< תהילים 37 >
לדוד אל-תתחר במרעים אל-תקנא בעשי עולה | 1 |
Dawid dwom. Nhaw wo ho, nnebɔneyɛfo nti; mma wʼani mmmere wɔn a wɔyɛ bɔne;
כי כחציר מהרה ימלו וכירק דשא יבולון | 2 |
Wɔte sɛ sare, ɛrenkyɛ na ahyew, wɔte sɛ dua amono, ɛrenkyɛ na awu.
בטח ביהוה ועשה-טוב שכן-ארץ ורעה אמונה | 3 |
Fa wo ho to Awurade so na yɛ papa. Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoe adidibea hɔ.
והתענג על-יהוה ויתן-לך משאלת לבך | 4 |
Ma wʼani nnye wɔ Awurade mu na wama wo nea wo koma pɛ.
גול על-יהוה דרכך ובטח עליו והוא יעשה | 5 |
Fa wʼakwan hyɛ Awurade nsam; na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ:
והוציא כאור צדקך ומשפטך כצהרים | 6 |
ɔbɛma wo treneeyɛ ahyerɛn sɛ adekyee, na wʼatɛntrenee ayɛ sɛ owigyinae.
דום ליהוה-- והתחולל-לו אל-תתחר במצליח דרכו באיש עשה מזמות | 7 |
Yɛ komm wɔ Awurade anim na tɔ wo bo ase twɛn no, nhaw wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yiye ho efisɛ wɔnam bɔne akwan so.
הרף מאף ועזב חמה אל-תתחר אך-להרע | 8 |
Mma wo bo mmfuw na gyae abufuwhyew; nhaw wo ho, ekowie bɔne nko ara.
כי-מרעים יכרתון וקוי יהוה המה יירשו-ארץ | 9 |
Wobetwa nnebɔneyɛfo agu, nanso wɔn a wɔn ani da Awurade so no wobenya asase no adi so.
ועוד מעט ואין רשע והתבוננת על-מקומו ואיננו | 10 |
Ɛrenkyɛ, nnebɔneyɛfo bɛyera. Wɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso wɔrenhu wɔn.
וענוים יירשו-ארץ והתענגו על-רב שלום | 11 |
Nanso ahobrɛasefo benya asase no adi so na wɔanya asomdwoe mmoroso.
זמם רשע לצדיק וחרק עליו שניו | 12 |
Amumɔyɛfo bɔ pɔw bɔne tia atreneefo na wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so;
אדני ישחק-לו כי-ראה כי-יבא יומו | 13 |
nanso Awurade serew amumɔyɛfo, na onim sɛ wɔn nna abɛn.
חרב פתחו רשעים-- ודרכו קשתם להפיל עני ואביון לטבוח ישרי-דרך | 14 |
Amumɔyɛfo twe afoa na wokuntun wɔn ta mu sɛ wobekum ahiafo ne mmɔborɔfo, sɛ wobekum wɔn a wɔn akwan teɛ.
חרבם תבוא בלבם וקשתותם תשברנה | 15 |
Nanso wɔn afoa bɛwowɔ wɔn ankasa koma mu, na wɔn ta mu abubu.
טוב-מעט לצדיק-- מהמון רשעים רבים | 16 |
Kakra a atreneefo wɔ no som bo sen amumɔyɛfo bebree ahonya;
כי זרועות רשעים תשברנה וסומך צדיקים יהוה | 17 |
efisɛ amumɔyɛfo ahoɔden bɛsa nanso Awurade bɛwowaw atreneefo.
יודע יהוה ימי תמימם ונחלתם לעולם תהיה | 18 |
Awurade nim wɔn a wɔn ho nni asɛm no nna, na wɔn agyapade bɛtena hɔ daa.
לא-יבשו בעת רעה ובימי רעבון ישבעו | 19 |
Ahohiahia bere mu wɔremmrɛ. Ɔkɔm bere mu wobenya ama abu so.
כי רשעים יאבדו ואיבי יהוה כיקר כרים כלו בעשן כלו | 20 |
Nanso amumɔyɛfo bɛyera. Awurade atamfo bɛyɛ sɛ nwura mu nhwiren; wobetu ayera sɛ wusiw.
