< תהילים 56 >
למנצח על-יונת אלם רחקים-- לדוד מכתם באחז אותו פלשתים בגת ב חנני אלהים כי-שאפני אנוש כל-היום לחם ילחצני | 1 |
Dawid dwom a ɔtoo bere a Filistifo kyeree no wɔ Gat no. Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibere so; da mu nyinaa womia wɔn taa no mu.
שאפו שוררי כל-היום כי-רבים לחמים לי מרום | 2 |
Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa; wɔn a wɔma wɔn ho so tia me no dɔɔso.
יום אירא-- אני אליך אבטח | 3 |
Sɛ mebɔ hu a, mede me ho bɛto wo so.
באלהים אהלל דברו באלהים בטחתי לא אירא מה-יעשה בשר לי | 4 |
Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro. Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?
כל-היום דברי יעצבו עלי כל-מחשבתם לרע | 5 |
Da mu nyinaa wogye mʼano si bɔne; bere biara wɔbɔ pɔw sɛ wɔbɛsɛe me.
יגורו יצפינו (יצפונו)--המה עקבי ישמרו כאשר קוו נפשי | 6 |
Wɔbɔ pɔw, wɔtetɛw, wɔhwɛ mʼanammɔntu, susuw sɛ wobekum me.
על-און פלט-למו באף עמים הורד אלהים | 7 |
Wɔn amumɔyɛ nti mma wɔmmfa wɔn ho nni; Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuw mu.
נדי ספרתה-אתה שימה דמעתי בנאדך הלא בספרתך | 8 |
Kyerɛw me kwadwom to hɔ; sese me nusu wɔ wo nhoma mmobɔwee no mu. Enni nea woakyerɛw ato hɔ no mu ana?
אז ישובו אויבי אחור ביום אקרא זה-ידעתי כי-אלהים לי | 9 |
Sɛ mepɛ mmoa fi wo hɔ a, mʼatamfo bɛsan wɔn akyi. Eyi bɛma mahu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa.
באלהים אהלל דבר ביהוה אהלל דבר | 10 |
Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, Awurade a mekamfo nʼasɛm no,
באלהים בטחתי לא אירא מה-יעשה אדם לי | 11 |
mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro. Dɛn na ɔdesani betumi ayɛ me?
עלי אלהים נדריך אשלם תודת לך | 12 |
Me Onyankopɔn, mehyɛ bɔ a mahyɛ wo no ase, mede mʼaseda afɔre bɛbrɛ wo.
כי הצלת נפשי ממות-- הלא רגלי מדחי להתהלך לפני אלהים-- באור החיים | 13 |
Efisɛ, woagye me afi owu mu, na mʼanan anhintiw, na matumi anantew Onyankopɔn anim wɔ nkwa hann no mu. Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Wɔto no sɛnea wɔto “Mma Wɔnnsɛe No” nne so.