< נחמיה 3 >
ויקם אלישיב הכהן הגדול ואחיו הכהנים ויבנו את שער הצאן--המה קדשוהו ויעמידו דלתתיו ועד מגדל המאה קדשוהו עד מגדל חננאל | 1 |
Afei, ɔsɔfopanyin Eliasib ne asɔfo bi fii ase too ɔfasu no fii Nguan Pon no. Wodwiraa ho, sisii nʼapon, de kosii Ɔha Abantenten ne Hananel Abantenten no.
ועל ידו בנו אנשי ירחו ועל ידו בנה זכור בן אמרי | 2 |
Nnipa a wofi Yeriko kuropɔn no mu toaa wɔn so yɛɛ adwuma wɔ hɔ, na Imri babarima Sakur dii so.
ואת שער הדגים בנו בני הסנאה המה קרוהו--ויעמידו דלתתיו מנעוליו ובריחיו | 3 |
Hasenaa mmabarima na wosii Mpataa Pon no. Wɔyɛɛ ho biribiara. Wɔtotoo mpuran no, sisii apon no, de nkyerewa ne adaban hyehyɛɛ mmeae a ehia.
ועל ידם החזיק מרמות בן אוריה בן הקוץ ועל ידם החזיק משלם בן ברכיה בן משיזבאל ועל ידם החזיק צדוק בן בענא | 4 |
Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nena na osiesiee ɔfasu no fa a edi hɔ no. Nʼaboafo ne Berekia babarima Mesulam a ɔyɛ Mesesabel nena na afei Baana babarima Sadok.
ועל ידם החזיקו התקועים ואדיריהם לא הביאו צורם בעבדת אדניהם | 5 |
Wɔn a wodi so ne Tekoafo, mmom wɔn mpanyimfo no ampene sɛ wɔbɛboa.
ואת שער הישנה החזיקו יוידע בן פסח ומשלם בן בסודיה המה קרוהו--ויעמידו דלתתיו ומנעליו ובריחיו | 6 |
Paseah babarima Yoiada ne Besodeia babarima Mesulam na wosiesiee Kuropɔn Dedaw Pon no. Wɔtotoo mpuran no, sisii apon no de nkyerewa ne adaban bobɔɔ mu.
ועל ידם החזיק מלטיה הגבעני וידון המרנתי אנשי גבעון והמצפה--לכסא פחת עבר הנהר | 7 |
Wɔn a wodi wɔn so yɛ Melatia a ofi Gibeon, Yadon a ofi Meronot ne nnipa a wofi Gibeon ne Mispa a ɛyɛ amrado a ɔwɔ Asubɔnten Eufrate agya no atenae.
על ידו החזיק עזיאל בן חרהיה צורפים ועל ידו החזיק חנניה בן הרקחים ויעזבו ירושלם עד החומה הרחבה | 8 |
Harhaia babarima Usiel a na ɔyɛ sikadwumfo no na odi so. Ɔno nso dii dwuma wɔ ɔfasu no ho. Hanania a ɔyɛ aduhuamyɛfo no na odi so. Wogyaw Yerusalem fa bi a ekosi Ɔfasu Tɛtrɛɛ no.
ועל ידם החזיק רפיה בן חור שר חצי פלך ירושלם | 9 |
Nea odi so yɛ Hur a na ɔda Yerusalem mansin fa bi ano no no, babarima Refaia.
ועל ידם החזיק ידיה בן חרומף ונגד ביתו ועל ידו החזיק חטוש בן חשבניה | 10 |
Nea odi hɔ yɛ Harumaf babarima Yedaia a osiesiee ɔfasu no fa bi a ɛbɛn ne fi, na nea odi ne so ne Hasabnia babarima Hatus.
מדה שנית החזיק מלכיה בן חרם וחשוב בן פחת מואב ואת מגדל התנורים | 11 |
Nea odi so ne Harim babarima Malkia ne Pahat-Moab babarima Hasub. Wosiesiee Afononoo Abantenten no de kaa ɔfasu no fa bi ho.
