< תהילים 105 >
הודו ליהוה קראו בשמו הודיעו בעמים עלילותיו | 1 |
Ɛda Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi. Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ.
שירו-לו זמרו-לו שיחו בכל-נפלאותיו | 2 |
Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no; monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa.
התהללו בשם קדשו ישמח לב מבקשי יהוה | 3 |
Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu; momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya akoma mu anigyeɛ.
דרשו יהוה ועזו בקשו פניו תמיד | 4 |
Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so; na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara.
זכרו--נפלאותיו אשר-עשה מפתיו ומשפטי-פיו | 5 |
Monkae anwanwadeɛ a wayɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ, ne atemmuo a ɔbuiɛ,
זרע אברהם עבדו בני יעקב בחיריו | 6 |
Ao Abraham mma, Onyankopɔn ɔsomfoɔ, Ao Yakob mma a wapa wɔn.
הוא יהוה אלהינו בכל-הארץ משפטיו | 7 |
Ɔyɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn. Nʼahennie da adi wɔ asase so nyinaa.
זכר לעולם בריתו דבר צוה לאלף דור | 8 |
Ɔkae nʼapam daa nyinaa, asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoantoasoɔ apem no,
אשר כרת את-אברהם ושבועתו לישחק | 9 |
apam a ɔne Abraham yɛeɛ no ntam a ɔka kyerɛɛ Isak no.
ויעמידה ליעקב לחק לישראל ברית עולם | 10 |
Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara, de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.
לאמר--לך אתן את-ארץ-כנען חבל נחלתכם | 11 |
Ɔkaa sɛ, “Mede Kanaan asase no bɛma wo sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapadeɛ.”
בהיותם מתי מספר כמעט וגרים בה | 12 |
Ɔkaa yei ɛberɛ a na wɔnnɔɔso, ahɔhokuo ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.
ויתהלכו מגוי אל-גוי מממלכה אל-עם אחר | 13 |
Wɔfirii aman so kɔɔ aman so; firii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.
לא-הניח אדם לעשקם ויוכח עליהם מלכים | 14 |
Wamma obi anhyɛ wɔn so; wɔn enti, ɔkaa ahene anim sɛ:
אל-תגעו במשיחי ולנביאי אל-תרעו | 15 |
“Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo; na monnyɛ mʼadiyifoɔ bɔne bi.”
ויקרא רעב על-הארץ כל-מטה-לחם שבר | 16 |
Ɔmaa ɛkɔm baa asase no so na ɔsɛee akwan a wɔfa so nya wɔn aduane nyinaa;
שלח לפניהם איש לעבד נמכר יוסף | 17 |
na ɔsomaa ɔbarima bi dii wɔn anim, Yosef a wɔtɔn no sɛ akoa no.
ענו בכבל רגליו (רגלו) ברזל באה נפשו | 18 |
Wɔde mpokyerɛ guu ne nan, na wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn hyɛɛ ne kɔn,
עד-עת בא-דברו-- אמרת יהוה צרפתהו | 19 |
kɔsii sɛ deɛ ɔhyɛɛ ho nkɔm no baa mu, kɔsii sɛ Awurade asɛm no daa no adi sɛ ɔyɛ nokwafoɔ.
שלח מלך ויתירהו משל עמים ויפתחהו | 20 |
Afei, ɔhene no soma ma wɔkɔgyaa no; aman no sodifoɔ gyaa no.
שמו אדון לביתו ומשל בכל-קנינו | 21 |
Ɔyɛɛ no ne fiefoɔ so wura, deɛ ɔwɔ nyinaa sodifoɔ,
לאסר שריו בנפשו וזקניו יחכם | 22 |
sɛ ɔnkyerɛ ne mmapɔmma deɛ ɔpɛ na ɔnkyerɛ ne mpanimfoɔ nyansa.
ויבא ישראל מצרים ויעקב גר בארץ-חם | 23 |
Afei, Israel kɔɔ Misraim; Yakob kɔtenaa Ham asase so sɛ ɔnanani.
ויפר את-עמו מאד ויעצמהו מצריו | 24 |
Awurade maa ne nkurɔfoɔ ase dɔreeɛ; ɔyɛɛ wɔn bebree dodo maa wɔn atamfoɔ,
הפך לבם לשנא עמו להתנכל בעבדיו | 25 |
wɔn a ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne nkurɔfoɔ na wɔmpam nʼasomfoɔ tiri so.
