< תהילים 119 >
אשרי תמימי-דרך-- ההלכים בתורת יהוה | 1 |
Nhyira nka wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ na wɔnante sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ.
אשרי נצרי עדתיו בכל-לב ידרשוהו | 2 |
Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛdeɛ, na wɔfiri wɔn akoma nyinaa mu hwehwɛ no.
אף לא-פעלו עולה בדרכיו הלכו | 3 |
Wɔnnyɛ mfomsoɔ biara; na wɔnam nʼakwan so.
אתה צויתה פקדיך-- לשמר מאד | 4 |
Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔ a ɛsɛ sɛ wɔdi so pɛpɛɛpɛ.
אחלי יכנו דרכי-- לשמר חקיך | 5 |
Ao sɛ mʼakwan bɛyɛ tee sɛdeɛ wo ɔhyɛ nsɛm no teɛ.
אז לא-אבוש-- בהביטי אל-כל-מצותיך | 6 |
Sɛ mehwɛ wʼahyɛdeɛ no a ɛnneɛ, anka mʼanim rengu ase.
אודך בישר לבב-- בלמדי משפטי צדקך | 7 |
Mede akoma a emu teɛ bɛkamfo wo ɛberɛ a meresua wo mmara a ɛtene no.
את-חקיך אשמר אל-תעזבני עד-מאד | 8 |
Mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm so; na nnya me korakora.
במה יזכה-נער את-ארחו-- לשמר כדברך | 9 |
Aberanteɛ bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho ate? Ɛsɛ sɛ ɔdi wʼasɛm so.
בכל-לבי דרשתיך אל-תשגני ממצותיך | 10 |
Mede mʼakoma nyinaa hwehwɛ wo; mma me mmane mfiri wo mmaransɛm ho.
בלבי צפנתי אמרתך-- למען לא אחטא-לך | 11 |
Mede wʼasɛm asie mʼakoma mu sɛdeɛ merenyɛ bɔne ntia wo.
ברוך אתה יהוה-- למדני חקיך | 12 |
Ao Awurade, nkamfo wɔ wo; kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
בשפתי ספרתי-- כל משפטי-פיך | 13 |
Mede mʼano ka mmara a ɛfiri wʼanomu nyinaa.
בדרך עדותיך ששתי-- כעל כל-הון | 14 |
Mʼani gye sɛ medi wʼahyɛdeɛ so te sɛdeɛ obi anigye ahonya bebree ho no.
בפקודיך אשיחה ואביטה ארחתיך | 15 |
Medwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho na mehwehwɛ wʼakwan mu.
בחקתיך אשתעשע לא אשכח דברך | 16 |
Mʼani gye wo ɔhyɛ nsɛm ho; na merentoto wʼasɛm ase.
גמל על-עבדך אחיה ואשמרה דברך | 17 |
Yɛ wo ɔsomfoɔ yie; na matena ase adi wʼasɛm so.
גל-עיני ואביטה-- נפלאות מתורתך | 18 |
Bue mʼani na menhunu anwanwadeɛ a ɛwɔ wo mmara no mu.
גר אנכי בארץ אל-תסתר ממני מצותיך | 19 |
Meyɛ ɔnanani wɔ asase so; mfa wo mmaransɛm no nhinta me.
גרסה נפשי לתאבה-- אל-משפטיך בכל-עת | 20 |
Me kra tɔ baha ɛberɛ biara wɔ wo mmara ho anigyina enti.
גערת זדים ארורים-- השגים ממצותיך | 21 |
Woka ahantanfoɔ anim, wɔn a wɔadome wɔn, na wɔmane firi wo mmaransɛm ho no.
גל מעלי חרפה ובוז כי עדתיך נצרתי | 22 |
Yi kasatia ne animtiabuo firi me mu, ɛfiri sɛ medi wʼahyɛdeɛ so.
גם ישבו שרים בי נדברו-- עבדך ישיח בחקיך | 23 |
Ɛwom sɛ sodifoɔ hyia di me ho nsekuro, nanso wo ɔsomfoɔ bɛdwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho.
