< תהילים 82 >

מזמור לאסף אלהים נצב בעדת-אל בקרב אלהים ישפט 1
Asaf dwom. Onyankopɔn di hene wɔ ɔsoro asafo mu; obu atɛn wɔ “anyame” mu.
עד-מתי תשפטו-עול ופני רשעים תשאו-סלה 2
“Wobɛbɔ wɔn a wɔnteɛ ho ban na woayɛ nhwɛanim ama amumɔyɛfo akosi da bɛn?
שפטו-דל ויתום עני ורש הצדיקו 3
Monka mmɔborɔfo ne ayisaa asɛm mma wɔn; mommɔ ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiyedi ho ban.
פלטו-דל ואביון מיד רשעים הצילו 4
Munnye ɔbrɛfo ne ahiafo; munnye wɔn mfi amumɔyɛfo nsam.
לא ידעו ולא יבינו-- בחשכה יתהלכו ימוטו כל-מוסדי ארץ 5
“Anyame no nnim de, na wɔnte hwee ase. Wokyinkyin wɔ sum mu; na asase fapem nyinaa wosow.
אני-אמרתי אלהים אתם ובני עליון כלכם 6
“Mekae se, ‘Moyɛ “anyame;” mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’
אכן כאדם תמותון וכאחד השרים תפלו 7
Nanso mubewuwu sɛ nnipa pɛ; na moahwe ase sɛ ɔsodifo biara.”
קומה אלהים שפטה הארץ כי-אתה תנחל בכל-הגוים 8
Ao Onyankopɔn, sɔre, bu wiase atɛn; efisɛ amanaman nyinaa yɛ wo de.

< תהילים 82 >