< נחמיה 12 >
ואלה הכהנים והלוים אשר עלו עם זרבבל בן שאלתיאל וישוע שריה ירמיה עזרא | 1 |
Saa nnipa yi ne asɔfo ne Lewifo a wɔne Sealtiel babarima Serubabel ne ɔsɔfopanyin Yesua san wɔn akyi no: Seraia, Yeremia, Ɛsra,
סלו עמוק חלקיה ידעיה אלה ראשי הכהנים ואחיהם בימי ישוע | 7 |
Salu, Amok, Hilkia ne Yedaia. Yesua bere so no, na eyinom ne asɔfo ntuanofo ne wɔn mfɛfo.
והלוים ישוע בנוי קדמיאל שרביה--יהודה מתניה על הידות הוא ואחיו | 8 |
Lewifo a wɔne wɔn san wɔn akyi no ni: Yesua, Binui Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a na ɔne ne mfɛfo na na wɔhwɛ aseda nnwom so no.
ובקבקיה וענו (ועני) אחיהם לנגדם למשמרות | 9 |
Na sɛ wɔresom a, wɔn mfɛfo Bakbukia ne Uni sɔre gyina ne wɔn di nhwɛanim.
וישוע הוליד את יויקים ויויקים הוליד את אלישיב ואלישיב את יוידע | 10 |
Ɔsɔfopanyin Yesua woo Yoiakim, Yoiakim woo Eliasib, Eliasib woo Yoiada,
ויוידע הוליד את יונתן ויונתן הוליד את ידוע | 11 |
na Yoiada woo Yonatan, na Yonatan woo Yadua.
ובימי יויקים היו כהנים ראשי האבות לשריה מריה לירמיה חנניה | 12 |
Bere a Yoiakim yɛ ɔsɔfopanyin no, na asɔfo mmusua mu ntuanofo no ne: Meraia a otua Seraia abusua ano. Hanania a otua Yeremia abusua ano.
לעזרא משלם לאמריה יהוחנן | 13 |
Mesulam a otua Ɛsra abusua ano. Yehohanan a otua Amaria abusua ano.
למלוכי (למליכו) יונתן לשבניה יוסף | 14 |
Yonatan a otua Maluki abusua ano. Yosef a otua Sebania abusua ano.
Adna a otua Harim abusua ano. Helkai a otua Meraiot abusua ano.
לעדיא (לעדוא) זכריה לגנתון משלם | 16 |
Sakaria a otua Ido abusua ano. Mesulam a otua Gineton abusua ano.
לאביה זכרי למנימין--למועדיה פלטי | 17 |
Sikri a otua Abia abusua ano. Miniamin abusua nso na obi tua ano. Piltai tua Moadia abusua ano.
לבלגה שמוע לשמעיה יהונתן | 18 |
Samua a otua Bilga abusua ano. Yehonatan a otua Semaia abusua ano.
וליויריב מתני לידעיה עזי | 19 |
Matenai a otua Yoiarib abusua ano. Usi a otua Yedaia abusua ano.
Kalai a otua Salai abusua ano. Eber a otua Amok abusua ano.
לחלקיה חשביה לידעיה נתנאל | 21 |
Hasabia a otua Hilkia abusua ano. Netanel a otua Yedaia abusua ano.
הלוים בימי אלישיב יוידע ויוחנן וידוע--כתובים ראשי אבות והכהנים על מלכות דריוש הפרסי | 22 |
Persiahene Dario a ɔto so abien bere so no, wɔkyerɛw Lewifo ne asɔfo mmusua mu ntuanofo no nyinaa din wɔ saa asɔfo mpanyimfo yi bere so: Eliasib, Yoiada, Yohanan, ne Yadua.
בני לוי ראשי האבות כתובים על ספר דברי הימים--ועד ימי יוחנן בן אלישיב | 23 |
Wɔkyerɛw Lewifo mmusua ntuanofo no din guu Abakɔsɛm Nhoma mu kosii Eliasib nena Yohanan bere so.
וראשי הלוים חשביה שרביה וישוע בן קדמיאל ואחיהם לנגדם להלל להודות במצות דויד איש האלהים--משמר לעמת משמר | 24 |
Eyinom ne Lewifo mmusua ntuanofo: Hasabia, Serebia, Yesua, Binui, Kadmiel ne wɔn mfɛfo bi a sɛ edu ayeyi ne aseda afahyɛ so a, wogyina hɔ ne wɔn di nhwɛanim, na ɔfa gye ɔfa so wɔ nnwonto mu, sɛnea Dawid, Onyankopɔn nipa, kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.
