< תהילים 65 >

למנצח מזמור לדוד שיר ב לך דמיה תהלה אלהים בציון ולך ישלם-נדר 1
Dawid dwom. Ao, Onyankopɔn, ayɛyie retwɛn wo wɔ Sion, na yɛbɛdi yɛn bɔ a yɛahyɛ wo no so.
שמע תפלה-- עדיך כל-בשר יבאו 2
Ao, wo a woyɛ mpaeɛbɔ tiefoɔ, wo nkyɛn na nnipa nyinaa bɛba.
דברי עונת גברו מני פשעינו אתה תכפרם 3
Ɛberɛ a yɛn bɔne menee yɛn no, wo na wɔde yɛn mmaratoɔ kyɛɛ yɛn.
אשרי תבחר ותקרב-- ישכן חצריך נשבעה בטוב ביתך קדש היכלך 4
Nhyira nka wɔn a woyi wɔn ma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadihɔ hɔ! Nneɛma pa a ɛwɔ wo fie ahyɛ yɛn ma, deɛ ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no.
נוראות בצדק תעננו-- אלהי ישענו מבטח כל-קצוי-ארץ וים רחקים 5
Wode tenenee nnwuma a ɛyɛ nwanwa ma yɛn mmuaeɛ, Ao Onyankopɔn yɛn agyenkwa. Woyɛ asase so afanan nyinaa anidasoɔ ne ɛpo so akyirikyiri nso.
מכין הרים בכחו נאזר בגבורה 6
Wonam wo tumi so yɛɛ mmepɔ de daa wʼahoɔden adi.
משביח שאון ימים--שאון גליהם והמון לאמים 7
Wodwodwoo ɛpo nworosoɔ, asorɔkye no a ɛbobɔ ne amanaman no hooyɛ.
וייראו ישבי קצות--מאותתיך מוצאי בקר וערב תרנין 8
Wɔn a wɔte akyirikyiri no suro wʼanwanwadeɛ. Ɛfiri faako a adeɛ kye kɔsi deɛ onwunu dwoɔ, wofrɛ ahurisie nnwom wɔ hɔ.
פקדת הארץ ותשקקה רבת תעשרנה-- פלג אלהים מלא מים תכין דגנם כי-כן תכינה 9
Wohwɛ asase no gugu so nsuo; woma no yɛ asase pa ma ɛboro so. Wode nsuo hyɛ Onyankopɔn nsuwansuwa ma sɛdeɛ ɛbɛma nnipa no aduane. Sɛdeɛ woayɛ no nie.
תלמיה רוה נחת גדודה ברביבים תמגגנה צמחה תברך 10
Wofɔɔ deɛ woafuntum hɔ fɔkyee na wokaa nkofie no sram so; wode nsuo petee so maa no yɛɛ bɛtɛɛ na wohyiraa ɛso afifideɛ.
עטרת שנת טובתך ומעגליך ירעפון דשן 11
Wode nnɔbaeɛ bebree wiee afe no, na wo nteaseɛnam yɛɛ ma buu so.
ירעפו נאות מדבר וגיל גבעות תחגרנה 12
Ɛserɛ so wira dɔɔso na anigyeɛ baa nkokoɔ so.
לבשו כרים הצאן-- ועמקים יעטפו-בר יתרועעו אף-ישירו 13
Nnwankuo ahyɛ adidibea hɔ ma na ayuo akata mmɔnhwa no so; wɔbɔ ose, to ahosɛpɛ dwom. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

< תהילים 65 >