< מִשְׁלֵי 27 >
אל-תתהלל ביום מחר כי לא-תדע מה-ילד יום | 1 |
Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wonnim deɛ ɛda bi de bɛba.
יהללך זר ולא-פיך נכרי ואל-שפתיך | 2 |
Ma ɔfoforɔ nkamfo wo; na ɛnyɛ wʼankasa; ma ɛmfiri ɔfoforɔ anomu na ɛnyɛ wo.
כבד-אבן ונטל החול וכעס אויל כבד משניהם | 3 |
Ɛboɔ mu yɛ duru, na anwea yɛ adesoa, nanso ɔkwasea abufuhyeɛ yɛ duru sene emu biara.
אכזריות חמה ושטף אף ומי יעמד לפני קנאה | 4 |
Abufuo tirim yɛ den, na abufuhyeɛ sɛe adeɛ, na hwan na ɔbɛtumi agyina ninkuntwe ano?
טובה תוכחת מגלה-- מאהבה מסתרת | 5 |
Animka a ɛda edwa yɛ sene ɔdɔ a asuma.
נאמנים פצעי אוהב ונעתרות נשיקות שונא | 6 |
Apirakuro a ɛfiri adamfo nkyɛn no yɛ sene ɔtamfoɔ mfeano bebrebe.
נפש שבעה תבוס נפת ונפש רעבה כל-מר מתוק | 7 |
Ɛwoɔ nyɛ deɛ wameeɛ akɔnnɔ, nanso deɛ ɛkɔm de noɔ no, deɛ ɛyɛ nwono yɛ nʼanom dɛ.
כצפור נודדת מן-קנה-- כן-איש נודד ממקומו | 8 |
Onipa a wayera ne fie ɛkwan, te sɛ anomaa a wafiri ne pirebuo mu rekyinkyini.
שמן וקטרת ישמח-לב ומתק רעהו מעצת-נפש | 9 |
Ngo ne aduhwam ma akoma ani gye, adamfo ho anigyeɛ firi nʼafotu pa a ɔma.
רעך ורעה (ורע) אביך אל-תעזב-- ובית אחיך אל-תבוא ביום אידך טוב שכן קרוב מאח רחוק | 10 |
Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu, nkɔ wo nuabarima fie ɛberɛ a ɔhaw ato woɔ, na ɔyɔnko a ɔbɛn woɔ no yɛ sene onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.
חכם בני ושמח לבי ואשיבה חרפי דבר | 11 |
Me ba, hunu nyansa na ma mʼakoma ani nnye; ɛno na ɛbɛma manya mmuaeɛ ama obiara a ɔbu me animtiaa.
ערום ראה רעה נסתר פתאים עברו נענשו | 12 |
Mmadwemma hunu asiane na wɔhinta, nanso ntetekwaafoɔ kɔ wɔn anim kɔtɔ mu.
קח-בגדו כי-ערב זר ובעד נכריה חבלהו | 13 |
Fa atadeɛ a ɛhyɛ obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu; sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa.
מברך רעהו בקול גדול--בבקר השכים קללה תחשב לו | 14 |
Sɛ obi team hyira ne yɔnko anɔpahema a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nnome.
דלף טורד ביום סגריר ואשת מדונים (מדינים) נשתוה | 15 |
Ɔyere ntɔkwapɛfoɔ te sɛ osutɔ da nsusosɔ a ɛnnyae da;
צפניה צפן-רוח ושמן ימינו יקרא | 16 |
sɛ wopata no a, ɛte sɛ deɛ wopata mframa anaa wode wo nsa bɛsɔ ngo mu.
ברזל בברזל יחד ואיש יחד פני-רעהו | 17 |
Dadeɛ se dadeɛ, saa ara na onipa se ɔfoforɔ.
נצר תאנה יאכל פריה ושמר אדניו יכבד | 18 |
Deɛ ɔhwɛ borɔdɔma dua so no bɛdi ɛso aba, na deɛ ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no animuonyam.
כמים הפנים לפנים-- כן לב-האדם לאדם | 19 |
Sɛdeɛ nsuo yi animdua kyerɛ no, saa ara na onipa akoma da onipa no adi.
שאול ואבדה לא תשבענה ועיני האדם לא תשבענה (Sheol ) | 20 |
Sɛdeɛ Owuo ne Ɔsɛeɛ bo ntɔ da no, saa ara, na onipa ani nso bo ntɔ da. (Sheol )
מצרף לכסף וכור לזהב ואיש לפי מהללו | 21 |
Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ, nanso wɔnam nkamfo a onipa nya so na ɛso no hwɛ.
אם תכתוש-את-האויל במכתש בתוך הריפות-- בעלי לא-תסור מעליו אולתו | 22 |
Sɛ wowɔ ɔkwasea wɔ ɔwaduro mu, sɛ wode ɔwɔma wɔ no te sɛ deɛ wosi aburoo a, worentumi nnyi agyimisɛm mfiri ne ho.
ידע תדע פני צאנך שית לבך לעדרים | 23 |
Ma ɛnyɛ wo asɛnhia sɛ wobɛhunu wo nnwankuo tebea, na ma wʼani nkɔ wʼanantwikuo so;
כי לא לעולם חסן ואם-נזר לדור דור (ודור) | 24 |
ɛfiri sɛ, ahonya ntena hɔ daa, na ahenkyɛ ntena hɔ mma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa.
גלה חציר ונראה-דשא ונאספו עשבות הרים | 25 |
Sɛ wotwa ɛserɛ no na foforɔ fifiri na wɔboaboa nkokoɔ so ɛserɛ no ano a,
כבשים ללבושך ומחיר שדה עתודים | 26 |
ɛnneɛ nnwammaa no bɛma wo ntoma, na mpɔnkye ama sika a ɛtɔ mfuo.
ודי חלב עזים--ללחמך ללחם ביתך וחיים לנערותיך | 27 |
Wobɛnya mmirekyie nufosuo bebree ama wo ne wʼabusuafoɔ adi ne aduane ama wo mmaawa.