< מִשְׁלֵי 27 >

אל-תתהלל ביום מחר כי לא-תדע מה-ילד יום 1
Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wunnim nea ɛda bi de bɛba.
יהללך זר ולא-פיך נכרי ואל-שפתיך 2
Ma ɔfoforo nkamfo wo; na ɛnyɛ wo ankasa; ma emfi ɔfoforo anom na ɛnyɛ wo.
כבד-אבן ונטל החול וכעס אויל כבד משניהם 3
Ɔbo mu yɛ duru, na nwea yɛ adesoa, nanso ɔkwasea abufuwhyew yɛ duru sen emu biara.
אכזריות חמה ושטף אף ומי יעמד לפני קנאה 4
Abufuw tirim yɛ den, na abufuwhyew sɛe ade, na hena na obetumi agyina ninkutwe ano?
טובה תוכחת מגלה-- מאהבה מסתרת 5
Animka a ɛda gua ye sen ɔdɔ a asuma.
נאמנים פצעי אוהב ונעתרות נשיקות שונא 6
Apirakuru a efi adamfo nkyɛn no ye sen ɔtamfo mfewano bebrebe.
נפש שבעה תבוס נפת ונפש רעבה כל-מר מתוק 7
Ɛwo nyɛ nea wamee akɔnnɔ, nanso nea ɛyɛ nwen mpo yɛ nea ɔkɔm de no no nʼanom dɛ.
כצפור נודדת מן-קנה-- כן-איש נודד ממקומו 8
Onipa a wayera ne fi kwan, te sɛ anomaa a wafi ne berebuw mu rekyinkyin.
שמן וקטרת ישמח-לב ומתק רעהו מעצת-נפש 9
Ngo ne aduhuam ma koma ani gye, adamfo ho anigye fi nʼafotu pa a ɔma.
רעך ורעה (ורע) אביך אל-תעזב-- ובית אחיך אל-תבוא ביום אידך טוב שכן קרוב מאח רחוק 10
Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu, nkɔ wo nuabarima fi bere a ɔhaw ato wo, na ɔyɔnko a ɔbɛn wo no ye sen onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.
חכם בני ושמח לבי ואשיבה חרפי דבר 11
Me ba, hu nyansa na ma me koma ani nnye; ɛno na ɛbɛma manya mmuae ama obiara a obu me animtiaa.
ערום ראה רעה נסתר פתאים עברו נענשו 12
Mmadwemma hu asiane na wohintaw, nanso ntetekwaafo kɔ wɔn anim kɔtɔ mu.
קח-בגדו כי-ערב זר ובעד נכריה חבלהו 13
Fa atade a ɛhyɛ obi a odi ɔhɔho akagyinamu; sɛ ɔregyina ɔbea huhufo akyi a, fa si awowa.
מברך רעהו בקול גדול--בבקר השכים קללה תחשב לו 14
Sɛ obi teɛ mu hyira ne yɔnko anɔpahema a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nnome.
דלף טורד ביום סגריר ואשת מדונים (מדינים) נשתוה 15
Ɔyere tɔkwapɛfo te sɛ ahumtuda nsusosɔ wɔ ɔdan a enwin so;
צפניה צפן-רוח ושמן ימינו יקרא 16
sɛ wopata no a, ɛte sɛ nea wopata mframa anaa wode wo nsa beso ngo mu.
ברזל בברזל יחד ואיש יחד פני-רעהו 17
Dade sew dade, saa ara na onipa sew ɔfoforo.
נצר תאנה יאכל פריה ושמר אדניו יכבד 18
Nea ɔhwɛ borɔdɔma dua so no bedi so aba, na nea ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no anuonyam.
כמים הפנים לפנים-- כן לב-האדם לאדם 19
Sɛnea nsu yi animdua kyerɛ no, saa ara na onipa koma da onipa no adi.
שאול ואבדה לא תשבענה ועיני האדם לא תשבענה (Sheol h7585) 20
Sɛnea Owu ne Ɔsɛe bo ntɔ da no, saa ara, na onipa ani nso bo ntɔ da. (Sheol h7585)
מצרף לכסף וכור לזהב ואיש לפי מהללו 21
Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ, nanso wɔnam nkamfo a onipa nya so na ɛsɔ no hwɛ.
אם תכתוש-את-האויל במכתש בתוך הריפות-- בעלי לא-תסור מעליו אולתו 22
Sɛ wowɔw ɔkwasea wɔ ɔwaduru mu, sɛ wode ɔwɔma wɔw no te sɛnea wusiw aburow a, worentumi nyi agyimisɛm mfi ne ho.
ידע תדע פני צאנך שית לבך לעדרים 23
Ma ɛnyɛ wo asɛnhia sɛ wubehu wo nguankuw tebea, na ma wʼani nkɔ wo anantwikuw so;
כי לא לעולם חסן ואם-נזר לדור דור (ודור) 24
efisɛ, ahonya ntena hɔ daa, na ahenkyɛw ntena hɔ mma awo ntoantoaso nyinaa.
גלה חציר ונראה-דשא ונאספו עשבות הרים 25
Sɛ wotwa sare no na foforo fifi, na wɔboaboa nkoko so sare no ano a,
כבשים ללבושך ומחיר שדה עתודים 26
ɛno de, nguantenmma no bɛma wo ntama, na mmirekyi ama sika a ɛtɔ mfuw.
ודי חלב עזים--ללחמך ללחם ביתך וחיים לנערותיך 27
Wubenya mmirekyi nufusu bebree ama wo ne wʼabusuafo adi ne aduan ama wo mmaawa.

< מִשְׁלֵי 27 >