גם-עדתיך שעשעי-- אנשי עצתי | 24 |
Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼanigyedeɛ na ɛyɛ me fotufoɔ.
דבקה לעפר נפשי חיני כדברך | 25 |
Woabrɛ me ase ma meda mfuturo mu. Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ.
דרכי ספרתי ותענני למדני חקיך | 26 |
Mesesee mʼakwan na wogyee me so; kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
דרך-פקודיך הבינני ואשיחה בנפלאותיך | 27 |
Ma mente deɛ ɛwɔ wo nkyerɛkyerɛ mu ase; na mɛdwendwene wʼanwanwadeɛ ho.
דלפה נפשי מתוגה קימני כדברך | 28 |
Awerɛhoɔ ama me ɔkra atɔ baha; hyɛ me den sɛdeɛ wʼasɛm no kyerɛ.
דרך-שקר הסר ממני ותורתך חנני | 29 |
Yi me firi nnaadaa akwan so; na fa wo mmara so dom me.
דרך-אמונה בחרתי משפטיך שויתי | 30 |
Mafa nokorɛ kwan no so; mede mʼakoma adi wo mmara akyi.
דבקתי בעדותיך יהוה אל-תבישני | 31 |
Ao Awurade, mekura wo nkyerɛkyerɛ mu denden mma mʼanim ngu ase.
דרך-מצותיך ארוץ כי תרחיב לבי | 32 |
Metu mmirika wɔ wo mmaransɛm kwan no so, ɛfiri sɛ wama mʼakoma atɔ me yam.
הורני יהוה דרך חקיך ואצרנה עקב | 33 |
Kyerɛkyerɛ me, Ao Awurade, na menni wo ɔhyɛ nsɛm so, na mɛdi so akɔsi awieeɛ.
הבינני ואצרה תורתך ואשמרנה בכל-לב | 34 |
Ma me nteaseɛ, na mɛdi wo mmara so, na mede mʼakoma nyinaa bɛdi so.
הדריכני בנתיב מצותיך כי-בו חפצתי | 35 |
Kyerɛ me wo mmaransɛm kwan no na ɛhɔ na menya anigyeɛ.
הט-לבי אל-עדותיך ואל אל-בצע | 36 |
Dane mʼakoma kɔ wʼahyɛdeɛ ho na ɛmfiri pɛsɛmenkomenya ho.
העבר עיני מראות שוא בדרכך חיני | 37 |
Yi mʼani firi nneɛma hunu so; na kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼasɛm teɛ.
הקם לעבדך אמרתך-- אשר ליראתך | 38 |
Di ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no so, na wasuro wo.
העבר חרפתי אשר יגרתי כי משפטיך טובים | 39 |
Yi animguaseɛ a ɛbɔ me hu no firi hɔ, ɛfiri sɛ wo mmara yɛ papa.
הנה תאבתי לפקדיך בצדקתך חיני | 40 |
Mʼani agyina wo nkyerɛkyerɛ no! Kyɛe me nkwa so wɔ wo tenenee mu.
ויבאני חסדך יהוה תשועתך כאמרתך | 41 |
Ao Awurade, ma wo dɔ a ɛnsa da no mmra me so, wo nkwagyeɛ no sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.
ואענה חרפי דבר כי-בטחתי בדברך | 42 |
Afei, mɛbua deɛ ɔyi me ahi no, ɛfiri sɛ mewɔ wʼasɛm mu ahotosoɔ.
ואל-תצל מפי דבר-אמת עד-מאד כי למשפטך יחלתי | 43 |
Nyi nokwasɛm no mfiri mʼanom, ɛfiri sɛ mʼanidasoɔ wɔ wo mmara mu.
ואשמרה תורתך תמיד-- לעולם ועד | 44 |
Mɛdi wo mmara so ɛberɛ biara akɔsi daa apem.
ואתהלכה ברחבה כי פקדיך דרשתי | 45 |
Mede ahofadie bɛnante ɛfiri sɛ mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ.
