< רות 4 >

ובעז עלה השער וישב שם והנה הגאל עבר אשר דבר בעז ויאמר סורה שבה פה פלני אלמני ויסר וישב 1
Boas kɔɔ kurow no pon ano kɔtenaa ase wɔ hɔ. Bere a obusuani gyefo titiriw a ɔkaa ne ho asɛm no baa hɔ no, Boas frɛɛ no kae se, “Mʼadamfo, mesrɛ wo bra na mepɛ sɛ me ne wo twetwe nkɔmmɔ.” Enti wɔtenaa ase.
ויקח עשרה אנשים מזקני העיר--ויאמר שבו פה וישבו 2
Na Boas frɛɛ kurow no mu ntuanofo du sɛ wɔmmɛtena ase sɛ nnansefo.
ויאמר לגאל חלקת השדה אשר לאחינו לאלימלך מכרה נעמי השבה משדה מואב 3
Na Boas ka kyerɛɛ obusuani gyefo titiriw no se, “Wunim Naomi a ofi Moab bae no. Ɔretɔn asase a na ɛyɛ yɛn busuani Elimelek dea no.
ואני אמרתי אגלה אזנך לאמר קנה נגד הישבים ונגד זקני עמי--אם תגאל גאל ואם לא יגאל הגידה לי ואדע (ואדעה) כי אין זולתך לגאול ואנכי אחריך ויאמר אנכי אגאל 4
Misusuw sɛ, ɛsɛ sɛ, me ne wo di ho nkɔmmɔ na sɛ wopɛ a, woagye. Sɛ wopɛ asase no a, tɔ no ha yi ara wɔ saa nnansefo yi anim. Na sɛ wompɛ nso a, ma mente no mprempren ara, efisɛ sɛ woantumi annye a, me ne onipa a midi wʼakyi wɔ abusua no mu a ɛsɛ sɛ migye.” Na ɔbarima no buae se, “Megye.”
ויאמר בעז ביום קנותך השדה מיד נעמי ומאת רות המואביה אשת המת קניתי (קנית)--להקים שם המת על נחלתו 5
Afei, Boas ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wotɔ asase no fi Naomi nkyɛn a, na ɛsɛ sɛ woware Moabni okunafo Rut no. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛwo mma a ne kunu din bɛda wɔn so na asase no bɛtena abusua no mu.”
ויאמר הגאל לא אוכל לגאול (לגאל) לי--פן אשחית את נחלתי גאל לך אתה את גאלתי כי לא אוכל לגאל 6
Ɛhɔ ara na abusua mu gyefo titiriw no kae se, “Ɛno de, merentumi ntɔ asase no, efisɛ ɛbɛhaw mʼankasa mʼagyapade. Tɔ asase no na merentumi ntɔ.”
וזאת לפנים בישראל על הגאלה ועל התמורה לקים כל דבר שלף איש נעלו ונתן לרעהו וזאת התעודה בישראל 7
Saa bere no, na ɛyɛ Israel amanne sɛ, sɛ obiara redan nʼade bi a watɔ no ɔkwan pa so ama obi foforo a, ɔworɔw ne mpaboa de ma nea ɔtɔ no. Wɔyɛ saa wɔ bagua mu de hyɛ adetɔ no mu den.
ויאמר הגאל לבעז קנה לך וישלף נעלו 8
Enti abusua gyefo titiriw no worɔw ne mpaboa ka kyerɛɛ Boas se, “Wo ara tɔ asase no.”
ויאמר בעז לזקנים וכל העם עדים אתם היום כי קניתי את כל אשר לאלימלך ואת כל אשר לכליון ומחלון--מיד נעמי 9
Na Boas ka kyerɛɛ ɔman no ntuanofo no ne dɔm a wɔatwa ahyia hɔ no se, “Nnɛ matɔ Elimelek, Kilion ne Mahlon agyapade a ɛwɔ Naomi nsam, na moyɛ ɛho nnansefo.
