< תהילים 127 >

שיר המעלות לשלמה אם-יהוה לא-יבנה בית-- שוא עמלו בוניו בו אם-יהוה לא-ישמר-עיר שוא שקד שומר 1
Ɔsoroforo dwom. Salomo de. Sɛ Awurade ansi ɔdan no a, adansifo no yɛ ho adwuma kwa. Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a, awɛmfo no wɛn kwa.
שוא לכם משכימי קום מאחרי-שבת-- אכלי לחם העצבים כן יתן לידידו שנא 2
Sɛ wosɔre anɔpahema na wotena kosi anadwo, na woyɛ adwumaden pɛ wʼano aduan a, ɛyɛ ɔkwa, efisɛ wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔn wɔ wɔn nnae mu.
הנה נחלת יהוה בנים שכר פרי הבטן 3
Mma yɛ agyapade a efi Awurade hɔ, na mma yɛ akatua a efi no.
כחצים ביד-גבור-- כן בני הנעורים 4
Mma a wɔwo wɔn mmabun bere mu no te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam.
אשרי הגבר-- אשר מלא את-אשפתו מהם לא-יבשו-- כי-ידברו את-אויבים בשער 5
Nhyira ne onipa a nʼagyan kotoku ayɛ ma. Nʼanim rengu ase bere a wahyia nʼatamfo wɔ kurow pon ano no.

< תהילים 127 >