ואדברה בעדתיך נגד מלכים ולא אבוש | 46 |
Mɛka wʼahyɛdeɛ ho asɛm wɔ ahemfo anim na mʼanim rengu ase,
ואשתעשע במצותיך אשר אהבתי | 47 |
ɛfiri sɛ mʼani gye wo mmaransɛm ho na medɔ no.
ואשא-כפי--אל-מצותיך אשר אהבתי ואשיחה בחקיך | 48 |
Mede anidie ma wo mmaransɛm a medɔ no, na medwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho.
זכר-דבר לעבדך-- על אשר יחלתני | 49 |
Kae asɛm a woaka akyerɛ wo ɔsomfoɔ, ɛfiri sɛ woama me anidasoɔ.
זאת נחמתי בעניי כי אמרתך חיתני | 50 |
Mʼawerɛkyekyerɛ wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ: Wo bɔhyɛ kyɛe me nkwa so.
זדים הליצני עד-מאד מתורתך לא נטיתי | 51 |
Ahantanfoɔ bu me animtia bebree, nanso mennane mfiri wo mmara ho.
זכרתי משפטיך מעולם יהוה ואתנחם | 52 |
Ao Awurade mekae wo tete mmara no, na menya awerɛkyekyerɛ wɔ mu.
זלעפה אחזתני מרשעים-- עזבי תורתך | 53 |
Abufuo hyɛ me ma, ɛsiane amumuyɛfoɔ a wɔapo wo mmara enti.
זמרות היו-לי חקיך-- בבית מגורי | 54 |
Wo ɔhyɛ nsɛm yɛ me dwom tiban wɔ baabiara a mesoɛ.
זכרתי בלילה שמך יהוה ואשמרה תורתך | 55 |
Ao Awurade, anadwo mekae wo din, na mɛdi wo mmara so.
זאת היתה-לי כי פקדיך נצרתי | 56 |
Yei ne adeɛ a meyɛ da biara, medi wo nkyerɛkyerɛ so.
חלקי יהוה אמרתי-- לשמר דבריך | 57 |
Ao Awurade, wone me kyɛfa; mahyɛ bɔ sɛ mɛdi wo nsɛm so.
חליתי פניך בכל-לב חנני כאמרתך | 58 |
Mede mʼakoma nyinaa ahwehwɛ wo; hunu me mmɔbɔ sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.
חשבתי דרכי ואשיבה רגלי אל-עדתיך | 59 |
Madwene mʼakwan ho na madane mʼanammɔntuo akyerɛ wʼahyɛdeɛ.
חשתי ולא התמהמהתי-- לשמר מצותיך | 60 |
Mɛyɛ ntɛm, merentwentwɛn sɛ mɛdi wo mmaransɛm soɔ.
חבלי רשעים עודני תורתך לא שכחתי | 61 |
Ɛwom sɛ amumuyɛfoɔ de ahoma kyekyere me nanso me werɛ remfiri wo mmara.
חצות-לילה--אקום להודות לך על משפטי צדקך | 62 |
Ɔdasuom, mesɔre de wʼaseda ma wo wo mmara a ɛtene enti.
חבר אני לכל-אשר יראוך ולשמרי פקודיך | 63 |
Meyɛ wɔn a wɔsuro woɔ nyinaa adamfo, wɔn a wɔdi wo nkyerɛkyerɛ soɔ nyinaa.
חסדך יהוה מלאה הארץ חקיך למדני | 64 |
Ao Awurade, wʼadɔeɛ ahyɛ asase so ma; kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
טוב עשית עם-עבדך-- יהוה כדברך | 65 |
Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no yie sɛdeɛ wʼasɛm teɛ, Ao Awurade.
טוב טעם ודעת למדני כי במצותיך האמנתי | 66 |
Kyerɛkyerɛ me nimdeɛ ne atemmuo pa, ɛfiri sɛ megye wo mmaransɛm no di.
טרם אענה אני שגג ועתה אמרתך שמרתי | 67 |
Ansa na merebɛhunu amane no, mefomm ɛkwan, na seesei deɛ, medi wʼasɛm so.
