< במדבר 15 >

וידבר יהוה אל משה לאמר 1
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
דבר אל בני ישראל ואמרת אלהם כי תבאו אל ארץ מושבתיכם אשר אני נתן לכם 2
“Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ mokɔtena asase a mede rema mo no so
ועשיתם אשה ליהוה עלה או זבח לפלא נדר או בנדבה או במעדיכם--לעשות ריח ניחח ליהוה מן הבקר או מן הצאן 3
na mopɛ sɛ mobɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre biara a wɔbɔ a eyi hua a ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ aboa a ofi mo nguankuw anaa nantwibuw mu. Sɛ ɛyɛ ɔhyew afɔre, anaa afɔrebɔ a wɔde hyɛ bɔ, anaa afɔrebɔ a efi ɔpɛ mu, anaa afɔrebɔ a wɔbɔ no afirihyia mu nnapɔnna bi mu no a, ɛsɛ sɛ wɔde aduan afɔrebɔde ka ho.
והקריב המקריב קרבנו ליהוה--מנחה סלת עשרון בלול ברבעית ההין שמן 4
Nea ɔde ba no, ɛsɛ sɛ ɔde aduan afɔrebɔde a ɛyɛ esiam muhumuhu kilogram abien a wɔde ngo lita baako afra ka ho ma Awurade.
ויין לנסך רביעית ההין תעשה על העלה או לזבח--לכבש האחד 5
Oguamma biara a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no, ɛsɛ sɛ wɔde nsa afɔrebɔde a ɛyɛ bobesa lita baako ka ho.
או לאיל תעשה מנחה סלת שני עשרנים בלולה בשמן שלשית ההין 6
“‘Sɛ odwennini na wode rebɔ afɔre a, fa esiam muhumuhu lita abiɛsa fra ngo lita baako,
ויין לנסך שלשית ההין--תקריב ריח ניחח ליהוה 7
ne bobesa lita baako sɛ ɔnom afɔrebɔde. Mommɔ mma enyi hua a ɛbɛsɔ Awurade ani.
וכי תעשה בן בקר עלה או זבח לפלא נדר או שלמים ליהוה 8
“‘Sɛ wosiesie nantwi ba ma ɔhyew afɔre anaa afɔrebɔde de hyɛ bɔ sononko bi anaa ayɔnkofa asikresiam afɔre a worebɔ ama Awurade a,
והקריב על בן הבקר מנחה סלת שלשה עשרנים בלול בשמן חצי ההין 9
fa atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia ne fa ne ngo lita abien ka nantwi no ho
ויין תקריב לנסך חצי ההין--אשה ריח ניחח ליהוה 10
a bobesa lita abien ka ho sɛ ɔnom afɔrebɔde. Eyi bɛyɛ aduan afɔrebɔ a ebeyi hua asɔ Awurade ani.
ככה יעשה לשור האחד או לאיל האחד או לשה בכבשים או בעזים 11
Ɛsɛ sɛ wɔfa saa kwan yi so siesie nantwi, odwennini, oguamma anaa abirekyi ba a wɔde bɔ afɔre no.
כמספר אשר תעשו--ככה תעשו לאחד כמספרם 12
Afɔrebɔde biara no, ɛsɛ sɛ mofa saa ɔkwan yi so siesie no.
כל האזרח יעשה ככה את אלה להקריב אשה ריח ניחח ליהוה 13
“‘Ɛsɛ sɛ Israelni biara fa saa ɔkwan yi so siesie ne aduan afɔrebɔ a eyi hua na ɛsɔ Awurade ani na ɔde ba.
וכי יגור אתכם גר או אשר בתוככם לדרתיכם ועשה אשה ריח ניחח ליהוה--כאשר תעשו כן יעשה 14
Na sɛ ahɔho a wɔte mo mu no pɛ sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ma eyi hua a ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ wɔfa saa ɔkwan koro no ara so wɔ awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu.
הקהל חקה אחת לכם ולגר הגר חקת עולם לדרתיכם ככם כגר יהיה לפני יהוה 15
Mmara no wɔ hɔ ma mo nyinaa; ɔmanfo ne ahɔho; na ɛyɛ nokware a etim hɔ daa de kosi awo ntoatoaso a ɛbɛba no mu. Mo ne ahɔho nyinaa yɛ pɛ wɔ Awurade anim.
תורה אחת ומשפט אחד יהיה לכם ולגר הגר אתכם 16
Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo ne ahɔho a wɔtete mo mu no nyinaa.’”
וידבר יהוה אל משה לאמר 17
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
דבר אל בני ישראל ואמרת אלהם בבאכם אל הארץ אשר אני מביא אתכם שמה 18
“Kasa kyerɛ Israelfo no se: ‘Sɛ mudu asase a mede mo rekɔ so no so
והיה באכלכם מלחם הארץ--תרימו תרומה ליהוה 19
na mudi asase no so aduan a, momfa bi mmɔ afɔre mma Awurade.
ראשית ערסתכם--חלה תרימו תרומה כתרומת גרן כן תרימו אתה 20
Atoko a mobɛyam a edi kan no, momfa nto ɔfam nto nkyɛn sɛ akyɛde sɛnea moyɛ atoko otwakan no wɔ awiporowbea no.
מראשית ערסתיכם תתנו ליהוה תרומה--לדרתיכם 21
Awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔre a efi mo aduan a edi kan a moanya mu yi ma Awurade.