לוה רשע ולא ישלם וצדיק חונן ונותן | 21 |
Amumɔyɛfo pɛ bosea, na wontua, nanso ɔtreneeni de ahummɔbɔ ma;
כי מברכיו יירשו ארץ ומקלליו יכרתו | 22 |
Wɔn a Awurade ahyira wɔn no benya asase no adi so, na wobetwa wɔn a ɔdome wɔn no agu.
מיהוה מצעדי-גבר כוננו ודרכו יחפץ | 23 |
Sɛ Awurade ani sɔ onipa akwan a, ɔma nʼanammɔntu si pi.
כי-יפל לא-יוטל כי-יהוה סומך ידו | 24 |
Sɛ ohintiw a ɔrenhwe ase, efisɛ Awurade kura no wɔ ne nsam.
נער הייתי-- גם-זקנתי ולא-ראיתי צדיק נעזב וזרעו מבקש-לחם | 25 |
Na meyɛ aberante, na mprempren mabɔ akwakoraa, na minhuu ɔtreneeni a Awurade apa nʼakyi anaasɛ ne mma resrɛ aduan.
כל-היום חונן ומלוה וזרעו לברכה | 26 |
Bere biara ɔyɛ adɔe, na ɔde fɛm kwa; na ne mma benya nhyira.
סור מרע ועשה-טוב ושכן לעולם | 27 |
Twe wo ho fi bɔne ho na yɛ papa na wobɛtena asase no so afebɔɔ.
כי יהוה אהב משפט ולא-יעזב את-חסידיו לעולם נשמרו וזרע רשעים נכרת | 28 |
Efisɛ, Awurade pɛ nea ɛteɛ, na ɔrennyaw ne nkurɔfo anokwafo no. Wobenya bammɔ daa nyinaa. Nanso amumɔyɛfo asefo de, wobetwa wɔn agu.
צדיקים יירשו-ארץ וישכנו לעד עליה | 29 |
Atreneefo benya asase no adi so na wɔatena so afebɔɔ.
פי-צדיק יהגה חכמה ולשונו תדבר משפט | 30 |
Ɔtreneeni ano ka nyansasɛm, na ne tɛkrɛma ka nea ɛteɛ.
תורת אלהיו בלבו לא תמעד אשריו | 31 |
Ne Nyankopɔn mmara wɔ ne koma mu; wɔn anan nwatiri.
צופה רשע לצדיק ומבקש להמיתו | 32 |
Amumɔyɛfo tetɛw atreneefo hwehwɛ sɛ wobekum wɔn,
יהוה לא-יעזבנו בידו ולא ירשיענו בהשפטו | 33 |
nanso Awurade nnyaa wɔn mma wɔn, na ɔremma wommu wɔn kumfɔ wɔ asennii.
קוה אל-יהוה ושמר דרכו וירוממך לרשת ארץ בהכרת רשעים תראה | 34 |
Montwɛn Awurade na monhwɛ nʼakwan. Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so; sɛ wotwitwa amumɔyɛfo no gu a, mubehu.
ראיתי רשע עריץ ומתערה כאזרח רענן | 35 |
Mahu omumɔyɛfo a ɔyɛ basabasa sɛ ɔredi yiye sɛ dua amono a esi asase pa so,
ויעבר והנה איננו ואבקשהו ולא נמצא | 36 |
nanso ankyɛ na nʼawiei bae a wonhu no bio; mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.
שמר-תם וראה ישר כי-אחרית לאיש שלום | 37 |
Susuw nea ɔyɛ pɛ ho, na hwɛ nea ɔteɛ; na asomdwoe nipa benya asetena pa daakye.
ופשעים נשמדו יחדו אחרית רשעים נכרתה | 38 |
Nanso wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfo nyinaa; na wɔbɛtɔre wɔn asefo ase.
ותשועת צדיקים מיהוה מעוזם בעת צרה | 39 |
Atreneefo nkwagye fi Awurade ɔne wɔn aban wɔ amanehunu bere mu.
ויעזרם יהוה ויפלטם יפלטם מרשעים ויושיעם--כי-חסו בו | 40 |
Awurade boa wɔn na ogye wɔn; oyi wɔn fi amumɔyɛfo nsam, na ogye wɔn nkwa, efisɛ wohintaw wɔ ne mu.