טוב-אתה ומטיב למדני חקיך | 68 |
Woyɛ, na deɛ woyɛ nso yɛ; kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
טפלו עלי שקר זדים אני בכל-לב אצר פקודיך | 69 |
Ahantanfoɔ de atorɔ afɔre me ho, nanso mede mʼakoma nyinaa di wo nkyerɛkyerɛ so.
טפש כחלב לבם אני תורתך שעשעתי | 70 |
Wɔn akoma yɛ den na wɔnni tema, nanso mʼani gye wo mmara ho.
טוב-לי כי-עניתי-- למען אלמד חקיך | 71 |
Ɛyɛ sɛ mehunuu amane sɛdeɛ mɛsua wo ɔhyɛ nsɛm.
טוב-לי תורת-פיך-- מאלפי זהב וכסף | 72 |
Mmara a ɛfiri wʼanomu no som bo ma me sene dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mpempem.
ידיך עשוני ויכוננוני הבינני ואלמדה מצותיך | 73 |
Wo nsa na ɛbɔɔ me na ɛnwonoo me; ma me nteaseɛ a mede bɛsua wo mmaransɛm.
יראיך יראוני וישמחו כי לדברך יחלתי | 74 |
Sɛ wɔn a wɔsuro wo no hunu me a, ma wɔn ani nnye, ɛfiri sɛ mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu.
ידעתי יהוה כי-צדק משפטיך ואמונה עניתני | 75 |
Ao Awurade, menim sɛ wo mmara tene, na nokorɛdie mu na woatwe mʼaso.
יהי-נא חסדך לנחמני-- כאמרתך לעבדך | 76 |
Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da nkyekyere me werɛ sɛdeɛ ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no teɛ.
יבאוני רחמיך ואחיה כי-תורתך שעשעי | 77 |
Ma wʼayamhyehyeɛ mmra me so, na mennya nkwa, ɛfiri sɛ mʼani ka wo mmara ho.
יבשו זדים כי-שקר עותוני אני אשיח בפקודיך | 78 |
Ma ahantanfoɔ ani nwu wɔ bɔne a wɔyɛɛ me, nanso, mɛdwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho.
ישובו לי יראיך וידעו (וידעי) עדתיך | 79 |
Ma wɔn a wɔsuro wo no mmra me nkyɛn, wɔn a wɔte wo mmara ase no.
יהי-לבי תמים בחקיך-- למען לא אבוש | 80 |
Ma mʼakoma nnya bembuo wɔ wo ɔhyɛ nsɛm ho, na mʼanim angu ase.
כלתה לתשועתך נפשי לדברך יחלתי | 81 |
Wo nkwagyeɛ ho anigyina ama me ɔkra atɔ baha, nanso mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu.
כלו עיני לאמרתך-- לאמר מתי תנחמני | 82 |
Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu; meka sɛ, “Da bɛn na wobɛkyekyere me werɛ?”
כי-הייתי כנאד בקיטור-- חקיך לא שכחתי | 83 |
Ɛwom sɛ mete sɛ nsã kotokuo a ɛsɛn wisie ano deɛ, nanso me werɛ remfiri wo ɔhyɛ nsɛm.
כמה ימי-עבדך מתי תעשה ברדפי משפט | 84 |
Wo ɔsomfoɔ ntwɛn nkɔsi da bɛn? Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso?
כרו-לי זדים שיחות-- אשר לא כתורתך | 85 |
Ahantanfoɔ atu amena de asum me afidie, a ɛne wo mmara bɔ abira.
כל-מצותיך אמונה שקר רדפוני עזרני | 86 |
Wo mmaransɛm nyinaa mu wɔ ahotosoɔ; boa me ɛfiri sɛ nnipa teetee me kwa.
כמעט כלוני בארץ ואני לא-עזבתי פקדיך | 87 |
Ɛkaa kakra bi na wɔyi me firi asase so, nanso mennyaa wo nkyerɛkyerɛ so die.
כחסדך חיני ואשמרה עדות פיך | 88 |
Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ, na mɛdi nkyerɛkyerɛ a ɛfiri wʼanomu no so.