וגם את רות המאביה אשת מחלון קניתי לי לאשה להקים שם המת על נחלתו ולא יכרת שם המת מעם אחיו ומשער מקומו עדים אתם היום 10
Menam asase no tɔ so afa Rut a ɔyɛ Moabni a ɔyɛ Mahlon kunafo no sɛ me yere. Ne saa nti, sɛ ɔwo ɔbabarima a, ɔbɛfa ne kunu a wawu no abusua din na wafa abusua agyapade a ɛwɔ ne kurom ha nso. Nnɛ, mo nyinaa moyɛ nnansefo.”
ויאמרו כל העם אשר בשער והזקנים--עדים יתן יהוה את האשה הבאה אל ביתך כרחל וכלאה אשר בנו שתיהם את בית ישראל ועשה חיל באפרתה וקרא שם בבית לחם 11
Afei, ntuanofo no ne ɔmanfo no nyinaa sɔre gyina kae se, “Yɛyɛ nnansefo! Awurade mmoa mma ɔbea a afei na ɔreba wo fi no nyɛ sɛ Rahel ne Lea a wɔn mu na Israel aman nyinaa fi no. Wobɛyɛ ɔkɛse wɔ Efrata na woagye din wɔ Betlehem.
ויהי ביתך כבית פרץ אשר ילדה תמר ליהודה--מן הזרע אשר יתן יהוה לך מן הנערה הזאת 12
Na Awurade mfa ababaa yi so mma wo asefo a wɔbɛyɛ sɛ yɛn agya Peres a ɔyɛ Tamar ne Yuda babarima no.”
ויקח בעז את רות ותהי לו לאשה ויבא אליה ויתן יהוה לה הריון ותלד בן 13
Enti Boas waree Rut de no kɔɔ ne fi. Afei, ɔkɔɔ ne ho na Awurade ma onyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima.
ותאמרנה הנשים אל נעמי ברוך יהוה אשר לא השבית לך גאל היום ויקרא שמו בישראל 14
Na kurow no mu mmea ka kyerɛɛ Naomi se, “Anuonyam nka Awurade sɛ nnɛ da yi, wama woanya abusua gyefo! Ɔmmɛyɛ okunini wɔ Israel.
והיה לך למשיב נפש ולכלכל את שיבתך כי כלתך אשר אהבתך ילדתו אשר היא טובה לך משבעה בנים 15
Akokoaa yi mma wo nsi wo mmabaabere mu na ɔnhwɛ wo wɔ wo mmerewabɔ mu. Efisɛ ɔyɛ wʼase a ɔdɔ wo na ɔsen mmabarima ason ma wo no babarima.”
ותקח נעמי את הילד ותשתהו בחיקה ותהי לו לאמנת 16
Na Naomi faa akokoaa no, na ɔhwɛɛ no te sɛ ɔno ankasa yafunu ba.
ותקראנה לו השכנות שם לאמר ילד בן לנעמי ותקראנה שמו עובד הוא אבי ישי אבי דוד 17
Na mmea a wɔne no bɔ ofipam no kae se, “Afei de Naomi anya ɔbabarima bio.” Na wɔtoo no din Obed. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Yisai agya ne Dawid nena.
ואלה תולדות פרץ פרץ הוליד את חצרון 18
Tete agya Peres awo ntoatoaso ni: Peres woo Hesron.
וחצרון הוליד את רם ורם הוליד את עמינדב 19
Hesron woo Ram, na Ram woo Aminadab.
ועמינדב הוליד את נחשון ונחשון הוליד את שלמה 20
Aminadab woo Nahson, na Nahson woo Salmon.
ושלמון הוליד את בעז ובעז הוליד את עובד 21
Salmon woo Boas, na Boas woo Obed.
ועבד הוליד את ישי וישי הוליד את דוד 22
Obed woo Yisai, na Yisai woo Dawid.

< רות 4 >