< במדבר 4 >
וידבר יהוה אל משה ואל אהרן לאמר | 1 |
Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:
נשא את ראש בני קהת מתוך בני לוי--למשפחתם לבית אבתם | 2 |
“Kan Kohatfoɔ no dodoɔ a wɔwɔ Lewifoɔ no abusua mu.
מבן שלשים שנה ומעלה ועד בן חמשים שנה--כל בא לצבא לעשות מלאכה באהל מועד | 3 |
Saa nnipakan yi bɛyɛ mmarima nko ara a wɔadi firi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu.
זאת עבדת בני קהת באהל מועד--קדש הקדשים | 4 |
“Kohat mma no dwumadie ne sɛ wɔbɛhwɛ akronkronneɛ no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.
ובא אהרן ובניו בנסע המחנה והורדו את פרכת המסך וכסו בה--את ארן העדת | 5 |
Sɛ wɔretu afiri atenaeɛ hɔ a, Aaron ne ne mma mmarima na wɔbɛdi ɛkan akɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu akɔfa nkatanimu no de akata adaka no ho.
ונתנו עליו כסוי עור תחש ופרשו בגד כליל תכלת מלמעלה ושמו בדיו | 6 |
Afei, wɔde abirekyie nwoma bɛkata nkatanimu no ho na wɔde ntoma tuntum akata abirekyie nhoma no ho na wɔde nnua a wɔde soa adaka no ahyehyɛ ne nkawa no mu.
ועל שלחן הפנים יפרשו בגד תכלת ונתנו עליו את הקערת ואת הכפת ואת המנקית ואת קשות הנסך ולחם התמיד עליו יהיה | 7 |
“Afei, wɔmfa ntoma tuntum nsɛ ɛpono a Hyiadan mu Burodo no da so no so, na wɔmfa nyowaa, ntere, dwaresɛn akɛseɛ, nkuruwa ne Burodo no ngu ntoma no so.
ופרשו עליהם בגד תולעת שני וכסו אתו במכסה עור תחש ושמו את בדיו | 8 |
Wɔde ntoma kɔkɔɔ bɛkata so na wɔasane de abirekyie nhoma akata ntoma kɔkɔɔ no so. Na afei, wɔde nnua a wɔde bɛsoa no ahyehyɛ ɛpono no mu.
ולקחו בגד תכלת וכסו את מנרת המאור ואת נרתיה ואת מלקחיה ואת מחתתיה ואת כל כלי שמנה אשר ישרתו לה בהם | 9 |
“Afei, ɛsɛ sɛ wɔde ntoma tuntum kata kaneadua no, nkanea no, adaawa no, nkukuo apaawa no ne ngo toa no ho.
ונתנו אתה ואת כל כליה אל מכסה עור תחש ונתנו על המוט | 10 |
Saa nneɛma yi nyinaa nso, wɔde abirekyie nhoma bɛkata ho na wɔde nkyekyereeɛ yi nyinaa abɛgu ɛpono so.
ועל מזבח הזהב יפרשו בגד תכלת וכסו אתו במכסה עור תחש ושמו את בדיו | 11 |
“Ɛsɛ sɛ wɔde ntoma tuntum kata sikakɔkɔɔ afɔrebukyia no so na wɔsane de abirekyie nhoma kata so bio na wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛ afɔrebukyia no mu.
ולקחו את כל כלי השרת אשר ישרתו בם בקדש ונתנו אל בגד תכלת וכסו אותם במכסה עור תחש ונתנו על המוט | 12 |
“Hyiadan no mu som no ho nneɛma a aka no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔde ntoma bibire kyekyere ho a wɔde abirekyie nhoma asane akyekyere ho na wɔde to mpata a wɔde soa no so.
ודשנו את המזבח ופרשו עליו בגד ארגמן | 13 |
“Ɛsɛ sɛ wɔtu nsõ no nyinaa firi afɔrebukyia no mu guo, na wɔde ntoma kɔkɔɔ bibire kyekyere ho.
ונתנו עליו את כל כליו אשר ישרתו עליו בהם את המחתת את המזלגת ואת היעים ואת המזרקת--כל כלי המזבח ופרשו עליו כסוי עור תחש--ושמו בדיו | 14 |
Ɛsɛ sɛ wɔde afɔrebukyia no ho ɔsom nneɛma nyinaa gu ntoma no so. Saa nneɛma no ne nkyɛnsee a wɔnoa mu, nsosɔmu, sofi, kyɛnsee kɛseɛ ne nneɛma a wɔkora mu nneɛma gu ntoma no so na wɔde abirekyie nhoma kata ne nyinaa so. Na afei, wɔde nnua a wɔde soa no gu faako a ɛsɛ sɛ wɔde guo.