לעולם יהוה-- דברך נצב בשמים | 89 |
Ao Awurade, wʼasɛm no tim hɔ daa; ɛgyina hɔ pintinn wɔ ɔsorosoro.
לדר ודר אמונתך כוננת ארץ ותעמד | 90 |
Wo nokorɛdie kɔ so wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; wode asase sii hɔ, na ɛtim hɔ.
למשפטיך עמדו היום כי הכל עבדיך | 91 |
Wo mmara wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ, na nneɛma nyinaa som wo.
לולי תורתך שעשעי-- אז אבדתי בעניי | 92 |
Sɛ mʼani anka wo mmara no ho a, anka mʼamanehunu akum me.
לעולם לא-אשכח פקודיך כי בם חייתני | 93 |
Me werɛ remfiri wo nkyerɛkyerɛ no, ɛfiri sɛ ɛno so na wonam akyɛe me nkwa so.
לך-אני הושיעני כי פקודיך דרשתי | 94 |
Gye me nkwa, na meyɛ wo dea; na mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ no.
לי קוו רשעים לאבדני עדתיך אתבונן | 95 |
Amumuyɛfoɔ retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me, nanso, mɛdwendwene wʼahyɛdeɛ ho.
לכל-תכלה ראיתי קץ רחבה מצותך מאד | 96 |
Mahunu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ deɛ ɛkɔpem; nanso wo mmaransɛm no nni hyeɛ.
מה-אהבתי תורתך כל-היום היא שיחתי | 97 |
Ao medɔ wo mmara no! Medwendwene ho ɛda mu nyinaa.
מאיבי תחכמני מצותך כי לעולם היא-לי | 98 |
Wo mmaransɛm ma me hunu nyansa sene mʼatamfoɔ, ɛfiri sɛ ɛwɔ me nkyɛn daa.
מכל-מלמדי השכלתי כי עדותיך שיחה לי | 99 |
Mewɔ nhunumu sene mʼakyerɛkyerɛfoɔ nyinaa, ɛfiri sɛ medwendwene wʼahyɛdeɛ ho.
מזקנים אתבונן כי פקודיך נצרתי | 100 |
Mewɔ nteaseɛ sene mpanimfoɔ, ɛfiri sɛ medi wo nkyerɛkyerɛ so.
מכל-ארח רע כלאתי רגלי-- למען אשמר דברך | 101 |
Memfaa me nan nsii ɛkwan bɔne biara so sɛdeɛ mɛtumi ayɛ ɔsetie ama wʼasɛm.
ממשפטיך לא-סרתי כי-אתה הורתני | 102 |
Memmane memfirii wo mmara ho, ɛfiri sɛ wʼankasa na woakyerɛkyerɛ me.
מה-נמלצו לחכי אמרתך-- מדבש לפי | 103 |
Wo nsɛm yɛ me dɛ, ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ wɔ mʼanom.
מפקודיך אתבונן על כן שנאתי כל-ארח שקר | 104 |
Menya nteaseɛ firi wo nkyerɛkyerɛ mu; enti mekyiri ɛkwan bɔne biara.
נר-לרגלי דברך ואור לנתיבתי | 105 |
Wʼasɛm yɛ me nan ase kanea ne mʼakwan so hann.
נשבעתי ואקימה-- לשמר משפטי צדקך | 106 |
Maka ntam ahyɛ mu kena sɛ mɛdi wo tenenee mmara no so.
נעניתי עד-מאד יהוה חיני כדברך | 107 |
Mahunu amane bebree; kyɛe me nkwa so, Ao Awurade, sɛdeɛ wʼasɛm teɛ.
נדבות פי רצה-נא יהוה ומשפטיך למדני | 108 |
Ao Awurade, ma wʼani nsɔ mʼanom nkamfo a ɛfiri me pɛ mu, na kyerɛkyerɛ me wo mmara.
נפשי בכפי תמיד ותורתך לא שכחתי | 109 |
Ɛwom sɛ daa metoto me nkwa ase, nanso me werɛ remfiri wo mmara.
