< תהילים 36 >

למנצח לעבד-יהוה לדוד ב נאם-פשע לרשע בקרב לבי אין-פחד אלהים לנגד עיניו 1
Awurade ɔsomfoɔ Dawid dwom. Nkɔmhyɛ bi da mʼakoma so a ɛfa omumuyɛfoɔ mmarato ho. Wɔnnsuro Onyankopɔn.
כי-החליק אליו בעיניו למצא עונו לשנא 2
Na ɔno ankasa ani so no, ɔdaadaa ne ho dodo enti mma ɔnhunu ne bɔne nnyae yɛ.
דברי-פיו און ומרמה חדל להשכיל להיטיב 3
Nʼanom nsɛm yɛ atirimuɔden ne nnaadaa; ɔnnim nyansa bio, na wayɛ papa.
און יחשב--על-משכבו יתיצב על-דרך לא-טוב רע לא ימאס 4
Ɔda ne mpa so mpo a, ɔbɔ pɔ bɔne; na ɔgyaa ne ho ma bɔne ɛkwan na ɔmpo deɛ ɛnyɛ.
יהוה בהשמים חסדך אמונתך עד-שחקים 5
Awurade, wʼadɔeɛ duru sorosoro wo nokorɛdie duru ewiem tɔnn.
צדקתך כהררי-אל--משפטיך תהום רבה אדם ובהמה תושיע יהוה 6
Wo tenenee te sɛ mmepɔ akɛseɛ. Wʼatɛntenenee mu dɔ sɛ ɛpo bunu. Ao Awurade, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so.
מה-יקר חסדך אלהים ובני אדם--בצל כנפיך יחסיון 7
Wʼadɔeɛ a ɛnsa da no som bo! Nnipa mu akɛseɛ ne nketewa nya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase.
ירוין מדשן ביתך ונחל עדניך תשקם 8
Wɔdi deɛ abu soɔ wɔ wo fie woma wɔnom firi wʼanika asutene no mu.
כי-עמך מקור חיים באורך נראה-אור 9
Wo nkyɛn na nkwa asutire wɔ; wo hann mu na yɛhunu hann.
משך חסדך לידעיך וצדקתך לישרי-לב 10
Kɔ so dɔ wɔn a wɔnim wo, ma wo tenenee ntena wɔn a wɔtene akoma mu.
אל-תבואני רגל גאוה ויד-רשעים אל-תנדני 11
Mma ɔhantanni nan ntia me anaa omumuyɛfoɔ nsa nnsunsum me.
שם נפלו פעלי און דחו ולא-יכלו קום 12
Hwɛ sɛdeɛ nnebɔneyɛfoɔ ahwehwe ase, wɔdeda hɔ a wɔrentumi nsɔre bio.

< תהילים 36 >