< תהילים 108 >
שיר מזמור לדוד נכון לבי אלהים אשירה ואזמרה אף-כבודי | 1 |
Dawid dwom. Onyankopɔn, me koma asi pi; mede me kra nyinaa bɛto wʼayeyi nnwom.
עורה הנבל וכנור אעירה שחר | 2 |
Munnyan, sanku ne bɛnta! Menyan anɔpahema.
אודך בעמים יהוה ואזמרך בלאמים | 3 |
Awurade, mɛkamfo wo wɔ aman mu; mɛto wo ho nnwom wɔ nnipa no mu.
כי-גדול מעל-שמים חסדך ועד-שחקים אמתך | 4 |
Wʼadɔe so, ɛkorɔn sen ɔsoro; wo nokwaredi du wim.
רומה על-שמים אלהים ועל כל-הארץ כבודך | 5 |
Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro, na ama wʼanuonyam aba asase nyinaa so.
למען יחלצון ידידיך הושיעה ימינך וענני | 6 |
Fa wo nsa nifa gye yɛn na boa yɛn, na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.
אלהים דבר בקדשו--אעלזה אחלקה שכם ועמק סכות אמדד | 7 |
Onyankopɔn akasa afi ne kronkronbea se, “Nkonim mu na mɛkyɛ Sekem mu na masusuw Sukot Bon.
לי גלעד לי מנשה ואפרים מעוז ראשי יהודה מחקקי | 8 |
Gilead yɛ me de; Manase nso saa ara; Efraim yɛ me dade kyɛw, Yuda yɛ mʼahempema.
מואב סיר רחצי--על-אדום אשליך נעלי עלי-פלשת אתרועע | 9 |
Moab yɛ me guasɛn, Edom so na metow me mpaboa gu; na meteɛ mu nkonimdi so gu Filistifo so.”
מי יבלני עיר מבצר מי נחני עד-אדום | 10 |
Hena na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu? Hena na obedi mʼanim akɔ Edom?
הלא-אלהים זנחתנו ולא-תצא אלהים בצבאתינו | 11 |
Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn na wo ne yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio ana?
הבה-לנו עזרת מצר ושוא תשועת אדם | 12 |
Boa yɛn tia ɔtamfo no, na ɔdesani mmoa nka hwee.
באלהים נעשה-חיל והוא יבוס צרינו | 13 |
Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim, na obetiatia yɛn atamfo so. Wɔde ma dwonkyerɛfo no.