שלח משה עבדו אהרן אשר בחר-בו | 26 |
Ɔsomaa ne ɔsomfoɔ Mose, ne Aaron a na wayi noɔ no.
שמו-בם דברי אתותיו ומפתים בארץ חם | 27 |
Wɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ wɔn mu, nʼanwanwadeɛ wɔ Ham asase so.
שלח חשך ויחשך ולא-מרו את-דבריו (דברו) | 28 |
Ɔsomaa esum, na ɔmaa asase duruu sum ɛfiri sɛ na wɔate nʼasɛm no so atua.
הפך את-מימיהם לדם וימת את-דגתם | 29 |
Ɔmaa wɔn nsuo nyinaa danee mogya, nam so kumm emu mpataa.
שרץ ארצם צפרדעים בחדרי מלכיהם | 30 |
Mpɔtorɔ bɛhyɛɛ asase no so ma, na wɔhyɛnee ɔman no sodifoɔ mpia mu.
אמר ויבא ערב כנים בכל-גבולם | 31 |
Ɔkasaeɛ, na nwansena bebree ne ntontom baa ɔman no mu baabiara.
נתן גשמיהם ברד אש להבות בארצם | 32 |
Ɔmaa wɔn osutɔ danee ampariboɔ a anyinam nenam mu wɔ ɔman no nyinaa mu;
ויך גפנם ותאנתם וישבר עץ גבולם | 33 |
Ɔsɛee wɔn bobe ne borɔdɔma nnua na ɔbubuu ɔman no so nnua pasaa.
אמר ויבא ארבה וילק ואין מספר | 34 |
Ɔkasaeɛ, na ntutummɛ baeɛ mmɛbɛ a wɔntumi nkan wɔn;
ויאכל כל-עשב בארצם ויאכל פרי אדמתם | 35 |
wɔwee nhahammono biara a ɛwɔ wɔn asase no so, na wɔdii wɔn mfuo so nnuane.
ויך כל-בכור בארצם ראשית לכל-אונם | 36 |
Afei ɔkunkumm wɔn asase so mmakan nyinaa, wɔn mmarimayɛ mu aba a ɛdi ɛkan nyinaa.
ויוציאם בכסף וזהב ואין בשבטיו כושל | 37 |
Ɔyii Israelfoɔ, a wɔso dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, firii wɔn mmusuakuo mu a obiara ho antɔ kyima.
שמח מצרים בצאתם כי-נפל פחדם עליהם | 38 |
Misraim ani gyeeɛ ɛberɛ a wɔkɔeɛ, ɛfiri sɛ na Israelfoɔ ho hu atɔ wɔn so.
פרש ענן למסך ואש להאיר לילה | 39 |
Ɔtrɛɛ omununkum mu kataa wɔn so, na ɔde ogya maa wɔn, sɛ ɛnyɛ hann anadwo.
שאל ויבא שלו ולחם שמים ישביעם | 40 |
Wɔbisaeɛ, na ɔbrɛɛ wɔn mmoko. Ɔmaa ɔsoro aduane mee wɔn.
פתח צור ויזובו מים הלכו בציות נהר | 41 |
Ɔbuee ɔbotan mu maa nsuo firii mu baeɛ; na ɛtenee wɔ ɛserɛ no so sɛ asubɔnten.
כי-זכר את-דבר קדשו את-אברהם עבדו | 42 |
Ɔkaee ne bɔhyɛ kronkron bi a ɔhyɛɛ ne ɔsomfoɔ Abraham no.
ויוצא עמו בששון ברנה את-בחיריו | 43 |
Ɔyii ne nkurɔfoɔ maa wɔn ani gyeeɛ. Wɔn a wapa wɔn no dii ahurisie;
ויתן להם ארצות גוים ועמל לאמים יירשו | 44 |
ɔde amanaman no nsase maa wɔn, na deɛ ebinom abrɛ anya no bɛyɛɛ wɔn agyapadeɛ
בעבור ישמרו חקיו-- ותורתיו ינצרו הללו-יה | 45 |
na wɔahwɛ nʼahyɛdeɛ adi ne mmara so. Monyi Awurade ayɛ.