< תהילים 13 >

למנצח מזמור לדוד 1
Dawid dwom. Ao, Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me afebɔɔ anaa? Ɛnkɔsi da bɛn na wode wʼanim bɛhinta me?
עד-אנה יהוה תשכחני נצח עד-אנה תסתיר את-פניך ממני 2
Ɛnkɔsi da bɛn na mene mʼadwendwene bɛdi apereapereɛ na awerɛhoɔ ahyɛ mʼakoma mu daa? Mʼatamfoɔ nni me so nkonim nkɔsi da bɛn?
עד-אנה אשית עצות בנפשי-- יגון בלבבי יומם עד-אנה ירום איבי עלי 3
Te wʼani hwɛ me na bua me, Ao, Awurade, me Onyankopɔn. Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owuo nna.
הביטה ענני יהוה אלהי האירה עיני פן-אישן המות 4
Me ɔtamfoɔ bɛka sɛ, “Madi ne so nkonim.” Na mʼahohiahiafoɔ bɛdi ahurisie ɛberɛ a mahwe ase.
פן-יאמר איבי יכלתיו צרי יגילו כי אמוט 5
Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so; mʼakoma di ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ mu.
ואני בחסדך בטחתי-- יגל לבי בישועתך אשירה ליהוה כי גמל עלי 6
Mɛto dwom ama Awurade, ɛfiri sɛ ɔne me adi no yie. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no.

< תהילים 13 >