< תהילים 48 >
שיר מזמור לבני-קרח ב גדול יהוה ומהלל מאד-- בעיר אלהינו הר-קדשו | 1 |
Kora mma dwom. Awurade yɛ kɛseɛ na ɔsɛ nkamfo wɔ yɛn Onyankopɔn kuropɔn mu, ne bepɔ kronkron so.
יפה נוף משוש כל-הארץ הר-ציון ירכתי צפון קרית מלך רב | 2 |
Kuropɔn no ɔsorokɔ yɛ fɛ, ɛyɛ ewiase nyinaa anigyedeɛ. Bepɔ Sion te sɛ Safon sorɔnsorɔmmea, Ɔhene Kɛseɛ no kuropɔn.
אלהים בארמנותיה נודע למשגב | 3 |
Onyankopɔn te nʼabankɛsewa mu. Wada ne ho adi sɛ ɔyɛ nʼaban.
כי-הנה המלכים נועדו עברו יחדו | 4 |
Ɛberɛ a ahemfo yi boaa wɔn ho ano, na wɔtuu ɔsa bɔɔ mu no,
המה ראו כן תמהו נבהלו נחפזו | 5 |
wɔhunuu no ma ɛyɛɛ wɔn ahodwirie, na wɔde ehu dwaneeɛ.
רעדה אחזתם שם חיל כיולדה | 6 |
Nketenkete kyeree wɔn wɔ hɔ, ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a awoɔ aka no.
ברוח קדים-- תשבר אניות תרשיש | 7 |
Wosɛee wɔn sɛ Tarsis ahyɛn a apueeɛ mframa abɔ adwira wɔn.
כאשר שמענו כן ראינו-- בעיר-יהוה צבאות בעיר אלהינו אלהים יכוננה עד-עולם סלה | 8 |
Sɛdeɛ yɛate no, saa ara na yɛahunu wɔ Otumfoɔ Awurade kuropɔn no mu, yɛn Onyankopɔn kuropɔn mu; Onyankopɔn ma ɛtim hɔ afebɔɔ.
דמינו אלהים חסדך-- בקרב היכלך | 9 |
Wʼasɔredan no mu, Ao Onyankopɔn, na yɛdwene wo dɔ a ɛnsa da no ho,
כשמך אלהים-- כן תהלתך על-קצוי-ארץ צדק מלאה ימינך | 10 |
Ao Onyankopɔn, wʼayɛyie duru asase ano te sɛ wo din; tenenee ayɛ wo nsa nifa mu ma.
ישמח הר ציון--תגלנה בנות יהודה למען משפטיך | 11 |
Sion bepɔ di ahurisie, Yuda nkuraase no ani gye ɛsiane wʼatemmuo no enti.
סבו ציון והקיפוה ספרו מגדליה | 12 |
Nante Sion na twa ho hyia, kan nʼabantenten dodoɔ,
שיתו לבכם לחילה--פסגו ארמנותיה למען תספרו לדור אחרון | 13 |
dwene nʼafasuo ho yie, hwɛ nʼabankɛsewa no, na woaka ho asɛm akyerɛ nkyirimma.
כי זה אלהים אלהינו--עולם ועד הוא ינהגנו על-מות | 14 |
Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Onyankopɔn daa daa; mpo ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfoɔ akɔsi awieeɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.