< תהילים 89 >

משכיל לאיתן האזרחי ב חסדי יהוה עולם אשירה לדר ודר אודיע אמונתך בפי 1
Esrahini Etan ɔhaw ne amanehunu dwom. Mɛto Awurade adɔe ho dwom daa daa; mede mʼano bɛda wo nokwaredi adi awo ntoatoaso nyinaa mu.
כי-אמרתי--עולם חסד יבנה שמים תכן אמונתך בהם 2
Mɛka se wʼadɔe no tim hɔ daa nyinaa, na woatim wo nokwaredi wɔ ɔsoro hɔ ankasa.
כרתי ברית לבחירי נשבעתי לדוד עבדי 3
Wokae se, “Mene onipa a mayi no no ayɛ apam; maka ntam akyerɛ me somfo Dawid.
עד-עולם אכין זרעך ובניתי לדר-ודור כסאך סלה 4
‘Mɛma wʼase atim hɔ daa na wʼahengua nso atim wɔ awo ntoantoaso nyinaa mu.’”
ויודו שמים פלאך יהוה אף-אמונתך בקהל קדשים 5
Awurade, ɔsorosorofo kamfo wʼanwonwade, na wo nokwaredi nso, wɔkamfo wɔ ahotefo asafo mu.
כי מי בשחק יערך ליהוה ידמה ליהוה בבני אלים 6
Na hena na ɔne wo Awurade sɛ wɔ ɔsoro hɔ? Hena na ɔte sɛ Awurade wɔ ɔsoro abɔde mu?
אל נערץ בסוד-קדשים רבה ונורא על-כל-סביביו 7
Akronkronfo agyinatufo mu, wosuro Onyankopɔn; wɔde osuro kɛse ma Onyankopɔn wɔ akronkronfo nhyiamu ase.
יהוה אלהי צבאות--מי-כמוך חסין יה ואמונתך סביבותיך 8
Asafo Awurade Nyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo? Wo, Awurade, woyɛ ɔkɛse na wo nokwaredi atwa wo ho ahyia.
אתה מושל בגאות הים בשוא גליו אתה תשבחם 9
Wudi po a ɛworo no so; nʼasorɔkye bobɔ kɔ soro a, wobrɛ no ase.
אתה דכאת כחלל רהב בזרוע עזך פזרת אויביך 10
Wodwerɛw Rahab sɛ atɔfo no mu baako; wode wo basa dennen no bɔɔ wʼatamfo pansamee.
לך שמים אף-לך ארץ תבל ומלאה אתה יסדתם 11
Ɔsoro wɔ wo, na asase nso wɔ wo; wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa wo na wufii ase.
צפון וימין אתה בראתם תבור וחרמון בשמך ירננו 12
Wobɔɔ atifi ne anafo. Tabor ne Hermon de ahosɛpɛw to dwom ma wo din.
לך זרוע עם-גבורה תעז ידך תרום ימינך 13
Tumi ayɛ wo basa ma; wo nsam wɔ ahoɔden, woama wo nsa nifa so.
צדק ומשפט מכון כסאך חסד ואמת יקדמו פניך 14
Wʼahengua no fapem yɛ trenee ne atɛntrenee; adɔe ne nokwaredi di wʼanim.
אשרי העם ידעי תרועה יהוה באור-פניך יהלכון 15
Nhyira nka wɔn a wɔasua sɛnea wɔbɔ wo abodin, wɔn a wɔnantew wʼanim hann no mu, Awurade.
בשמך יגילון כל-היום ובצדקתך ירומו 16
Wogye wɔn ani wɔ wo din mu da mu nyinaa; wodi ahurusi wɔ wo trenee mu.
כי-תפארת עזמו אתה וברצונך תרים (תרום) קרנינו 17
Wone wɔn anuonyam ne ahoɔden, na wʼadom nti yɛyɛ nkonimdifo.
כי ליהוה מגננו ולקדוש ישראל מלכנו 18
Ampa ara, yɛn kyɛm wɔ Awurade, na yɛn hene wɔ Israel Kronkronni no.
אז דברת בחזון לחסידיך-- ותאמר שויתי עזר על-גבור הרימותי בחור מעם 19
Da bi wokasaa wɔ anisoadehu mu, kyerɛɛ wʼahotefo se, “Madom ɔkofo bi ahoɔden; mapagyaw aberante bi afi nnipa no mu.
מצאתי דוד עבדי בשמן קדשי משחתיו 20
Mahu Dawid, me somfo; mede me ngo kronkron no asra no.
אשר ידי תכון עמו אף-זרועי תאמצנו 21
Me nsa bɛwowaw no; ampa ara me basa bɛhyɛ no den.
לא-ישיא אויב בו ובן-עולה לא יעננו 22
Ɔtamfo biara renhyɛ no sɛ ontua tow; omumɔyɛfo biara rentumi nhyɛ no so.
וכתותי מפניו צריו ומשנאיו אגוף 23
Mɛdwerɛw nʼatamfo wɔ nʼanim na mabobɔ nʼahohiahiafo ahwe fam.
ואמונתי וחסדי עמו ובשמי תרום קרנו 24
Me nokware adɔe bɛka ne ho, na me din mu, wɔbɛma nʼabɛn so.
