< במדבר 5 >

וידבר יהוה אל משה לאמר 1
Eyi ne mmara a Awurade san hyɛ maa Mose:
צו את בני ישראל וישלחו מן המחנה כל צרוע וכל זב וכל טמא לנפש 2
“Ka kyerɛ Israelfo no se, ɛsɛ sɛ wɔpam akwatafo nyinaa fi atenae hɔ. Wɔn a kuru atutu wɔn ne wɔn a wɔde wɔn nsa akɔka funu nti wɔn ho agu fi nyinaa no, ɛsɛ sɛ wɔpam wɔn.
מזכר עד נקבה תשלחו אל מחוץ למחנה תשלחום ולא יטמאו את מחניהם אשר אני שכן בתוכם 3
Mmarima ne mmea nyinaa ka ho. Yi wɔn nyinaa fi hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ na atenae a me ne mo bɛtena no ho rengu fi.”
ויעשו כן בני ישראל וישלחו אותם אל מחוץ למחנה כאשר דבר יהוה אל משה כן עשו בני ישראל 4
Wodii Awurade mmara no so.
וידבר יהוה אל משה לאמר 5
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
דבר אל בני ישראל איש או אשה כי יעשו מכל חטאת האדם למעל מעל ביהוה ואשמה הנפש ההוא 6
“Ka kyerɛ Israelfo no se, sɛ ɔbarima o, ɔbea o, odi Awurade huammɔ a, ɛyɛ bɔne.
והתודו את חטאתם אשר עשו והשיב את אשמו בראשו וחמישתו יסף עליו ונתן לאשר אשם לו 7
Ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne na ade a owiae no, otua ho ka nyinaa na ɔsan de ɛho ka no nkyɛmu ɔha mu aduonu ka ho de ma onipa ko a ɔbɔɔ no korɔn no.
ואם אין לאיש גאל להשיב האשם אליו--האשם המושב ליהוה לכהן מלבד איל הכפרים אשר יכפר בו עליו 8
Na sɛ onipa ko a wɔyɛɛ no bɔne no awu na onni obusuani biara a ɔbɛn no a wobetua ho ka ama no, na ɛsɛ sɛ wotua ma ɔsɔfo a, ɛsɛ sɛ wɔde odwennini ka ho sɛ mpatade. Ɛyɛ Awurade de.
וכל תרומה לכל קדשי בני ישראל אשר יקריבו לכהן--לו יהיה 9
Akyɛde kronkron a Israelfo de bɛkyɛ ɔsɔfo no yɛ ne de.
ואיש את קדשיו לו יהיו איש אשר יתן לכהן לו יהיה 10
Ɔsɔfo biara bɛfa akyɛde kronkron biara a ne nsa bɛka.”
וידבר יהוה אל משה לאמר 11
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
דבר אל בני ישראל ואמרת אלהם איש איש כי תשטה אשתו ומעלה בו מעל 12
“Ka kyerɛ Israelfo no se, sɛ ɔbarima bi yere kɔbɔ aguaman
ושכב איש אתה שכבת זרע ונעלם מעיני אישה ונסתרה והיא נטמאה ועד אין בה והוא לא נתפשה 13
nanso onhu asɛm no mu nokware na onya ɔdanseni
ועבר עליו רוח קנאה וקנא את אשתו והוא נטמאה או עבר עליו רוח קנאה וקנא את אשתו והיא לא נטמאה 14
na ɔtwe ho ninkunu na ɔnte ne ho ase a,
והביא האיש את אשתו אל הכהן והביא את קרבנה עליה עשירת האיפה קמח שערים לא יצק עליו שמן ולא יתן עליו לבנה--כי מנחת קנאת הוא מנחת זכרון מזכרת עון 15
ɔbarima no de ne yere no bɛkɔ ɔsɔfo anim a ɔbea no ho afɔrebɔde a ɛyɛ atokosiam a wɔmfaa ohuam ngo mfrae lita abien ka ho. Efisɛ ɛyɛ ninkutwe afɔrebɔ. Ɛno na ɛbɛma nokware ada adi ama wɔahu sɛ ɔbea no di fɔ anaa odi bem.
והקריב אתה הכהן והעמדה לפני יהוה 16
“Ɔsɔfo no de ɔbea no bɛba Awurade anim,
ולקח הכהן מים קדשים בכלי חרש ומן העפר אשר יהיה בקרקע המשכן יקח הכהן ונתן אל המים 17
na wasaw Ahyiae Ntamadan no mu mfutuma de afra nsu kronkron a egu asuhina kɛse bi mu no.