וכלה אהרן ובניו לכסת את הקדש ואת כל כלי הקדש בנסע המחנה ואחרי כן יבאו בני קהת לשאת ולא יגעו אל הקדש ומתו אלה משא בני קהת באהל מועד | 15 |
“Sɛ Aaron ne ne mma mmarima no wie kronkronbea hɔ nneɛma no anoboa a, Kohat ne nʼabusuafoɔ bɛba abɛsoa akɔ baabiara a wɔretu nneɛma akɔ. Nanso wɔnni ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka nneɛma a ɛho te no bi. Wɔyɛ saa a, wɔbɛwuwu. Kohat mma na ɛsɛ sɛ wɔsoa nneɛma a ɛwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.
ופקדת אלעזר בן אהרן הכהן שמן המאור וקטרת הסמים ומנחת התמיד ושמן המשחה פקדת כל המשכן וכל אשר בו בקדש ובכליו | 16 |
“Aaron babarima Eleasa na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde bɛsɔ kanea, nnuhwam, daa aduane a wɔde bɔ afɔdeɛ, ɔsra ngo ne Ahyiaeɛ Ntomadan no nyinaa so. Biribibiara a ɛwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nso, ɔbɛhwɛ so.”
וידבר יהוה אל משה ואל אהרן לאמר | 17 |
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ,
אל תכריתו את שבט משפחת הקהתי מתוך הלוים | 18 |
“Monntwa Kohatfoɔ abusuakuo no mfiri Lewifoɔ mu.
וזאת עשו להם וחיו ולא ימתו בגשתם את קדש הקדשים אהרן ובניו יבאו ושמו אותם איש איש על עבדתו ואל משאו | 19 |
Sɛ wɔresoa nneɛma a ɛho te no a, deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ a wɔrenwuwu nie: Ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mma mmarima no ne wɔn kɔ hɔ kɔkyerɛ wɔn adeɛ a ɛsɛ sɛ wɔn mu biara soa.
ולא יבאו לראות כבלע את הקדש ומתו | 20 |
Sɛ wɔanyɛ saa a, ɛnsɛ sɛ wɔkɔ kronkronbea hɔ koraa. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛhunu nneɛma a ɛho te no na ɛrenkyɛre koraa wɔawuwu.”
וידבר יהוה אל משה לאמר | 21 |
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
נשא את ראש בני גרשון--גם הם לבית אבתם למשפחתם | 22 |
“Kan Gerson asefoɔ a wɔfra Lewifoɔ abusua mu no,
מבן שלשים שנה ומעלה עד בן חמשים שנה--תפקד אותם כל הבא לצבא צבא לעבד עבדה באהל מועד | 23 |
firi mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma kronkron wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ so.
זאת עבדת משפחת הגרשני--לעבד ולמשא | 24 |
“Gerson mmusua no dwuma a wɔbɛdie nie:
ונשאו את יריעת המשכן ואת אהל מועד מכסהו ומכסה התחש אשר עליו מלמעלה ואת מסך--פתח אהל מועד | 25 |
Wɔbɛsoa ntoma a ɛtwa Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ, Ahyiaeɛ Ntomadan no ankasa ne deɛ ɛkata ho, abirekyie nhoma nkurusoɔ ne ntoma a ɛsɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no.
ואת קלעי החצר ואת מסך פתח שער החצר אשר על המשכן ועל המזבח סביב ואת מיתריהם ואת כל כלי עבדתם ואת כל אשר יעשה להם ועבדו | 26 |
Afei, wɔbɛsoa nkataho a ɛkata adihɔ hɔ ɔfasuo no ho no. Wɔbɛsoa ntoma a ɛtwa adihɔ hɔ ɛkwan no ano ne afɔrebukyia ne Ahyiaeɛ Ntomadan no ntam no. Wɔbɛsoa afɔrebukyia no, ntampehoma ne deɛ ɛkeka ho nyinaa. Wɔn na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ, twe yeinom nyinaa.
על פי אהרן ובניו תהיה כל עבדת בני הגרשני לכל משאם ולכל עבדתם ופקדתם עלהם במשמרת את כל משאם | 27 |
Aaron anaa ne mmammarima no bi tumi ma Gerson asefoɔ no bi dwuma di.
זאת עבדת משפחת בני הגרשני--באהל מועד ומשמרתם--ביד איתמר בן אהרן הכהן | 28 |
Nanso Gersonfoɔ no bɛhyɛ Aaron Itamar ase.
בני מררי--למשפחתם לבית אבתם תפקד אתם | 29 |
“Afei, kan Merari asefoɔ a wɔfra Lewifoɔ abusua mu no
מבן שלשים שנה ומעלה ועד בן חמשים שנה--תפקדם כל הבא לצבא לעבד את עבדת אהל מועד | 30 |
ɛfiri mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum so a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ.
