< תהילים 76 >

למנצח בנגינת מזמור לאסף שיר ב נודע ביהודה אלהים בישראל גדול שמו 1
Asaf dwom. Wɔnim Onyankopɔn wɔ Yuda; ne din so wɔ Israel.
ויהי בשלם סוכו ומעונתו בציון 2
Ne ntomadan si Salem, ne tenaberɛ wɔ Sion.
שמה שבר רשפי-קשת מגן וחרב ומלחמה סלה 3
Ɛhɔ na ɔbubuu mmemma a ɛte ogya, ɛkyɛm ne akofena, akodeɛ nyinaa mu.
נאור אתה אדיר-- מהררי-טרף 4
Wo ho hann no hyerɛn, na wo so sene mmepɔ a mmoadoma ahyɛ mu ma no.
אשתוללו אבירי לב-- נמו שנתם ולא-מצאו כל-אנשי-חיל ידיהם 5
Mmarima akokoɔdurufoɔ deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma, wɔadeda awufoɔ nna; na akofoɔ no mu baako mpo ntumi mpagya ne nsa.
מגערתך אלהי יעקב נרדם ורכב וסוס 6
Ao Yakob Onyankopɔn, wokaa wɔn anim no apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn.
אתה נורא אתה--ומי-יעמד לפניך מאז אפך 7
Wo nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsuro woɔ. Sɛ wo bo fu a, hwan na ɔbɛtumi agyina wʼanim?
משמים השמעת דין ארץ יראה ושקטה 8
Wobuu atɛn firii soro, asase suroeɛ na ɛyɛɛ dinn,
בקום-למשפט אלהים-- להושיע כל-ענוי-ארץ סלה 9
ɛberɛ a wosɔre buu atɛn, Ao Onyankopɔn, de gyee amanehunufoɔ wɔ asase no so.
כי-חמת אדם תודך שארית חמת תחגר 10
Ampa ara wʼabufuhyeɛ a ɛtia nnipa no de ayɛyie brɛ wo, na wɔn a wɔtumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ.
נדרו ושלמו ליהוה אלהיכם כל-סביביו--יבילו שי למורא 11
Monhyɛ Awurade mo Onyankopɔn no bɔ na monni so; momma nsase a atwa ne ho ahyia mfa ayɛyɛdeɛ mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wɔsuro noɔ no.
יבצר רוח נגידים נורא למלכי-ארץ 12
Ɔbrɛ sodifoɔ honhom ase; na asase so ahemfo suro no. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde ma Yedutun.

< תהילים 76 >