ועל ידו החזיק שלום בן הלוחש שר חצי פלך ירושלם הוא ובנותיו | 12 |
Halohes babarima Salum ne ne mmabea na wosiesiee ɔfa a edi hɔ no. Ɔno na na otua Yerusalem mansin fa a aka no ano.
את שער הגיא החזיק חנון וישבי זנוח--המה בנוהו ויעמידו דלתתיו מנעליו ובריחיו ואלף אמה בחומה עד שער השפות | 13 |
Sanoafo a Hanun da wɔn ano no na wosiesiee Obon Pon no, sisii nʼapon, de nkyerewa bobɔɔ mu, bram no. Afei, wosiesiee ɔfasu no anammɔn apem ne ahannum de kosii Sumina Pon no.
ואת שער האשפות החזיק מלכיה בן רכב שר פלך בית הכרם הוא יבננו--ויעמיד דלתתיו מנעליו ובריחיו | 14 |
Rekab babarima Malkia a na ɔda Bet-Hakerem mansin ano no na osiesiee Sumina Pon no. Osiesie wiei no, osisii apon no, de nkyerewa hyehyɛɛ mu, bram no.
ואת שער העין החזיק שלון בן כל חזה שר פלך המצפה--הוא יבננו ויטללנו ויעמידו (ויעמיד) דלתתיו מנעליו ובריחיו ואת חומת ברכת השלח לגן המלך ועד המעלות היורדות מעיר דויד | 15 |
Kol-Hose babarima Salum a na otua Mispa mansin ano no na osiesiee Asuti Pon no. Osiesiee, bɔɔ so, sisii nʼapon na ɔde nkyerewa bobɔɔ mu, bram no. Afei, osiesiee Siloam abura ho fasu a ɛbɛn ɔhene mfikyifuw no. Ɔsan too ɔfasu no kosii atrapoe a esian fi Dawid kuropɔn mu no.
אחריו החזיק נחמיה בן עזבוק שר חצי פלך בית צור--עד נגד קברי דויד ועד הברכה העשויה ועד בית הגברים | 16 |
Nea ɔtoa ne so yɛ Asbuk babarima Nehemia a na otua Bet-Sur mansin fa ano no. Ɔtoo ɔfasu no kosii faako a na ɛne adehye amusiei no di nhwɛanim, kosi nsukorae no so ne Dɔmmarima Fi.
אחריו החזיקו הלוים רחום בן בני על ידו החזיק חשביה שר חצי פלך קעילה--לפלכו | 17 |
Wɔn a wɔtoa so yɛ Lewifo kuw a na wɔhyɛ Bani babarima Rehum ase yɛ adwuma no. Hasabia a na ɔyɛ Keila mansin fa ntuanoni no na osii nʼankasa mansin anan mu hwɛɛ fasu no si so.
אחריו החזיקו אחיהם בוי בן חנדד שר חצי פלך קעילה | 18 |
Wɔn a wodi so yɛ ɔno ara ne manfo a na Henadad babarima Binui tua wɔn ano. Ɔno na na otua Keila mansin fa no ano.
ויחזק על ידו עזר בן ישוע שר המצפה--מדה שנית מנגד עלת הנשק המקצע | 19 |
Wɔn a wodi wɔn so yɛ Yesua babarima Eser a otua Mispa ano no. Wosiesiee ɔfasu no fa bi a ɛne akode adekoradan fapem di nhwɛanim no.
אחריו החרה החזיק ברוך בן זבי (זכי) מדה שנית מן המקצוע--עד פתח בית אלישיב הכהן הגדול | 20 |
Onipa a odi so ne Sabai babarima Baruk a osiesiee fa bi fi fapem no, de kosii ɔsɔfopanyin Eliasib fi pon no ano.
אחריו החזיק מרמות בן אוריה בן הקוץ--מדה שנית מפתח בית אלישיב ועד תכלית בית אלישיב | 21 |
Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nena nso, siesiee ɔfasu no fa bi fi faako a ɛne Eliasib fi pon di nhwɛanim no, de kosii ofi no nkyɛn baabi.
ואחריו החזיקו הכהנים אנשי הככר | 22 |
Afei, asɔfo a wofifi amantam a atwa hɔ ahyia na wodi so.
אחריו החזיק בנימן וחשוב נגד ביתם אחריו החזיק עזריה בן מעשיה בן ענניה--אצל ביתו | 23 |
Wɔn akyi no, Benyamin ne Hasub ne Asaria a ɔyɛ Maaseia babarima a na ɔyɛ Anania nena nso siesiee ɔfasu no afaafa a ɛbemmɛn wɔn ankasa afi no.
אחריו החזיק בנוי בן חנדד--מדה שנית מבית עזריה עד המקצוע ועד הפנה | 24 |
Nea odi hɔ yɛ Henadad babarima Binui a osiesiee ɔfasu no fa bi a efi Asaria fi kosi fapem no ntwea so hɔ.
פלל בן אוזי מנגד המקצוע והמגדל היוצא מבית המלך העליון אשר לחצר המטרה אחריו פדיה בן פרעש | 25 |
Usai babarima Palal toaa adwuma no so fii faako a ɛne fapem no ne ntwea so hɔ no di nhwɛanim, ne abantenten no a ɛde ba atifi ahemfi a ɛbɛn awɛmfo no adiwo no. Nea odi ne so yɛ Paros babarima Pedaia,
והנתינים--היו ישבים בעפל עד נגד שער המים למזרח והמגדל היוצא | 26 |
ne asɔredan mu asomfo a na wɔte koko Ofel so. Wosiesiee ɔfasu no kosii Nsu Pon no de kɔ apuei fam ne abantenten a eyi ne ho adi no.
אחריו החזיקו התקעים מדה שנית מנגד המגדל הגדול היוצא ועד חומת העפל | 27 |
Afei, Tekoafo nso toaa so. Wobesiesiee ɔfa foforo bi a ɛne abantenten kɛse a eyi ne ho adi no ntentenso kosi Ofel fasu no.
מעל שער הסוסים החזיקו הכהנים--איש לנגד ביתו | 28 |
Asɔfo no nso siesiee ɔfasu no a ɛwɔ koko so na ɛtoa Apɔnkɔ Pon no so no. Obiara siesiee baabi a ɛne ne fi di nhwɛanim.
אחריו החזיק צדוק בן אמר נגד ביתו ואחריו החזיק שמעיה בן שכניה שמר שער המזרח | 29 |
Nea odi hɔ yɛ Imer babarima Sadok, ɔno nso too ɔfasu no fa a ɛtoa ne fi so. Nea ɔtoa so ne Sekania babarima Semaia a na ɔyɛ apuei pon ano hwɛfo no.
אחרי (אחריו) החזיק חנניה בן שלמיה וחנון בן צלף הששי--מדה שני אחריו החזיק משלם בן ברכיה--נגד נשכתו | 30 |
Selemia babarima Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf babarima a ɔto so asia no siesiee ɔfasu no fa bi, na Berekia babarima Mesulam nso too ɔfasu no fa a ɛtoa ne fi so.
אחרי (אחריו) החזיק מלכיה בן הצרפי--עד בית הנתינים והרכלים נגד שער המפקד ועד עלית הפנה | 31 |
Malkia a ɔyɛ sikadwumfo no mu baako siesiee ɔfasu no kosii Asɔredan mu asomfo ne aguadifo fi a Bagua Pon no ne no di nhwɛanim. Afei ɔtoa so kosii abansoro a ɛwɔ twea so hɔ no.
ובין עלית הפנה לשער הצאן החזיקו הצרפים והרכלים | 32 |
Sikadwumfo a wɔaka no ne aguadifo no siesiee ɔfasu no fii saa twea so hɔ de kosii Nguan Pon no ano.