והעמיד הכהן את האשה לפני יהוה ופרע את ראש האשה ונתן על כפיה את מנחת הזכרון מנחת קנאת הוא וביד הכהן יהיו מי המרים המאררים 18
Ɔbɛsan ne ti a wakyekyere no na ɔde ninkunu afɔrebɔde no agu ne nsam de ahwɛ sɛ ɔbarima no nsusuwii no yɛ nokware ampa ara anaasɛ ɛnyɛ nokware. Ɔsɔfo no begyina nʼanim a okura nsu nwenweenwen a ɛde mmusu ba no.
והשביע אתה הכהן ואמר אל האשה אם לא שכב איש אתך ואם לא שטית טמאה תחת אישך--הנקי ממי המרים המאררים האלה 19
Ɔbɛma no aka ntam sɛ onnim asɛm no ho hwee na waka akyerɛ no se, sɛ wo ne ɔbarima biara nnae ka wo kunu nko ara ho de a, ɛno de, wo ho ntew mfi nsu nwenweenwen a ɛde mmusu ba yi ho. Na sɛ woabɔ aguaman a, ɛno de, Awurade bɛdome wo wɔ wo nkurɔfo mu. Ɔbɛma wo srɛ aporɔw na wo yafunu ahon. Na ɔbea no bɛka se, ‘Yiw, saa na ɛsɛ sɛ ɛba.’
ואת כי שטית תחת אישך--וכי נטמאת ויתן איש בך את שכבתו מבלעדי אישך 20
והשביע הכהן את האשה בשבעת האלה ואמר הכהן לאשה יתן יהוה אותך לאלה ולשבעה בתוך עמך--בתת יהוה את ירכך נפלת ואת בטנך צבה 21
ובאו המים המאררים האלה במעיך לצבות בטן ולנפל ירך ואמרה האשה אמן אמן 22
וכתב את האלת האלה הכהן--בספר ומחה אל מי המרים 23
“Ɔsɔfo no bɛkyerɛw nnome yi nyinaa agu nhoma bi mu na wahohoro agu nsu nwenweenwen no mu.
והשקה את האשה את מי המרים המאררים ובאו בה המים המאררים למרים 24
Sɛ ɛsɛ sɛ ɔbea no nom nsu no na sɛ ɔnom wɔ bere a wayɛ bɔne a, ɛyɛ nwenweenwen wɔ ne mu.
ולקח הכהן מיד האשה את מנחת הקנאת והניף את המנחה לפני יהוה והקריב אתה אל המזבח 25
Afei, ɔsɔfo no begye ninkunu afɔrebɔde no afi ɔbea no nsam na wahinhim wɔ Awurade anim na ɔde akɔ afɔremuka no so.
וקמץ הכהן מן המנחה את אזכרתה והקטיר המזבחה ואחר ישקה את האשה את המים 26
Ɔbɛsaw ne nsa ma de asi ne nyinaa anan na wahyew no wɔ afɔremuka no so na wama ɔbea no anom nsu no.
והשקה את המים והיתה אם נטמאה ותמעל מעל באישה--ובאו בה המים המאררים למרים וצבתה בטנה ונפלה ירכה והיתה האשה לאלה בקרב עמה 27
Sɛ ne ho agu fi na wabɔ aguaman atia ne kunu a, nsu a wanom no bɛyɛ nwenweenwen wɔ ne mu na ne yafunu ahon na ne srɛ aporɔw na wayɛ nnome wɔ ne nkurɔfo mu.
ואם לא נטמאה האשה וטהרה הוא--ונקתה ונזרעה זרע 28
Sɛ ɔyɛ kronkron a ɔmmɔɔ aguaman a, wɔrenhaw no, na ɛrenkyɛ, obenyinsɛn.
זאת תורת הקנאת אשר תשטה אשה תחת אישה ונטמאה 29
“Eyi ne mmara a ɛfa ɔbea a ne bra nye na ne kunu twe ne ho ninkunu
או איש אשר תעבר עליו רוח קנאה--וקנא את אשתו והעמיד את האשה לפני יהוה ועשה לה הכהן את כל התורה הזאת 30
de hwehwɛ mu hu sɛ odi ne kunu nokware anaa onni no nokware no ho. Ɔde no bɛba Awurade anim na ɔsɔfo no adi dwuma a wɔabobɔ so no nyinaa.
ונקה האיש מעון והאשה ההוא תשא את עונה 31
Wɔrenni ne kunu no asɛm wɔ baabiara sɛ wama ɔyare bɔne bi aba ne yere so, efisɛ ɛyɛ ɔno ara na ɔma ɛbaa saa.”

< במדבר 5 >