< תהילים 115 >
לא לנו יהוה לא-לנו כי-לשמך תן כבוד--על-חסדך על-אמתך | 1 |
Ɛnyɛ yɛn, Awurade, ɛnyɛ yɛn, na wo din na anuonyam nka, wʼadɔe ne wo nokwaredi nti.
למה יאמרו הגוים איה-נא אלהיהם | 2 |
Adɛn nti na aman no bisa se, “Wɔn Nyankopɔn wɔ he?”
ואלהינו בשמים-- כל אשר-חפץ עשה | 3 |
Yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro; nea ɔpɛ biara na ɔyɛ.
עצביהם כסף וזהב מעשה ידי אדם | 4 |
Nanso wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a wɔde onipa nsa na ayɛ.
פה-להם ולא ידברו עינים להם ולא יראו | 5 |
Wɔwɔ ano, nanso wontumi nkasa; wɔwɔ ani, nanso wonhu ade.
אזנים להם ולא ישמעו אף להם ולא יריחון | 6 |
Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm; wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hua.
ידיהם ולא ימישון--רגליהם ולא יהלכו לא-יהגו בגרונם | 7 |
Wɔwɔ nsa, nanso wɔnte nka; wɔwɔ anan, nanso wɔnnantew. Wontumi mma nnyigyei bi mfi wɔn mene mu.
כמוהם יהיו עשיהם-- כל אשר-בטח בהם | 8 |
Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara, saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.
ישראל בטח ביהוה עזרם ומגנם הוא | 9 |
Mo Israelfo nyinaa, momfa mo ho nto Awurade so, ɔyɛ mo boafo ne kyɛm.
בית אהרן בטחו ביהוה עזרם ומגנם הוא | 10 |
Ao Aaronfi, momfa mo ho nto Awurade so, ɔyɛ mo boafo ne kyɛm.
יראי יהוה בטחו ביהוה עזרם ומגנם הוא | 11 |
Mo a musuro no, momfa mo ho nto Awurade so, ɔyɛ mo boafo ne kyɛm.
יהוה זכרנו יברך יברך את-בית ישראל יברך את-בית אהרן | 12 |
Awurade kae yɛn na obehyira yɛn: Obehyira Israelfi, obehyira Aaronfi
יברך יראי יהוה-- הקטנים עם-הגדלים | 13 |
Obehyira wɔn a wosuro Awurade, nketewa ne akɛse nyinaa.
יסף יהוה עליכם עליכם ועל בניכם | 14 |
Awurade mma wʼase nnɔ, wo ne wo mma.
ברוכים אתם ליהוה-- עשה שמים וארץ | 15 |
Awurade nhyira wo, ɔsoro ne asase Yɛfo no.
השמים שמים ליהוה והארץ נתן לבני-אדם | 16 |
Ɔsorosoro tɔnn yɛ Awurade de, nanso asase de, ɔde ama onipa.
לא המתים יהללו-יה ולא כל-ירדי דומה | 17 |
Ɛnyɛ awufo na wɔkamfo Awurade wɔn a wɔkɔ fam dinn no.
ואנחנו נברך יה-- מעתה ועד-עולם הללו-יה | 18 |
Yɛn na yɛma Awurade so nnɛ ne daa nyinaa. Monkamfo Awurade.