< תהילים 39 >

למנצח לידיתון (לידותון) מזמור לדוד ב אמרתי-- אשמרה דרכי מחטוא בלשוני אשמרה לפי מחסום-- בעד רשע לנגדי 1
Dawid dwom. Mekae se, “Mɛhwɛ mʼakwan yiye na mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne; mɛto mʼano nnareka bere a amumɔyɛfo bɛn me yi.
נאלמתי דומיה החשיתי מטוב וכאבי נעכר 2
Enti meyɛɛ komm a manka asɛm papa biara mpo nanso mʼapinisi mu yɛɛ den.
חם-לבי בקרבי--בהגיגי תבער-אש דברתי בלשוני 3
Me koma ho guan no wɔ me mu. Midwinnwen no, ogya dɛwee; afei mede me tɛkrɛma kasae se:
הודיעני יהוה קצי--ומדת ימי מה-היא אדעה מה-חדל אני 4
“Awurade, ma minhu me nkwa awiei ne me nna dodow; ma minhu sɛnea me nkwa si twa mu ntɛm so.
הנה טפחות נתתה ימי-- וחלדי כאין נגדך אך כל-הבל כל-אדם נצב סלה 5
Woayɛ me nna sɛ nsateaa baako pɛ; na me mfe dodow nyɛ hwee wɔ wʼani so. Onipa nkwa yɛ ɔhome bi kɛkɛ.
אך-בצלם יתהלך-איש-- אך-הבל יהמיון יצבר ולא-ידע מי-אספם 6
Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsuma bi kwa; ɔhaw ne ho nanso ɔyɛ kwa; ɔboa ahonya ano na onnim nea ɛbɛyɛ ne de.
ועתה מה-קויתי אדני-- תוחלתי לך היא 7
“Afei Awurade, dɛn na merehwehwɛ? Mʼanidaso wɔ wo mu.
מכל-פשעי הצילני חרפת נבל אל-תשימני 8
Gye me fi me bɔne nyinaa mu; mma mennyɛ nkwaseafo aserewde.
נאלמתי לא אפתח-פי כי אתה עשית 9
Meyɛɛ komm, na mammue mʼano, efisɛ wo na woayɛ eyi.
הסר מעלי נגעך מתגרת ידך אני כליתי 10
Yi wʼasotwe fi me so; wo nsa ano amanehunu amene me.
בתוכחות על-עון יסרת איש-- ותמס כעש חמודו אך הבל כל-אדם סלה 11
Woka nnipa anim, na wotwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho; wosɛe wɔn ahonya te sɛ nwewee; onipa biara yɛ ɔhome kɛkɛ.
שמעה תפלתי יהוה ושועתי האזינה-- אל-דמעתי אל-תחרש כי גר אנכי עמך תושב ככל-אבותי 12
“Awurade, tie me mpaebɔ, tie me sufrɛ; nsiw wʼaso wɔ me su ho. Me ne wo te hɔ sɛ ɔnanani, sɛnea na mʼagyanom nyinaa te no.
השע ממני ואבליגה-- בטרם אלך ואינני 13
Yi wʼani fi me so na manya nkwa bio, ansa na mafi ha a mente ase bio.” Wɔde ma dwonkyerɛfo.

< תהילים 39 >