< תהילים 90 >

תפלה למשה איש-האלהים אדני--מעון אתה היית לנו בדר ודר 1
Onyankopɔn nipa Mose mpaebɔ. Awurade, wo na woayɛ yɛn tenabea awo ntoatoaso nyinaa mu.
בטרם הרים ילדו-- ותחולל ארץ ותבל ומעולם עד-עולם אתה אל 2
Ansa na wɔrebɛbɔ mmepɔw anaasɛ worebɛda asase ne wiase adi no, na woyɛ Onyankopɔn fi mmeresanten kosi mmeresanten.
תשב אנוש עד-דכא ותאמר שובו בני-אדם 3
Woma adesamma san dan mfutuma, ka se, “Mo adesamma, monsan nkɔ mfutuma mu.”
כי אלף שנים בעיניך-- כיום אתמול כי יעבר ואשמורה בלילה 4
Mfirihyia apem yɛ wʼani so sɛ da koro a abɛsen mprempren, anaasɛ anadwo mu dɔnhwerew kakraa bi.
זרמתם שנה יהיו בבקר כחציר יחלף 5
Wopra nnipa kɔ, wɔ owu nna mu; wɔte sɛ sare a afefɛw anɔpa,
בבקר יציץ וחלף לערב ימולל ויבש 6
ɛfefɛw yɛ frɔmfrɔm anɔpa de, nanso anwummere ɛwo na etwintwam.
כי-כלינו באפך ובחמתך נבהלנו 7
Yɛresa wɔ wʼabufuw ano na wʼanibere abɔ yɛn hu.
שת (שתה) עונתינו לנגדך עלמנו למאור פניך 8
Wode yɛn amumɔyɛ asi wʼanim, na yɛn kokoa mu bɔne da wʼanim hann no mu.
כי כל-ימינו פנו בעברתך כלינו שנינו כמו-הגה 9
Yɛn nna nyinaa twa mu wɔ wʼabufuwhyew mu; na yɛde awerɛhowdi na ewie yɛn mfe.
ימי-שנותינו בהם שבעים שנה ואם בגבורת שמונים שנה-- ורהבם עמל ואון כי-גז חיש ונעפה 10
Yɛn nkwa nna si mfe aduɔson, anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a; na mu ahohoahoade yɛ ɔhaw ne awerɛhow, na etwa mu ntɛmntɛm, na yetu kɔ.
מי-יודע עז אפך וכיראתך עברתך 11
Sɛ anka yebehu sɛ wʼabufuw mu tumi te ɛ! Wʼabufuwhyew kɛse te sɛnea wo ho suro te.
למנות ימינו כן הודע ונבא לבב חכמה 12
Ma yenhu yɛn nna kan sɛnea ɛte, na yɛanya nyansa koma.
שובה יהוה עד-מתי והנחם על-עבדיך 13
Tɔ wo bo ase, Awurade, enkosi da bɛn? Hu wʼasomfo mmɔbɔ.
שבענו בבקר חסדך ונרננה ונשמחה בכל-ימינו 14
Ma wʼadɔe a ɛnsa da no mmee yɛn adekyee mu, na yɛde anigye ato dwom adi ahurusi yɛn nna nyinaa mu.
שמחנו כימות עניתנו שנות ראינו רעה 15
Ma yɛn ani nnye nna bebree sɛ nna dodow a wode yɛn kɔɔ amanehunu mu no, sɛ mfirihyia dodow a yehuu ateetee no.
יראה אל-עבדיך פעלך והדרך על-בניהם 16
Ma wʼasomfo nhu wo nneyɛe na wɔn mma nhu wʼanuonyam.
ויהי נעם אדני אלהינו-- עלינו ומעשה ידינו כוננה עלינו ומעשה ידינו כוננהו 17
Ma Awurade yɛn Nyankopɔn adom no ntena yɛn so; na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye mma yɛn; yiw, ma yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye.

< תהילים 90 >