מתניה ובקבקיה עבדיה משלם טלמון עקוב--שמרים שוערים משמר באספי השערים | 25 |
Na Matania, Bakbukia ne Obadia nso ka ho. Mesulam, Talmon ne Akub na wɔyɛ aponanohwɛfo a wɔhwɛ adekoradan a ɛwɔ apon no ano no so.
אלה בימי יויקים בן ישוע בן יוצדק ובימי נחמיה הפחה ועזרא הכהן הסופר | 26 |
Na eyinom nyinaa som wɔ Yesua babarima Yoiakim a ɔyɛ Yosadak nena ne Nehemia a ɔyɛ amrado ne Ɛsra a na ɔyɛ ɔsɔfo ne mmara no kyerɛkyerɛfo bere so.
ובחנכת חומת ירושלם בקשו את הלוים מכל מקומתם להביאם לירושלם--לעשת חנכה ושמחה ובתודות ובשיר מצלתים נבלים ובכנרות | 27 |
Bere a wɔredwira Yerusalem fasu foforo no, wɔka kyerɛɛ Lewifo a wɔwɔ asase no so nyinaa se, wɔmmra Yerusalem mmɛboa dwumadi no. Na ɛsɛ sɛ wɔde kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten to wɔn aseda nnwom de hyɛ anigye fa no.
ויאספו בני המשררים ומן הככר סביבות ירושלם ומן חצרי נטפתי | 28 |
Wɔde nnwontofo no fi Yerusalem ne ne nkuraa ne Netofafo nkuraa nyinaa bɔɔ mu bae.
ומבית הגלגל ומשדות גבע ועזמות כי חצרים בנו להם המשררים סביבות ירושלם | 29 |
Ebi nso fi Bet-Gilgal ne Geba pɔw mu hɔ ne Asmawet, efisɛ na nnwontofo no ara akyekyere wɔn ankasa nkuraa afa Yerusalem ho ahyia.
ויטהרו הכהנים והלוים ויטהרו את העם ואת השערים ואת החומה | 30 |
Asɔfo no ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, afei wodwiraa ɔmanfo no, dwiraa apon no ne fasu no nso.
ואעלה את שרי יהודה מעל לחומה ואעמידה שתי תודת גדולת ותהלכת לימין מעל לחומה לשער האשפת | 31 |
Midii Yuda ntuanofo no anim kɔɔ ɔfasu no atifi, na meboaboaa nnwontofo akuw akɛse abien ano ma wɔbɛdaa ase. Nnwontofo kuw no mu baako kɔɔ anafo wɔ ɔfasu no atifi kosii Sumina Pon no.
וילך אחריהם הושעיה וחצי שרי יהודה | 32 |
Hosaia ne Yuda ntuanofo no mu fa dii wɔn akyi,
na Asaria, Ɛsra, Mesulam,
יהודה ובנימן ושמעיה וירמיה | 34 |
Yuda, Benyamin, Semaia, Yeremia
ומבני הכהנים בחצצרות--זכריה בן יונתן בן שמעיה בן מתניה בן מיכיה בן זכור בן אסף | 35 |
ne asɔfo no bi a wɔhyɛn torobɛnto no dii wɔn akyi. Ɛno akyi na Yonatan babarima Sakaria, Semaia babarima, Matania babarima, Mikaia babarima, Sakur babarima a ɔyɛ Asaf aseni no di.
ואחיו שמעיה ועזראל מללי גללי מעי נתנאל ויהודה חנני בכלי שיר דויד איש האלהים ועזרא הסופר לפניהם | 36 |
Ne korakora no, Sakaria mfɛfo a wɔne Semaia, Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Netanel, Yuda ne Hanani dii wɔn so. Wɔfaa nnwontode a Dawid a ɔyɛ Onyankopɔn nipa akyerɛ sɛ wɔmfa no. Na Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no na odii santen no anim.
ועל שער העין ונגדם עלו על מעלות עיר דויד במעלה לחומה מעל לבית דויד ועד שער המים מזרח | 37 |
Wɔfaa Asu Aniwa Pon no ho, kɔɔ tee kɔforoo kuropɔn no fasu antweri a ɛkyerɛ Dawid kuropɔn no. Wɔfaa Dawid fi ho, kosii Nsu Pon a ɛwɔ apuei fam no ho.