וכי תשגו--ולא תעשו את כל המצות האלה אשר דבר יהוה אל משה 22
“‘Sɛ mo, sɛ nnipakuw, anhyɛ da na mubu saa mmara a Awurade nam Mose so de ama mo yi so,
את כל אשר צוה יהוה אליכם ביד משה מן היום אשר צוה יהוה והלאה--לדרתיכם 23
mmara ahorow a Awurade nam ne so de ama mo yi so, efi da a Awurade de maa mo de fa awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu,
והיה אם מעיני העדה נעשתה לשגגה ועשו כל העדה פר בן בקר אחד לעלה לריח ניחח ליהוה ומנחתו ונסכו כמשפט ושעיר עזים אחד לחטת 24
na sɛ wɔnam awerɛfiri so fom a nnipa no nyinaa nnim a, ɛsɛ sɛ ɔman no nyinaa de aduan afɔrebɔde ne ɔnom afɔrebɔde ne ɔpapo a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔre ka ho.
וכפר הכהן על כל עדת בני ישראל--ונסלח להם כי שגגה הוא--והם הביאו את קרבנם אשה ליהוה וחטאתם לפני יהוה על שגגתם 25
Na ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no yɛ mpata ma Israelfo nyinaa na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn; efisɛ, ɛyɛ mfomso, na wɔnam ɔhyew afɔrebɔ so abɔ afɔre wɔ Awurade anim a wɔn bɔne afɔrebɔde ka ho.
ונסלח לכל עדת בני ישראל ולגר הגר בתוכם כי לכל העם בשגגה 26
Wɔde nnipa no nyinaa a ahɔho a wɔte wɔn mu ka ho no bɔne bɛkyɛ wɔn, efisɛ ɔmanfo no nyinaa na wɔyɛɛ mfomso a wɔanhyɛ da; na wɔde akyɛ wɔn nyinaa.
ואם נפש אחת תחטא בשגגה--והקריבה עז בת שנתה לחטאת 27
“‘Nanso sɛ onipa baako bi yɛ mfomso awerɛfiri mu a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibere ba a wadi afe bɛbɔ bɔne ho afɔre.
וכפר הכהן על הנפש השגגת בחטאה בשגגה--לפני יהוה לכפר עליו ונסלח לו 28
Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no yɛ mpata ma nea ɔfom no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no.
האזרח בבני ישראל ולגר הגר בתוכם--תורה אחת יהיה לכם לעשה בשגגה 29
Saa mmara yi wɔ hɔ ma Israelfo ne ananafo a wɔte mo mu no nyinaa.
והנפש אשר תעשה ביד רמה מן האזרח ומן הגר--את יהוה הוא מגדף ונכרתה הנפש ההוא מקרב עמה 30
“‘Na sɛ obi boa pa yɛ mfomso a, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔnanani no, ogu Awurade din ho fi, enti ɛsɛ sɛ woyi no fi Israelfo no mu.
כי דבר יהוה בזה ואת מצותו הפר הכרת תכרת הנפש ההוא עונה בה 31
Mpɛn dodow a wabu Awurade asɛm animtiaa na wahyɛ da abu Awurade mmara so no, ɛsɛ sɛ woyi no fi Israelfo no mu; na ne bɔne gu ne ti so.’”
ויהיו בני ישראל במדבר וימצאו איש מקשש עצים--ביום השבת 32
Bere a Israelfo no wɔ sare so no, wɔkyeree wɔn mu baako sɛ ɔrebubu mmabaa homeda.
ויקריבו אתו המצאים אתו מקשש עצים--אל משה ואל אהרן ואל כל העדה 33
Wɔn a wɔkyeree no no de no kɔɔ Mose ne Aaron ne atemmufo no anim,
ויניחו אתו במשמר כי לא פרש מה יעשה לו 34
na wɔde no too afiase, efisɛ na wonhu ɔkwan pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔde no fa so.
ויאמר יהוה אל משה מות יומת האיש רגום אתו באבנים כל העדה מחוץ למחנה 35
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ɛsɛ sɛ wokum saa onipa no. Nnipa no nyinaa nsiw no abo wɔ atenae no akyi baabi.”
ויציאו אתו כל העדה אל מחוץ למחנה וירגמו אתו באבנים וימת כאשר צוה יהוה את משה 36
Enti wɔde no kɔɔ atenae no akyi baabi kosiw no abo sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
ויאמר יהוה אל משה לאמר 37
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
דבר אל בני ישראל ואמרת אלהם ועשו להם ציצת על כנפי בגדיהם לדרתם ונתנו על ציצת הכנף פתיל תכלת 38
“Kasa kyerɛ Israelfo no se: Awo ntoatoaso nyinaa mu no, momma biribi nsensɛn mo ntade ano na momfa hama tuntum nkyekyere sɛ nkae ade ntetare ntade no ano.
והיה לכם לציצת וראיתם אתו וזכרתם את כל מצות יהוה ועשיתם אתם ולא תתורו אחרי לבבכם ואחרי עיניכם אשר אתם זנים אחריהם 39
Saa mmara yi botae ne sɛ, bere biara a mubehu saa ade yi no, mobɛkae Awurade mmara a wɔahyɛ mo no, na moadi nʼapɛde so, na moamfa mo ankasa mo akwan sɛnea na moyɛ de som anyame afoforo no.
למען תזכרו ועשיתם את כל מצותי והייתם קדשים לאלהיכם 40
Ɛbɛkae mo ama moadi me mmara nyinaa so na wɔbɛtew mo ho ama mo Nyankopɔn.
אני יהוה אלהיכם אשר הוצאתי אתכם מארץ מצרים להיות לכם לאלהים אני יהוה אלהיכם 41
Mene Awurade, mo Nyankopɔn a mede mo fi Misraim asase so bae sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn. Mene Awurade mo Nyankopɔn no.”

< במדבר 15 >