< תהילים 5 >

למנצח אל-הנחילות מזמור לדוד ב אמרי האזינה יהוה בינה הגיגי 1
Dawid dwom. Awurade, yɛ aso ma me nsɛm na dwen mʼapinisi ho.
הקשיבה לקול שועי--מלכי ואלהי כי-אליך אתפלל 2
Tie me mmoa ho sufrɛ, me Hene ne me Nyankopɔn, efisɛ wo na mebɔ wo mpae.
יהוה--בקר תשמע קולי בקר אערך-לך ואצפה 3
Awurade, wote me nne anɔpa; anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanim na mede anidaso twɛn.
כי לא אל חפץ רשע אתה לא יגרך רע 4
Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho; na amumɔyɛfo rentumi ne wo ntena.
לא-יתיצבו הוללים לנגד עיניך שנאת כל-פעלי און 5
Ahantanfo rentumi nnyina wʼanim; wukyi wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa.
תאבד דברי כזב איש-דמים ומרמה יתעב יהוה 6
Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm; Awurade kyi mogyapɛfo ne asisifo.
ואני--ברב חסדך אבוא ביתך אשתחוה אל-היכל-קדשך ביראתך 7
Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, mɛba wo fi; na nidi mu na mɛkotow akyerɛ wʼasɔredan kronkron no.
יהוה נחני בצדקתך--למען שוררי הושר (הישר) לפני דרכך 8
Awurade kyerɛ me kwan wɔ wo trenee mu mʼatamfo nti, bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim.
כי אין בפיהו נכונה--קרבם הוות קבר-פתוח גרנם לשונם יחליקון 9
Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokware; ɔsɛe ahyɛ wɔn koma ma. Wɔn menewa yɛ ɔda a so abue wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.
האשימם אלהים-- יפלו ממעצותיהם ברב פשעיהם הדיחמו-- כי-מרו בך 10
Onyankopɔn, bu wɔn fɔ! Ma wɔn pɔw bɔne nyɛ wɔn asehwe. Pam wɔn; esiane wɔn bɔne dodow no nti, efisɛ wɔasɔre atia wo.
וישמחו כל-חוסי בך לעולם ירננו-- ותסך עלימו ויעלצו בך אהבי שמך 11
Nanso ma wɔn a woguan ba wo nkyɛn no ani nnye; ma wɔmfa anigye nto dwom daa. Trɛw wo bammɔ mu wɔ wɔn so, na wɔn a wɔdɔ wo din no ma wɔn ani nnye wɔ wo mu.
כי-אתה תברך צדיק יהוה--כצנה רצון תעטרנו 12
Awurade, ampa ara, wuhyira atreneefo; na wode wʼayamye twa wɔn ho hyia sɛ nkatabo. Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ ɔmfa sankuhama nto wɔ Seminit nne so.

< תהילים 5 >