< תהילים 143 >

מזמור לדוד יהוה שמע תפלתי-- האזינה אל-תחנוני באמנתך ענני בצדקתך 1
Dawid dwom. Awurade, tie me mpaebɔ, tie me mmɔborɔsu; fi wo nokwaredi ne trenee mu bra bɛboa me.
ואל-תבוא במשפט את-עבדך כי לא-יצדק לפניך כל-חי 2
Mfa wʼakoa nkɔ atemmu mu, na ɔteasefo biara nteɛ wɔ wʼanim.
כי רדף אויב נפשי-- דכא לארץ חיתי הושבני במחשכים כמתי עולם 3
Ɔtamfo no taa me, ɔbɔ me hwe fam; ɔma me tena sum mu te sɛ wɔn a wowuwuu dedaada.
ותתעטף עלי רוחי בתוכי ישתומם לבי 4
Ɛno nti me honhom atɔ beraw wɔ me mu; na me koma di yaw wɔ me mu.
זכרתי ימים מקדם-- הגיתי בכל-פעלך במעשה ידיך אשוחח 5
Mekae tete nna no; midwinnwen wo nnwuma ne nea wo nsa ayɛ nyinaa ho.
פרשתי ידי אליך נפשי כארץ-עיפה לך סלה 6
Mema me nsa so kyerɛ wo; wo ho sukɔm de me kra sɛ asase kesee.
מהר ענני יהוה-- כלתה רוחי אל-תסתר פניך ממני ונמשלתי עם-ירדי בור 7
Awurade, gye me so ntɛm; me honhom tɔ piti. Mfa wʼanim nhintaw me anyɛ saa a mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amoa mu no.
השמיעני בבקר חסדך-- כי-בך בטחתי הודיעני דרך-זו אלך-- כי-אליך נשאתי נפשי 8
Ma mente wʼadɔe a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa, na mede me ho ato wo so. Kyerɛ me ɔkwan a memfa so, na wo na mema me kra so kyerɛ.
הצילני מאיבי יהוה-- אליך כסתי 9
Awurade gye me fi mʼatamfo nsam, na wo mu na mede me ho hintaw.
למדני לעשות רצונך-- כי-אתה אלוהי רוחך טובה תנחני בארץ מישור 10
Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛde, na wo ne me Nyankopɔn; ma wo honhom pa no nkogya me asasetaw so.
למען-שמך יהוה תחיני בצדקתך תוציא מצרה נפשי 11
Awurade, wo din nti, kyɛe me nkwa so; wo trenee mu, yi me fi ɔhaw mu.
ובחסדך תצמית איבי והאבדת כל-צררי נפשי--כי אני עבדך 12
Fi wʼadɔe a ɛnsa da no mu mua mʼatamfo ano; na sɛe wɔn a wokyi me no nyinaa, na meyɛ wo somfo.

< תהילים 143 >