< מִשְׁלֵי 7 >
בני שמר אמרי ומצותי תצפן אתך | 1 |
Me ba, fa me nsɛm sie na kora mʼahyɛdeɛ wɔ wo mu.
שמר מצותי וחיה ותורתי כאישון עיניך | 2 |
Di mʼahyɛdeɛ so na wobɛnya nkwa; bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ deɛ wodɔ noɔ.
קשרם על-אצבעתיך כתבם על-לוח לבך | 3 |
Kyekyere bɔ wo nsateaa ho; twerɛ no yie gu wʼakoma ɛpono so.
אמר לחכמה אחתי את ומדע לבינה תקרא | 4 |
Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Wo yɛ me nuabaa,” na frɛ nteaseɛ wo busuani;
לשמרך מאשה זרה מנכריה אמריה החליקה | 5 |
Wɔbɛtwe wo afiri ɔbaawaresɛefoɔ ho, afiri ɔbaawarefoɔ sansani nsɛmmɔdɛ ho.
כי בחלון ביתי-- בעד אשנבי נשקפתי | 6 |
Me fie mpomma ano mede mʼani faa ntokua mu.
וארא בפתאים אבינה בבנים-- נער חסר-לב | 7 |
Mehunuu wɔ ntetekwaafoɔ mu, mehyɛɛ mmeranteɛ no mu baako nso, ɔbabunu a ɔnni adwene.
עבר בשוק אצל פנה ודרך ביתה יצעד | 8 |
Na ɔnam borɔno a ɛbɛn ɔbaa no fie so a nʼani kyerɛ ɔbaa no fie
בנשף-בערב יום באישון לילה ואפלה | 9 |
ɛberɛ a ɔnwunu redwoɔ, na animu rebiribiri no.
והנה אשה לקראתו שית זונה ונצרת לב | 10 |
Afei ɔbaa bi firi bɛhyiaa no a wasiesie ne ho sɛ odwamanfoɔ a nnaadaa wɔ nʼakomam.
המיה היא וסררת בביתה לא-ישכנו רגליה | 11 |
(Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho, ɔntena efie koraa;
פעם בחוץ--פעם ברחבות ואצל כל-פנה תארב | 12 |
ɛnnɛ wɔhunu no mmɔntene so, ɔkyena na ɔte adwaberem, ɔtetɛ wɔ mmantwea mmantwea.)
והחזיקה בו ונשקה לו העזה פניה ותאמר לו | 13 |
Ɔsɔɔ ne mu fee nʼano wamfɛre, na ɔkaa sɛ,
זבחי שלמים עלי היום שלמתי נדרי | 14 |
“Mewɔ ayɔnkofa ayɛyɛdeɛ wɔ efie; ɛnnɛ madi me bɔhyɛ so.
על-כן יצאתי לקראתך לשחר פניך ואמצאך | 15 |
Enti mebaeɛ sɛ merebɛhyia wo; mehwehwɛɛ wo na mahunu wo!
מרבדים רבדתי ערשי חטבות אטון מצרים | 16 |
Mato me mpa mede nwera a wɔahyɛ no aduro a ɛfiri Misraim.
נפתי משכבי-- מר אהלים וקנמון | 17 |
Mede nnuhwam apete me mpa so: kurobo, pɛperɛ ne sinamon.
לכה נרוה דדים עד-הבקר נתעלסה באהבים | 18 |
Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkɔsi anɔpa;
כי אין האיש בביתו הלך בדרך מרחוק | 19 |
Me kunu nni efie; watu kwan na ɔbɛkyɛre.
צרור-הכסף לקח בידו ליום הכסא יבא ביתו | 20 |
Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sikabɔtɔ ma na ɔremma kɔsi ɔsrane no korokumatwa berɛ mu.”
הטתו ברב לקחה בחלק שפתיה תדיחנו | 21 |
Ɔde akorɔkorɔ bɔɔ no asɔn; ɔde nnaadaa nyaa no ne no daeɛ.
הולך אחריה פתאם כשור אל-טבח יבא וכעכס אל-מוסר אויל | 22 |
Ɔdii nʼakyi prɛko pɛ te sɛ nantwie a ɔrekɔ akumiiɛ, anaa ɔwansane a ɔde ne tiri rekɔhyɛ hankrafidie mu
עד יפלח חץ כבדו-- כמהר צפור אל-פח ולא-ידע כי-בנפשו הוא | 23 |
kɔsi sɛ bɛmma bɛhwire ne brɛboɔ mu, te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afidie mu na ɔnnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.
ועתה בנים שמעו-לי והקשיבו לאמרי-פי | 24 |
Na afei, me mma, montie me; monyɛ aso mma deɛ meka.
אל-ישט אל-דרכיה לבך אל-תתע בנתיבותיה | 25 |
Mommma mo akoma mpatere nkɔ ne so na mommane mfa nʼakwan so.
כי-רבים חללים הפילה ועצמים כל-הרגיה | 26 |
Bebree na wɔnam ne so ahwehwe ase; wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.
דרכי שאול ביתה ירדות אל-חדרי-מות (Sheol ) | 27 |
Ne fie yɛ ɛda kwantempɔn a ɛkɔ owuo mpia mu. (Sheol )