< תהילים 45 >
למנצח על-ששנים לבני-קרח משכיל שיר ידידת ב רחש לבי דבר טוב-- אמר אני מעשי למלך לשוני עט סופר מהיר | 1 |
Kora mma dwom. Ayeforɔhyia dwom. Botaeɛ bi a ɛdi mu akanyane mʼakoma ɛberɛ a merebɔ ɔhene mmrane no; me tɛkrɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ kunini bi twerɛdua.
יפיפית מבני אדם-- הוצק חן בשפתותיך על-כן ברכך אלהים לעולם | 2 |
Wodi mu wɔ mmarima mu na wɔde adom bi asra wʼano, ɛsiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no enti.
חגור-חרבך על-ירך גבור-- הודך והדרך | 3 |
Fa wʼakofena bɔ wo nkyɛn mu, Ao Otumfoɔ; fa animuonyam ne kɛseyɛ fira.
והדרך צלח רכב-- על-דבר-אמת וענוה-צדק ותורך נוראות ימינך | 4 |
Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdie so wɔ nokorɛ, ahobrɛaseɛ ne tenenee mu; ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwanwa no adi.
חציך שנונים עמים תחתיך יפלו בלב אויבי המלך | 5 |
Ma wo bɛmma namnam no nhwere ɔhene atamfoɔ akoma mu; na ma amanaman nhwe wo nan ase.
כסאך אלהים עולם ועד שבט מישר שבט מלכותך | 6 |
Ao Onyankopɔn, wʼahennwa no bɛtena hɔ daa daa; tenenee ahempoma bɛyɛ wʼahennie no ahempoma.
אהבת צדק ותשנא-רשע על-כן משחך אלהים אלהיך שמן ששון-- מחברך | 7 |
Wodɔ tenenee na wokyiri bɔne. Ɛno enti Onyankopɔn, wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so, na ɔde anigyeɛ ngo asra wo.
מר-ואהלות קציעות כל-בגדתיך מן-היכלי שן מני שמחוך | 8 |
Kurobo, pɛperɛ ne bɛwewonua hwa agye wo batakari mu nyinaa; sankuo so nnwom a ɛfiri ahemfie a wɔde asonse asiesie ho mu ma wʼani gye.
בנות מלכים ביקרותיך נצבה שגל לימינך בכתם אופיר | 9 |
Ahemfo mmammaa ka wo mmaa atitire ho; wo nsa nifa so na ayeforɔ dehyeɛ a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina.
שמעי-בת וראי והטי אזנך ושכחי עמך ובית אביך | 10 |
Ao ɔbabaa tie, dwene ho na yɛ ɔsetie; ma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ ne wo agya fie.
ויתאו המלך יפיך כי-הוא אדניך והשתחוי-לו | 11 |
Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani; di no nni, ɛfiri sɛ ɔno ne wo wura.
ובת-צר במנחה פניך יחלו--עשירי עם | 12 |
Tiro Babaa de ayɛyɛdeɛ bɛba; mmarima adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo.
כל-כבודה בת-מלך פנימה ממשבצות זהב לבושה | 13 |
Ɔhene babaa a ɔwɔ ne piam no yɛ onimuonyamfoɔ wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatadeɛ yuu mu.
לרקמות תובל למלך בתולות אחריה רעותיה--מובאות לך | 14 |
Ɔhyɛ ntadeɛ a wɔadi mu adwinneɛ na wɔde no kɔma ɔhene; ne mfɛfoɔ mmaabunu di nʼakyi na wɔde wɔn nyinaa brɛ wo.
תובלנה בשמחת וגיל תבאינה בהיכל מלך | 15 |
Wɔde ahosɛpɛ ne anigyeɛ kɔ mu; wɔhyɛne ɔhempɔn no ahemfie.
תחת אבתיך יהיו בניך תשיתמו לשרים בכל-הארץ | 16 |
Wo mmammarima bɛsi wʼagyanom ananmu wobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa.
אזכירה שמך בכל-דר ודר על-כן עמים יהודוך לעלם ועד | 17 |
Mɛma wɔakae wo wɔ awontoatoasoɔ nyinaa mu; ɛno enti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.