< תהילים 122 >
שיר המעלות לדוד שמחתי באמרים לי-- בית יהוה נלך | 1 |
Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. Ɛberɛ a wɔsee me sɛ, “Ma yɛnkɔ Awurade fie” no, mʼani gyeeɛ.
עמדות היו רגלינו-- בשעריך ירושלם | 2 |
Yɛgyinagyina wʼapono ano, Ao Yerusalem.
ירושלם הבנויה-- כעיר שחברה-לה יחדו | 3 |
Wɔakyekyere Yerusalem yie sɛ kuropɔn. Wɔahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ.
ששם עלו שבטים שבטי-יה--עדות לישראל להדות לשם יהוה | 4 |
Ɛhɔ na mmusuakuo no korɔ, Awurade mmusuakuo no. Wɔkɔkamfo Awurade din sɛdeɛ nhyehyɛeɛ a wɔde ama Israel no teɛ.
כי שמה ישבו כסאות למשפט כסאות לבית דוד | 5 |
Ɛhɔ na atemmuo nhennwa no sisi, Dawid fie nhennwa no.
שאלו שלום ירושלם ישליו אהביך | 6 |
Monsrɛ asomdwoeɛ mma Yerusalem sɛ, “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya banbɔ.
יהי-שלום בחילך שלוה בארמנותיך | 7 |
Ma asomdwoeɛ mmra wʼafasuo mu na banbɔ mmra wʼabankɛsewa mu.”
למען אחי ורעי-- אדברה-נא שלום בך | 8 |
Me nuanom ne me nnamfonom enti, meka sɛ, “Asomdwoeɛ ntena wo mu.”
למען בית-יהוה אלהינו-- אבקשה טוב לך | 9 |
Awurade yɛn Onyankopɔn fie enti, mɛhwehwɛ wo nkɔsoɔ.