ושמתי בים ידו ובנהרות ימינו 25
Mɛtrɛw nʼahye mu akosi po so, na ɔde ne nsa nifa bɛto nsubɔnten so.
הוא יקראני אבי אתה אלי וצור ישועתי 26
Ɔbɛfrɛ me aka se, ‘Wone mʼagya, me Nyankopɔn, me nkwagye botan.’
אף-אני בכור אתנהו עליון למלכי-ארץ 27
Mɛyɛ no mʼabakan, asase so ahene nyinaa no mu ɔkɛse.
לעולם אשמור- (אשמר-) לו חסדי ובריתי נאמנת לו 28
Mɛma mʼadɔe a mewɔ ma no no atena hɔ daa, na apam a me ne no ayɛ nso bɛtena hɔ daa.
ושמתי לעד זרעו וכסאו כימי שמים 29
Mɛma nʼase atim afebɔɔ, nʼahengua nso betim hɔ akosi sɛ ɔsoro betwa mu.
אם-יעזבו בניו תורתי ובמשפטי לא ילכון 30
“Sɛ ne mmabarima po me mmara na sɛ wɔanni mʼahyɛde so,
אם-חקתי יחללו ומצותי לא ישמרו 31
sɛ wobu mʼahyɛde so na sɛ wɔanni me hyɛ nsɛm so a,
ופקדתי בשבט פשעם ובנגעים עונם 32
ɛno de mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho na wɔn amumɔyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso;
וחסדי לא-אפיר מעמו ולא-אשקר באמונתי 33
Nanso merennyae mʼadɔe a meyɛ ma no no na mɛkɔ so adi no nokware.
לא-אחלל בריתי ומוצא שפתי לא אשנה 34
Meremmu mʼapam no so na merensesa nea mede mʼano aka no.
אחת נשבעתי בקדשי אם-לדוד אכזב 35
Menam me din kronkron no so aka ntam prɛko, na merentwa Dawid atoro da,
זרעו לעולם יהיה וכסאו כשמש נגדי 36
meremma nʼase ntɔre da na nʼahengua nso betim wɔ mʼanim te sɛ owia;
כירח יכון עולם ועד בשחק נאמן סלה 37
ebetim hɔ daa te sɛ ɔsram, ɔdanseni nokwafo a ɔwɔ wim no.”
ואתה זנחת ותמאס התעברת עם-משיחך 38
Nanso woapo no, woapa nʼakyi, wo bo afuw nea woasra no ngo no.
נארתה ברית עבדך חללת לארץ נזרו 39
Woagu apam a wo ne wo somfo pamee no, woagu nʼahenkyɛw ho fi wɔ mfutuma mu.
פרצת כל-גדרתיו שמת מבצריו מחתה 40
Woabubu nʼafasu nyinaa ama nʼabandennen adan nnwiriwii.
שסהו כל-עברי דרך היה חרפה לשכניו 41
Wɔn a wotwa mu wɔ hɔ nyinaa fow no fa; na wayɛ aniwude ama ne mfɛfo.
הרימות ימין צריו השמחת כל-אויביו 42
Woama nʼatamfo nsa nifa so; ama wɔn nyinaa di ahurusi.
אף-תשיב צור חרבו ולא הקימתו במלחמה 43
Woama nʼafoa ayɛ ɔkwa, na woannyina nʼakyi wɔ ɔko mu.
השבת מטהרו וכסאו לארץ מגרתה 44
Wode nʼanuonyam aba awiei na woatow nʼahengua akyene fam.
הקצרת ימי עלומיו העטית עליו בושה סלה 45
Woatwa ne mmerantebere nna so na wode animguase nguguso akata no so.
עד-מה יהוה תסתר לנצח תבער כמו-אש חמתך 46
Awurade, enkosi da bɛn? Na wode wo ho behintaw? Wʼabufuwhyew bɛkɔ so adɛw akosi da bɛn?
זכר-אני מה-חלד על-מה-שוא בראת כל-בני-אדם 47
Kae sɛnea me nkwanna twa mu ntɛm so. Efisɛ woabɔ yɛn nyinaa sɛ ade a etwa mu ntɛm so!
מי גבר יחיה ולא יראה-מות ימלט נפשו מיד-שאול סלה (Sheol h7585) 48
Hena na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da? Anaasɛ hena na obetumi agye ne ho afi owu tumi nsam? (Sheol h7585)
איה חסדיך הראשנים אדני נשבעת לדוד באמונתך 49
Awurade, ɛhe na wo tete adɔe kɛse no wɔ, nea wufi wo nokwaredi mu de kaa ntam kyerɛɛ Dawid no?
זכר אדני חרפת עבדיך שאתי בחיקי כל-רבים עמים 50
Kae, Awurade, sɛnea wɔadi wo somfo ho fɛw ne sɛnea manya koma ama amanaman no akutiabɔ,
אשר חרפו אויביך יהוה אשר חרפו עקבות משיחך 51
Awurade, akutiabɔ a wʼatamfo de adi fɛw de adi nea woasra no ngo no anammɔntu biara ho fɛw.
ברוך יהוה לעולם אמן ואמן 52
Ayeyi nka Awurade daa!

< תהילים 89 >