sɛ abohemaa.
לחיו כערוגת הבשם מגדלות מרקחים שפתותיו שושנים--נטפות מור עבר | 13 |
Nʼafono te sɛ pɛprɛ a wɔasɛw no kɛtɛ. Ɛho hua te sɛ aduhuam. Nʼanofafa te sɛ sukooko a ɛsosɔ kurobow.
ידיו גלילי זהב ממלאים בתרשיש מעיו עשת שן מעלפת ספירים | 14 |
Nʼabasa te sɛ sikakɔkɔɔ abaa a wɔde sikabereɛbo asisi mu. Ne nipadua te sɛ asonse a wɔatwiw ho na wɔde hoabo adura ho.
שוקיו עמודי שש מיסדים על אדני פז מראהו כלבנון--בחור כארזים | 15 |
Nʼanan te sɛ abohemaa afadum a esisi sikakɔkɔɔ ankasa nnyinaso so. Ne bɔbea te sɛ Lebanon a ɔyɛ sononko sɛ ne sida.
חכו ממתקים וכלו מחמדים זה דודי וזה רעי בנות ירושלם | 16 |
Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa; ɔkwan biara so, ne ho yɛ fɛ. Me dɔfo ni, mʼadamfo ni, Yerusalem mmabea.