נתנו רשעים פח לי ומפקודיך לא תעיתי | 110 |
Amumuyɛfoɔ asum me afidie nanso memfom memfirii wo nkyerɛkyerɛ ho.
נחלתי עדותיך לעולם כי-ששון לבי המה | 111 |
Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼagyapadeɛ afebɔɔ; ɛma mʼakoma ani gye.
נטיתי לבי לעשות חקיך-- לעולם עקב | 112 |
Mʼakoma ayɛ krado sɛ ɛbɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm so akɔsi awieeɛ.
סעפים שנאתי ותורתך אהבתי | 113 |
Mekyiri nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta, na medɔ wo mmara.
סתרי ומגני אתה לדברך יחלתי | 114 |
Wone me dwanekɔbea ne me kyɛm; mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu.
סורו-ממני מרעים ואצרה מצות אלהי | 115 |
Momfiri me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ, na menni me Onyankopɔn mmaransɛm so!
סמכני כאמרתך ואחיה ואל-תבישני משברי | 116 |
Wowa me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ, na mɛtena nkwa mu; mma mʼanidasoɔ nyɛ kwa.
סעדני ואושעה ואשעה בחקיך תמיד | 117 |
Sɔ me mu, na menya nkwagyeɛ; na ɛberɛ biara mɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no.
סלית כל-שוגים מחקיך כי-שקר תרמיתם | 118 |
Wopo wɔn a wɔfom wo ɔhyɛ nsɛm nyinaa, na wɔn nnaadaa no yɛ ɔkwa.
סגים--השבת כל-רשעי-ארץ לכן אהבתי עדתיך | 119 |
Woyi amumuyɛfoɔ nyinaa si nkyɛn sɛ dadeben; enti medɔ wʼahyɛdeɛ.
סמר מפחדך בשרי וממשפטיך יראתי | 120 |
Wo ho suro ma me ho popo; wo mmara abɔ me hu.
עשיתי משפט וצדק בל-תניחני לעשקי | 121 |
Mayɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ. Nnyaa me mma wɔn a wɔhyɛ me soɔ!
ערב עבדך לטוב אל-יעשקני זדים | 122 |
Hwɛ ma wo ɔsomfoɔ nni yie; mma ahantanfoɔ nhyɛ me so.
עיני כלו לישועתך ולאמרת צדקך | 123 |
Mahwɛ wo nkwagyeɛ anim ama mʼani abu, ɛrehwehwɛ wo bɔhyɛ a ɛtene no.
עשה עם-עבדך כחסדך וחקיך למדני | 124 |
Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ na kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
עבדך-אני הבינני ואדעה עדתיך | 125 |
Meyɛ wo ɔsomfoɔ; ma me nhunumu na mate wʼahyɛdeɛ ase.
עת לעשות ליהוה-- הפרו תורתך | 126 |
Ao Awurade, ɛberɛ aso sɛ woyɛ biribi; wɔrebu wo mmara so.
על-כן אהבתי מצותיך-- מזהב ומפז | 127 |
Esiane sɛ medɔ wo mmaransɛm sene sikakɔkɔɔ, anaa sikakɔkɔɔ amapa,
על-כן כל-פקודי כל ישרתי כל-ארח שקר שנאתי | 128 |
na medwene sɛ wo nkyerɛkyerɛ nyinaa yɛ enti mekyiri ɛkwan bɔne biara.
פלאות עדותיך על-כן נצרתם נפשי | 129 |
Wʼahyɛdeɛ yɛ nwanwa; enti medi so.
פתח דבריך יאיר מבין פתיים | 130 |
Wo nsɛm ase teɛ ma hann; na ɛma ntetekwaa nya nteaseɛ.
פי-פערתי ואשאפה כי למצותיך יאבתי | 131 |
Mebue mʼanom na megu ahome, na mʼani gyina wo mmaransɛm.
פנה-אלי וחנני-- כמשפט לאהבי שמך | 132 |
Dane wʼani hwɛ me na hunu me mmɔbɔ sɛdeɛ woyɛ daa ma wɔn a wɔdɔ wo din no.
