< תהילים 140 >
למנצח מזמור לדוד ב חלצני יהוה מאדם רע מאיש חמסים תנצרני | 1 |
Dawid dwom. Ao Awurade gye me firi nnipa bɔne nsam; bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ nsam,
אשר חשבו רעות בלב כל-יום יגורו מלחמות | 2 |
wɔn a wɔdwene bɔne wɔ wɔn akoma mu na wɔhwanyane ɔko mu da biara.
שננו לשונם כמו-נחש חמת עכשוב--תחת שפתימו סלה | 3 |
Wɔse wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔtweaseɛ deɛ; ananka borɔ wɔ wɔn ano.
שמרני יהוה מידי רשע-- מאיש חמסים תנצרני אשר חשבו לדחות פעמי | 4 |
Ao Awurade, yi me firi amumuyɛfoɔ nsam; bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ a wɔdwene sɛ wɔbɛtwintwan mʼanan mu.
טמנו גאים פח לי-- וחבלים פרשו רשת ליד-מעגל מקשים שתו-לי סלה | 5 |
Ahantanfoɔ asum me afidie; wɔatrɛtrɛ wɔn asau nhoma mu, wɔasunsum me mfidie wɔ me kwan so.
אמרתי ליהוה אלי אתה האזינה יהוה קול תחנוני | 6 |
Ao Awurade, meka kyerɛ wo sɛ, “Wone me Onyankopɔn.” Ao Awurade, tie me mmɔborɔ su.
יהוה אדני עז ישועתי סכתה לראשי ביום נשק | 7 |
Ao Otumfoɔ Awurade, me gyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ a wobɔ me tiri ban ɔko da,
אל-תתן יהוה מאויי רשע זממו אל-תפק ירומו סלה | 8 |
nyɛ amumuyɛfoɔ abisadeɛ mma wɔn, Ao Awurade; mma wɔn nhyehyɛeɛ nyɛ yie.
ראש מסבי-- עמל שפתימו יכסומו (יכסימו) | 9 |
Wɔatwa me ho ahyia, nanso, ma amumuyɛsɛm a ɛfiri wɔn anomu nsɛe wɔn.
ימיטו (ימוטו) עליהם גחלים באש יפלם במהמרות בל-יקומו | 10 |
Ma nnyasrama ngu wɔn so; ma wɔnto wɔn ngu ogya mu, ngu atɛkyɛ amena mu a wɔrensɔre bio.
איש לשון בל-יכון בארץ איש-חמס רע--יצודנו למדחפת | 11 |
Mma dinsɛefoɔ ntim asase no so; ma amanehunu ntaataa basabasayɛfoɔ.
ידעת (ידעתי)--כי-יעשה יהוה דין עני משפט אבינים | 12 |
Menim sɛ Awurade bu ahiafoɔ atɛntenenee na ɔka onnibie asɛm ma no.
אך צדיקים יודו לשמך ישבו ישרים את-פניך | 13 |
Ampa ara, teneneefoɔ bɛkamfo wo din na wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim.