< תהילים 71 >
בך-יהוה חסיתי אל-אבושה לעולם | 1 |
Awurade, wo mu na maguan ahintaw; mma mʼanim ngu ase da.
בצדקתך תצילני ותפלטני הטה-אלי אזנך והושיעני | 2 |
Wo trenee no nti, yi me na gye me; tie me na gye me nkwa.
היה לי לצור מעון לבוא-- תמיד צוית להושיעני כי-סלעי ומצודתי אתה | 3 |
Yɛ me nkwagye botan, faako a metumi akɔ daa; hyɛ ma wommegye me nkwa, na wone me botan ne mʼabandennen.
אלהי--פלטני מיד רשע מכף מעול וחומץ | 4 |
Me Nyankopɔn, gye me fi amumɔyɛfo nsam, gye me fi nnebɔneyɛfo ne atirimɔdenfo nsam.
כי-אתה תקותי אדני יהוה מבטחי מנעורי | 5 |
Na woayɛ mʼanidaso, Asafo Awurade, mʼahotoso fi me mmabun bere mu.
עליך נסמכתי מבטן--ממעי אמי אתה גוזי בך תהלתי תמיד | 6 |
Mede me ho ato wo so fi awo mu; wo na wuyii me fii me na yafunu mu. Mɛkamfo wo daa.
כמופת הייתי לרבים ואתה מחסי-עז | 7 |
Mayɛ nsɛnkyerɛnne ama bebree, nanso wo ne me guankɔbea dennen.
ימלא פי תהלתך כל-היום תפארתך | 8 |
Wo nkamfo ahyɛ mʼanom ma, mekamfo wʼanuonyam da mu nyinaa.
אל-תשליכני לעת זקנה ככלות כחי אל-תעזבני | 9 |
Ntow me nkyene bere a mabɔ akwakoraa; mʼahoɔden sa wɔ me mu a, nnyaw me.
כי-אמרו אויבי לי ושמרי נפשי נועצו יחדו | 10 |
Efisɛ mʼatamfo kasa tia me wɔn a wɔtwɛn sɛ wobekum me no bɔ mu pam me ti so.
לאמר אלהים עזבו רדפו ותפשוהו כי-אין מציל | 11 |
Wɔka se, “Onyankopɔn agyaw no mu; momma yentiw no na yɛnkyere no, na obiara nni hɔ a obegye no.”
אלהים אל-תרחק ממני אלהי לעזרתי חישה (חושה) | 12 |
Me Nyankopɔn, mfi me nkyɛn nkɔ akyiri; Onyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.
יבשו יכלו שטני נפשי יעטו חרפה וכלמה--מבקשי רעתי | 13 |
Ma wɔn a wɔbɔ me sobo no nsɛe wɔ animguase mu; wɔn a wɔpɛ sɛ wopira me no ma ahohora ne animguase nkata wɔn so.
ואני תמיד איחל והוספתי על-כל-תהלתך | 14 |
Nanso me de, menya anidaso daa; mɛkɔ so akamfo wo.
פי יספר צדקתך--כל-היום תשועתך כי לא ידעתי ספרות | 15 |
Mɛka wo trenee ho asɛm, ne wo nkwagye da mu nyinaa, nanso minnim ano.
אבוא--בגברות אדני יהוה אזכיר צדקתך לבדך | 16 |
Otumfo Awurade, mɛba abɛpae mu aka wo nnwuma akɛse no; mɛpae mu aka wo trenee, wo nko ara de no, akyerɛ.
אלהים למדתני מנעורי ועד-הנה אגיד נפלאותיך | 17 |
Onyankopɔn, efi me mmabun bere na wokyerɛkyerɛɛ me, na ebesi nnɛ yi meka wʼanwonwade a woayɛ kyerɛ.
וגם עד-זקנה ושיבה-- אלהים אל-תעזבני עד-אגיד זרועך לדור לכל-יבוא גבורתך | 18 |
Mpo sɛ mebɔ akwakoraa na mifuw dwen a, Onyankopɔn, nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma, ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.
וצדקתך אלהים עד-מרום אשר-עשית גדלות אלהים מי כמוך | 19 |
Onyankopɔn, wo trenee du ɔsorosoro, wo a woayɛ nneɛma akɛse. Onyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo?
אשר הראיתנו (הראיתני) צרות רבות-- ורעות תשוב תחינו (תחיני) ומתהמות הארץ תשוב תעלני | 20 |
Mmom woama mahu ɔhaw bebree a ɛyɛ yaw; nanso wobɛma me nkwa bio; na wubeyi me bio, afi asase yam.
Wobɛhyɛ me anuonyam bebree na woakyekye me werɛ bio.
גם-אני אודך בכלי-נבל-- אמתך אלהי אזמרה לך בכנור-- קדוש ישראל | 22 |
Mede sanku bɛkamfo wo me Nyankopɔn, wo trenee nti mɛto wʼayeyi dwom wɔ sankuten so, Israel Kronkronni.
תרננה שפתי כי אזמרה-לך ונפשי אשר פדית | 23 |
Mʼanofafa de anigye bɛteɛ mu bere a meto dwom kamfo wo, me a woagye me no.
גם-לשוני-- כל-היום תהגה צדקתך כי-בשו כי-חפרו מבקשי רעתי | 24 |
Me tɛkrɛma bɛka wo trenee nnwuma da mu nyinaa, efisɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw me no kɔ animguase ne basaayɛ mu.