פעמי הכן באמרתך ואל-תשלט-בי כל-און | 133 |
Tutu mʼanammɔn sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ. Mma bɔne biara nni me so.
פדני מעשק אדם ואשמרה פקודיך | 134 |
Gye me firi nnipa nhyɛsoɔ mu, na madi wo nkyerɛkyerɛ so.
פניך האר בעבדך ולמדני את-חקיך | 135 |
Ma wʼanim nhyerɛn wo ɔsomfoɔ so na kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
פלגי-מים ירדו עיני-- על לא-שמרו תורתך | 136 |
Nisuo adware me sɛ asutene ɛfiri sɛ nnipa nni wo mmara so.
צדיק אתה יהוה וישר משפטיך | 137 |
Ɔteneneeni ne wo, Ao Awurade, na wo mmara nso yɛ pɛ.
צוית צדק עדתיך ואמונה מאד | 138 |
Ahyɛdeɛ a woayɛ no tene; ɛyɛ deɛ wɔnya mu ahotosoɔ pa ara.
צמתתני קנאתי כי-שכחו דבריך צרי | 139 |
Abufuo ahyɛ me ma, ɛfiri sɛ mʼatamfoɔ bu wɔn ani gu wo nsɛm no.
צרופה אמרתך מאד ועבדך אהבה | 140 |
Wɔasɔ wo bɔhyɛ ahodoɔ no ahwɛ pa ara, na wo ɔsomfoɔ dɔ wɔn.
צעיר אנכי ונבזה פקדיך לא שכחתי | 141 |
Ɛwom sɛ mennka hwee na memfra deɛ, nanso me werɛ mfiri wo nkyerɛkyerɛ.
צדקתך צדק לעולם ותורתך אמת | 142 |
Wo tenenee wɔ hɔ daa na wo mmara no yɛ nokorɛ.
צר-ומצוק מצאוני מצותיך שעשעי | 143 |
Ɔhaw ne ahohiahia aduru me, nanso wo mmaransɛm ma me ahosɛpɛ.
צדק עדותיך לעולם הבינני ואחיה | 144 |
Wʼahyɛdeɛ yɛ nokorɛ daa; ma me nteaseɛ na manya nkwa.
קראתי בכל-לב ענני יהוה חקיך אצרה | 145 |
Ao Awurade, mede mʼakoma nyinaa mefrɛ wo, gye me so, na mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm no so.
קראתיך הושיעני ואשמרה עדתיך | 146 |
Mesu mefrɛ wo, gye me nkwa na medi wʼahyɛdeɛ so.
קדמתי בנשף ואשועה לדבריך (לדברך) יחלתי | 147 |
Mesɔre anɔpahema, na mesu pɛ mmoa; mede me werɛ ahyɛ wo nsɛm mu.
קדמו עיני אשמרות-- לשיח באמרתך | 148 |
Mʼani gu so anadwo nyinaa, na mɛdwendwene wo bɔhyɛ ho.
קולי שמעה כחסדך יהוה כמשפטך חיני | 149 |
Tie me nne sɛdeɛ wʼadɔeɛ no teɛ; Ao Awurade, kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo mmara teɛ.
קרבו רדפי זמה מתורתך רחקו | 150 |
Wɔn a wɔhyehyɛ atirimuɔdensɛm no abɛn, nanso wɔne wo mmara ntam ware.
קרוב אתה יהוה וכל-מצותיך אמת | 151 |
Ao Awurade, wo deɛ, wobɛn me, na wo mmaransɛm nyinaa yɛ nokorɛ.
קדם ידעתי מעדתיך כי לעולם יסדתם | 152 |
Mmerɛ bi a atwam no, mesuaa wʼahyɛdeɛ a wode timiiɛ hɔ sɛ ɛntena hɔ daa no.
ראה-עניי וחלצני כי-תורתך לא שכחתי | 153 |
Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwa ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmara no.
ריבה ריבי וגאלני לאמרתך חיני | 154 |
Di mʼasɛm ma me na gye me. Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.
