< שיר השירים 4 >

הנך יפה רעיתי הנך יפה--עיניך יונים מבעד לצמתך שערך כעדר העזים שגלשו מהר גלעד 1
Wo ho yɛ fɛ, me dɔfoɔ! Ao, wo ho yɛ fɛ! Wʼaniwa a ɛhyehyɛ wo nkatanimu mu no te sɛ aborɔnoma. Wo nwi te sɛ mpapokuo a wɔresiane Gilead Bepɔ.
שניך כעדר הקצובות שעלו מן הרחצה שכלם מתאימות ושכלה אין בהם 2
Wo se te sɛ nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ, a wɔfiri adwareɛ. Wɔnam mmienu mmienu na wɔn mu biara nyɛ ankonam.
כחוט השני שפתותיך ומדברך נאוה כפלח הרמון רקתך מבעד לצמתך 3
Wʼanofafa te sɛ koogyan ahoma; wʼano yɛ fɛ. Wʼasontorɔ mu a ɛhyɛ wo nkatanimu mu te sɛ ateaa aduaba fa.
כמגדל דויד צוארך בנוי לתלפיות אלף המגן תלוי עליו כל שלטי הגברים 4
Wo kɔn te sɛ Dawid abantenten, a wɔasi no fɛɛfɛ; na akokyɛm apem sensɛn ho, a ne nyinaa yɛ akofoɔ kyɛm.
שני שדיך כשני עפרים תאומי צביה הרועים בשושנים 5
Wo nufu mmienu te sɛ atwe mma mmienu, atwe mma ntafoɔ a wɔdidi wɔ sukooko mu.
עד שיפוח היום ונסו הצללים--אלך לי אל הר המור ואל גבעת הלבונה 6
Ɛnkɔ si sɛ adeɛ bɛkye, ama sunsum adwane no, mɛkɔ kurobo bepɔ ne aduhwam nkokoɔ no so.
כלך יפה רעיתי ומום אין בך 7
Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ papa; wo ho nni ɛdɛm biara.
אתי מלבנון כלה אתי מלבנון תבואי תשורי מראש אמנה מראש שניר וחרמון ממענות אריות מהררי נמרים 8
Ma yɛn mfiri Lebanon, mʼayeforɔ, wo ne me mfiri Lebanon nkɔ. Siane firi Amana atifi bra, firi Senir atifi, Hermon apampam hɔ, firi agyata buo mu ne mmepɔ a asebɔ dɛɛdɛɛ hɔ.
לבבתני אחתי כלה לבבתני באחד (באחת) מעיניך באחד ענק מצורניך 9
Woagye mʼakoma abɔ so, me nuabaa, mʼayeforɔ; woagye mʼakoma abɔ so wode wʼani a ɛbɔɔ me soɔ, ne wo kɔnmuadeɛ mu ɔbohemaa baako.
מה יפו דדיך אחתי כלה מה טבו דדיך מיין וריח שמניך מכל בשמים 10
Wo dɔ yɛ ahomeka, me nuabaa, mʼayeforɔ! Hwɛ wo dɔ sɔ ani sene bobesa, na wʼaduhwam yɛ hwam sene pɛperɛ biara.
נפת תטפנה שפתותיך כלה דבש וחלב תחת לשונך וריח שלמתיך כריח לבנון 11
Adɔdɔdeɛ firi wʼano sɛ ɛwokyɛm, mʼayeforɔ; nufosuo ne ɛwoɔ wɔ wo tɛkrɛma ase. Wo ntadeɛ mu hwa te sɛ Lebanon deɛ.
גן נעול אחתי כלה גל נעול מעין חתום 12
Wote sɛ turo a wɔato ano ɛpono mu, me nuabaa, mʼayeforɔ; woyɛ asutire a wɔagye ho ban, asubura a wɔasɔ ano.
שלחיך פרדס רמונים עם פרי מגדים כפרים עם נרדים 13
Wo nnua yɛ nnuabafuo so ateaa a ɛso aba pa, ahuahaa ne nnuannua,
נרד וכרכם קנה וקנמון עם כל עצי לבונה מר ואהלות עם כל ראשי בשמים 14
nnuannua ne mmɛtire, osiko ne sinamon, a ohwamfufuo nnua hodoɔ, kurobo ne dupapoɔ ne pɛperɛ papa ahodoɔ nyinaa ka ho.
מעין גנים באר מים חיים ונזלים מן לבנון 15
Woyɛ turo mu asubura. Woyɛ ɔtadeɛ a nsuo tene firi mu sane firi Lebanon.
עורי צפון ובואי תימן הפיחי גני יזלו בשמיו יבא דודי לגנו ויאכל פרי מגדיו 16
Sɔre, atifi fam mframa! Bra, anafoɔ fam mframa! Bɔ fa me turo mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne hwa no bɛgyegye hɔ. Ma me dɔfoɔ mmra ne turo mu na ɔmmɛka ne nnuaba papa no nhwɛ.

< שיר השירים 4 >