< תהילים 30 >

מזמור שיר-חנכת הבית לדוד ב ארוממך יהוה כי דליתני ולא-שמחת איבי לי 1
Dwom a wɔto de buee Asɔredan no ano. Dawid dwom. Mema wo so, Ao Awurade, ɛfiri sɛ, woayi me afiri ebunu mu na woamma mʼatamfoɔ ansere me.
יהוה אלהי-- שועתי אליך ותרפאני 2
Ao Awurade me Onyankopɔn, mesu frɛɛ wo sɛ boa me na wosaa me yadeɛ.
יהוה--העלית מן-שאול נפשי חייתני מיורדי- (מירדי-) בור (Sheol h7585) 3
Ao Awurade, woyii me firii damena mu; wode me ho kyɛɛ me na woamma mankɔ amena mu. (Sheol h7585)
זמרו ליהוה חסידיו והודו לזכר קדשו 4
Monto ayɛyie nnwom mma Awurade; mo a moyɛ nʼahotefoɔ! Monkamfo ne din kronkron no.
כי רגע באפו-- חיים ברצונו בערב ילין בכי ולבקר רנה 5
Nʼabufuo nkyɛre, na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa; agyaadwotwa bɛwɔ hɔ anadwo, nanso ahosɛpɛ bɛba anɔpa.
ואני אמרתי בשלוי-- בל-אמוט לעולם 6
Metee nka sɛ mewɔ banbɔ no, mekaa sɛ, “Merenhinhim da.”
יהוה-- ברצונך העמדתה להררי-עז הסתרת פניך הייתי נבהל 7
Ao Awurade, woyɛɛ me adom no womaa me bepɔ gyinaa pintinn na wode wʼanim hintaa me no, me bo tuiɛ.
אליך יהוה אקרא ואל-אדני אתחנן 8
Wo, Awurade na mefrɛɛ woɔ; wo hɔ na mesu mesrɛɛ mmɔborɔhunu sɛ:
מה-בצע בדמי ברדתי אל-שחת היודך עפר היגיד אמתך 9
“Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ me sɛeɛ ho, sɛ mɛkɔ amena mu? Mfuturo bɛyi wo ayɛ anaa? Ɛbɛpae mu aka wo nokorɛdie anaa?
שמע-יהוה וחנני יהוה היה-עזר לי 10
Tie me, Ao Awurade, na hunu me mmɔbɔ! Ao Awurade, yɛ me ɔboafoɔ.”
הפכת מספדי למחול לי פתחת שקי ותאזרני שמחה 11
Wodanee mʼagyaadwotwa yɛɛ no asa; woyii mʼayitoma firii me ho na wode anigyeɛ firaa me,
למען יזמרך כבוד-- ולא ידם יהוה אלהי לעולם אודך 12
sɛ mʼakoma bɛto nnwom ama wo na ɛrenyɛ komm. Ao Awurade me Onyankopɔn, mɛda wo ase daa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

< תהילים 30 >