רחוק מרשעים ישועה כי חקיך לא דרשו | 155 |
Nkwagyeɛ ne atirimuɔdenfoɔ ntam kwan ware, ɛfiri sɛ wɔnhwehwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no.
רחמיך רבים יהוה כמשפטיך חיני | 156 |
Ao Awurade, wʼayamhyehyeɛ yɛ kɛseɛ; kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo mmara no teɛ.
רבים רדפי וצרי מעדותיך לא נטיתי | 157 |
Atamfoɔ a wɔteetee me dɔɔso, nanso memmane memfirii wo nhyehyɛeɛ ho.
ראיתי בגדים ואתקוטטה-- אשר אמרתך לא שמרו | 158 |
Mehwɛ wɔn a wɔnni gyidie no a, wɔn ho yɛ me nwunu, ɛfiri sɛ wɔnni wʼasɛm so.
ראה כי-פקודיך אהבתי יהוה כחסדך חיני | 159 |
Hwɛ sɛdeɛ mʼani gye wo nkyerɛkyerɛ ho; Ao Awurade, kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ.
ראש-דברך אמת ולעולם כל-משפט צדקך | 160 |
Wo nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ; na wo mmara a ɛtene no to rentwa da.
שרים רדפוני חנם ומדבריך (ומדברך) פחד לבי | 161 |
Sodifoɔ taataa me kwa, nanso ɛyɛ wʼasɛm nko ara na mesuro.
שש אנכי על-אמרתך-- כמוצא שלל רב | 162 |
Mʼani gye wo bɔhyɛ ho te sɛ obi a wanya asadeɛ kɛseɛ.
שקר שנאתי ואתעבה תורתך אהבתי | 163 |
Mekyiri nkontompo na medɔ wo mmara.
שבע ביום הללתיך-- על משפטי צדקך | 164 |
Mekamfo wo mprɛnson da biara wo mmara a ɛtene no enti.
שלום רב לאהבי תורתך ואין-למו מכשול | 165 |
Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoeɛ mmoroso, na biribiara rentumi mma wɔnsunti.
שברתי לישועתך יהוה ומצותיך עשיתי | 166 |
Ao Awurade, metwɛn wo nkwagyeɛ, na medi wo mmaransɛm so.
שמרה נפשי עדתיך ואהבם מאד | 167 |
Medi wʼahyɛdeɛ so na medɔ no yie.
שמרתי פקודיך ועדתיך כי כל-דרכי נגדך | 168 |
Medi wo nkyerɛkyerɛ ne wʼahyɛdeɛ so, na wonim mʼakwan nyinaa.
תקרב רנתי לפניך יהוה כדברך הבינני | 169 |
Ao Awurade, ma me sufrɛ nnuru wʼanim; ma me nteaseɛ sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ.
תבוא תחנתי לפניך כאמרתך הצילני | 170 |
Ma me nkotosrɛ nnuru wʼanim; na gye me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.
תבענה שפתי תהלה כי תלמדני חקיך | 171 |
Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma; ɛfiri sɛ wokyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
תען לשוני אמרתך כי כל-מצותיך צדק | 172 |
Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom, ɛfiri sɛ wo mmaransɛm nyinaa tene.
תהי-ידך לעזרני כי פקודיך בחרתי | 173 |
Yɛ ahoboa bɛboa me, ɛfiri sɛ masɔ wo nkyerɛkyerɛ no mu.
תאבתי לישועתך יהוה ותורתך שעשעי | 174 |
Ao Awurade, mʼani agyina wo nkwagyeɛ, na wo mmara yɛ mʼanigyedeɛ.
תחי-נפשי ותהללך ומשפטך יעזרני | 175 |
Ma me ntena nkwa mu na matumi akamfo wo, na wo mmara nso awowa me.
תעיתי-- כשה אבד בקש עבדך כי מצותיך לא שכחתי | 176 |
Mafom ɛkwan sɛ odwan a wayera. Hwehwɛ wo ɔsomfoɔ, ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmaransɛm no.