< תהילים 87 >
לבני-קרח מזמור שיר יסודתו בהררי-קדש | 1 |
Koramma dwom. Wato ne fapem wɔ bepɔw kronkron no so;
אהב יהוה שערי ציון-- מכל משכנות יעקב | 2 |
Awurade dɔ Sion apon no sen Yakob atenae nyinaa.
נכבדות מדבר בך-- עיר האלהים סלה | 3 |
Wɔka wo ho anuonyamsɛm Onyankopɔn kuropɔn:
אזכיר רהב ובבל-- לידעי הנה פלשת וצר עם-כוש זה ילד-שם | 4 |
“Mede Rahab ne Babilonia bɛka wɔn a wɔyɛ osetie ma me no ho, Filistia, Tiro ne Kus nso na maka se, ‘Wɔwoo eyinom wɔ Sion.’”
ולציון יאמר-- איש ואיש ילד-בה והוא יכוננה עליון | 5 |
Ampa ara wɔbɛka afa Sion ho se, “Wɔwoo oyi ne ɔno wɔ no mu, na Ɔsorosoroni no ankasa de no betim hɔ.”
יהוה--יספר בכתוב עמים זה ילד-שם סלה | 6 |
Awurade bɛkyerɛw wɔ nnipa dinkyerɛw nhoma no mu se, “Wɔwoo oyi wɔ Sion.”
ושרים כחללים-- כל-מעיני בך | 7 |
Na wɔbɛto dwom se, “Me ntin nyinaa wɔ wo mu.” Kora mma dwom a wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sanku so.