< תהילים 94 >

אל-נקמות יהוה אל נקמות הופיע 1
Awurade, Onyankopɔn a wotɔ werɛ, Onyankopɔn a wotɔ werɛ, hyerɛn.
הנשא שפט הארץ השב גמול על-גאים 2
Sɔre, Ao wo a woyɛ asase so ɔtemmufoɔ, tua ahantanfoɔ ka sɛdeɛ ɛfata wɔn.
עד-מתי רשעים יהוה עד-מתי רשעים יעלזו 3
Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn, amumuyɛfoɔ nnye wɔn ani nkɔsi da bɛn?
יביעו ידברו עתק יתאמרו כל-פעלי און 4
Wɔkasa ahantan so; ahohoahoa ahyɛ abɔnefoɔ nyinaa ma.
עמך יהוה ידכאו ונחלתך יענו 5
Ao Awurade, wɔdwerɛ wo nkurɔfoɔ; wɔhyɛ wʼagyapadeɛ so.
אלמנה וגר יהרגו ויתומים ירצחו 6
Wɔkunkumm akunafoɔ ne amanfrafoɔ; na wɔdi nwisiaa awu.
ויאמרו לא יראה-יה ולא-יבין אלהי יעקב 7
Wɔka sɛ, “Awurade nhunu, Yakob Onyankopɔn ayi nʼani.”
בינו בערים בעם וכסילים מתי תשכילו 8
Monhwɛ yie, mo agyimifoɔ a mowɔ nnipa no mu; nkwaseafoɔ, da bɛn na mobɛhunu nyansa?
הנטע אזן הלא ישמע אם-יצר עין הלא יביט 9
Deɛ ɔbɔɔ aso no, ɔrente asɛm anaa? Deɛ ɔyɛɛ ani no, ɔrenhunu adeɛ anaa?
היסר גוים הלא יוכיח המלמד אדם דעת 10
Deɛ ɔtenetene aman so no rentwe aso anaa? Deɛ ɔkyerɛkyerɛ onipa no nnim nyansa anaa?
יהוה--ידע מחשבות אדם כי-המה הבל 11
Awurade nim onipa nsusuiɛ; ɔnim sɛ ɛnkɔsi hwee.
אשרי הגבר אשר-תיסרנו יה ומתורתך תלמדנו 12
Ao Awurade, nhyira ne onipa a wotenetene ne so, onipa a wokyerɛ no wo mmara no;
להשקיט לו מימי רע-- עד יכרה לרשע שחת 13
Woma wɔn ɔhome firi amanehunu nna mu, kɔsi sɛ wɔbɛtu amena ama amumuyɛfoɔ.
כי לא-יטש יהוה עמו ונחלתו לא יעזב 14
Awurade rempo ne nkurɔfoɔ; na ɔrennya nʼagyapadeɛ hɔ da.
כי-עד-צדק ישוב משפט ואחריו כל-ישרי-לב 15
Atemmuo bɛgyina teneneeyɛ so bio, na wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa bɛdi so.
מי-יקום לי עם-מרעים מי-יתיצב לי עם-פעלי און 16
Hwan na ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ ama me? Hwan na ɔbɛsɔre atia abɔnefoɔ ama me?
לולי יהוה עזרתה לי-- כמעט שכנה דומה נפשי 17
Sɛ Awurade ammoa me a, anka mekɔɔ owuo kommyɛ mu ntɛm so.
אם-אמרתי מטה רגלי חסדך יהוה יסעדני 18
Ɛberɛ a mekaa sɛ, “Menan rewatiri” no, Ao Awurade, wo dɔ no sɔɔ me mu.
ברב שרעפי בקרבי-- תנחומיך ישעשעו נפשי 19
Ɛberɛ a me dadwene dɔɔso no, wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam.
היחברך כסא הוות יצר עמל עלי-חק 20
Ɔhene a porɔeɛ ahyɛ no ma no ne wo wɔ ayɔnkofa anaa? Wʼani gye ahennie a ɛde amanehunu ba ho anaa?
יגודו על-נפש צדיק ודם נקי ירשיעו 21
Awudifoɔ bɔ mu tia ateneneefoɔ na wɔn a wɔdi bem no, wɔbu wɔn kumfɔ.
ויהי יהוה לי למשגב ואלהי לצור מחסי 22
Nanso Awurade yɛ mʼaban; na me Onyankopɔn ayɛ ɔbotan a ne mu na menya ahintaeɛ.
וישב עליהם את אונם-- וברעתם יצמיתם יצמיתם יהוה אלהינו 23
Ɔbɛtua wɔn nnebɔne no so ka na wɔn amumuyɛ enti, wasɛe wɔn; Awurade yɛn Onyankopɔn bɛsɛe wɔn.

< תהילים 94 >