והתודה השנית ההולכת למואל ואני אחריה וחצי העם מעל להחומה מעל למגדל התנורים ועד החומה הרחבה | 38 |
Nnwontofo a wɔto so abien no faa atifi kwan kohyiaa wɔn. Me ne ɔmanfo no mu fa dii wɔn akyi. Yɛfaa ɔfasu no so nam Fononoo Abantenten no ho kosii Ɔfasu Tɛtrɛɛ no,
ומעל לשער אפרים ועל שער הישנה ועל שער הדגים ומגדל חננאל ומגדל המאה ועד שער הצאן ועמדו בשער המטרה | 39 |
afei yetwaa Efraim Pon no ho, kosii Kuropɔn Dedaw Pon no, yɛfaa Mpataa Pon no ho, kosii Hananel Abantenten ho kɔɔ Ɔha Abantenten no ho. Yɛtoaa so kɔɔ Nguan Pon no ho, na yekogyinaa Ɔwɛn Pon no ano.
ותעמדנה שתי התודת בבית האלהים ואני וחצי הסגנים עמי | 40 |
Nnwontokuw abien a na wɔreda ase no kɔɔ Awurade Asɔredan mu kɔtenatenaa ase. Me nso me ne akuw ntuanofo a na wɔka me ho no yɛɛ saa ara.
והכהנים אליקים מעשיה מנימין מיכיה אליועיני זכריה חנניה--בחצצרות | 41 |
Yɛne asɔfo a na wɔhyɛn torobɛnto a wɔne Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania
ומעשיה ושמעיה ואלעזר ועזי ויהוחנן ומלכיה--ועילם ועזר וישמיעו המשררים ויזרחיה הפקיד | 42 |
ne nnwontofo Maaseia, Semaia, Eleasar, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser na yɛbɔɔ mu kɔe. Wɔtoo nnwom a na dwonkyerɛfo Yisrahia rema wɔn akwankyerɛ.
ויזבחו ביום ההוא זבחים גדולים וישמחו כי האלהים שמחם שמחה גדולה וגם הנשים והילדים שמחו ותשמע שמחת ירושלם מרחוק | 43 |
Saa anigye da no, wɔbɔɔ afɔre bebree, efisɛ na Onyankopɔn ayɛ biribi ama wɔn a enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye. Mmea ne mmofra nyinaa de wɔn ho hyɛɛ afahyɛ no mu, na ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no osebɔ no duu akyirikyiri.
ויפקדו ביום ההוא אנשים על הנשכות לאוצרות לתרומות לראשית ולמעשרות--לכנוס בהם לשדי הערים מנאות התורה לכהנים וללוים כי שמחת יהודה על הכהנים ועל הלוים העמדים | 44 |
Da no, woyii mmarima sɛ wɔnhwɛ adekoradan a wɔde akyɛde, otwakan ne ntotoso du du gu mu no so. Na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wokogyigye fi mfuw mu, sɛnea asɔfo ne Lewifo mmara kyerɛ no, efisɛ na asɔfo ne Lewifo ne wɔn dwumadi no ho hia Yudafo nyinaa yiye.
וישמרו משמרת אלהיהם ומשמרת הטהרה והמשררים והשערים--כמצות דויד שלמה בנו | 45 |
Wɔyɛɛ wɔn Nyankopɔn som no ne ahodwira som no pɛpɛɛpɛ, sɛnea Dawid ne ne babarima Salomo mmara kyerɛ no, na saa ara nso na nnwontofo no ne aponanohwɛfo no yɛe.
כי בימי דויד ואסף מקדם--ראש (ראשי) המשררים ושיר תהלה והדות לאלהים | 46 |
Amanne a wɔma nnwontofo akwankyerɛfo di nnwontofo no anim wɔ nkamfo ne aseda nnwom a wɔto de ma Onyankopɔn no fii ase fi Dawid ne Asaf bere so.
וכל ישראל בימי זרבבל ובימי נחמיה נתנים מניות המשררים והשערים--דבר יום ביומו ומקדשים ללוים והלוים מקדשים לבני אהרן | 47 |
Enti efi Serubabel ne Nehemia bere so no, na daa ɔmanfo brɛ nnwontofo no ne aponanohwɛfo ne Lewifo no nnuan. Na Lewifo no nso de nea wonya no mu bi ma asɔfo a wɔyɛ Aaron asefo no.