וזאת משמרת משאם לכל עבדתם באהל מועד קרשי המשכן ובריחיו ועמודיו ואדניו | 31 |
Sɛ wɔpagya Ahyiaeɛ Ntomadan no a, wɔn na ɛsɛ sɛ wɔsoa ne nnyinasoɔ, nnua a ɛsisi mu, ne nsisisoɔ
ועמודי החצר סביב ואדניהם ויתדתם ומיתריהם לכל כליהם ולכל עבדתם ובשמת תפקדו את כלי משמרת משאם | 32 |
mpunan a wɔde yɛɛ adihɔ hɔ afasuo no ne ne nsisisoɔ, mpɛɛwa, ntampehoma ne biribiara a wɔde di ho dwuma. Fa dwumadie ahodoɔ no hyɛ nnipa a wobɛbobɔ wɔn edin nsa.
זאת עבדת משפחת בני מררי לכל עבדתם באהל מועד--ביד איתמר בן אהרן הכהן | 33 |
Merari asefoɔ no, Aaron babarima Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn so.”
ויפקד משה ואהרן ונשיאי העדה את בני הקהתי למשפחתם ולבית אבתם | 34 |
Enti Mose ne Aaron ne mpanimfoɔ no bi kɔkan Kohatfoɔ
מבן שלשים שנה ומעלה ועד בן חמשים שנה--כל הבא לצבא לעבדה באהל מועד | 35 |
a mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum nyinaa a wɔbɛtumi ayɛ Ahyiaeɛ Ntomadan mu adwuma ka ho,
ויהיו פקדיהם למשפחתם--אלפים שבע מאות וחמשים | 36 |
na wɔhunuu sɛ wɔn nyinaa dodoɔ yɛ mpem mmienu ne ahanson aduonum.
אלה פקודי משפחת הקהתי כל העבד באהל מועד אשר פקד משה ואהרן על פי יהוה ביד משה | 37 |
Wɔyɛɛ yeinom nyinaa de dii Awurade ahyɛdeɛ a ɔhyɛɛ Mose no so.
ופקודי בני גרשון למשפחותם ולבית אבתם | 38 |
Wɔkan Gersonfoɔ no mmusua ne wɔn mmusuakuo.
מבן שלשים שנה ומעלה ועד בן חמשים שנה--כל הבא לצבא לעבדה באהל מועד | 39 |
Wɔkan mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.
ויהיו פקדיהם למשפחתם לבית אבתם--אלפים ושש מאות ושלשים | 40 |
Wɔn nyinaa dodoɔ yɛɛ mpem mmienu ahansia ne aduasa.
אלה פקודי משפחת בני גרשון כל העבד באהל מועד--אשר פקד משה ואהרן על פי יהוה | 41 |
Enti na Gersonfoɔ a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nyinaa dodoɔ ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no.
ופקודי משפחת בני מררי למשפחתם לבית אבתם | 42 |
Merarifoɔ no nso, wɔkan wɔn mmusua ne wɔn mmusuakuo.
מבן שלשים שנה ומעלה ועד בן חמשים שנה--כל הבא לצבא לעבדה באהל מועד | 43 |
Wɔkan wɔn mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔfata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.
ויהיו פקדיהם למשפחתם--שלשת אלפים ומאתים | 44 |
Wɔn nyinaa dodoɔ yɛɛ mpem mmiɛnsa ne ahanu.
אלה פקודי משפחת בני מררי אשר פקד משה ואהרן על פי יהוה ביד משה | 45 |
Enti Merarifoɔ a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nyinaa dodoɔ ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.
כל הפקדים אשר פקד משה ואהרן ונשיאי ישראל--את הלוים למשפחתם ולבית אבתם | 46 |
Enti Mose ne Aaron ne Israel mpanimfoɔ nam Lewifoɔ no mmusua ne wɔn afie so kan wɔn nyinaa.
מבן שלשים שנה ומעלה ועד בן חמשים שנה כל הבא לעבד עבדת עבדה ועבדת משא--באהל מועד | 47 |
Mmarima a na wɔadi firi mfeɛ aduasa kɔsi mfeɛ aduonum no nyinaa a na wɔfata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ no ne wɔn a wɔbɛsoa akɔ no
ויהיו פקדיהם--שמנת אלפים וחמש מאות ושמנים | 48 |
dodoɔ yɛ mpem aha nwɔtwe ahanum ne aduɔwɔtwe.
על פי יהוה פקד אותם ביד משה--איש איש על עבדתו ועל משאו ופקדיו אשר צוה יהוה את משה | 49 |
Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ Mose no enti na wɔnam so kanee nnipa no.