< יהושע 16 >
ויצא הגורל לבני יוסף מירדן יריחו למי יריחו מזרחה המדבר עלה מיריחו בהר--בית אל | 1 |
Yosef asefoɔ no kyɛfa firi Asubɔnten Yordan fa a ɛbɛn Yeriko, wɔ Yeriko nsuwa no apueeɛ fam, kɔfa ɛserɛ no so kɔpue Bet-El bepɔ asase no so.
ויצא מבית אל לוזה ועבר אל גבול הארכי עטרות | 2 |
Ɛfiri Bet-El (a ɛyɛ Lus) a, ɛfa Atarot a ɛwɔ Arkifoɔ mantam mu.
וירד ימה אל גבול היפלטי עד גבול בית חורן תחתון--ועד גזר והיו תצאתו ימה | 3 |
Esiane fa atɔeɛ fam kɔsi Bet-Horon Anafoɔ a ɛwɔ Yafletifoɔ mantam mu. Ɛtoa so kɔ Geser na afei akɔsi Ɛpo Kɛseɛ no mu.
וינחלו בני יוסף מנשה ואפרים | 4 |
Yosef mmammarima Manase ne Efraim mmusua nyaa wɔn agyapadeɛ.
ויהי גבול בני אפרים למשפחתם ויהי גבול נחלתם מזרחה עטרות אדר עד בית חורן עליון | 5 |
Wɔde saa asase yi maa Efraim mmusua sɛ wɔn agyapadeɛ. Wɔn agyapadeɛ no ɛhyeɛ a ɛwɔ apueeɛ fam no firi Atarot-Adar. Ɛfiri hɔ kɔ Bet-Horon Soro,
ויצא הגבול הימה המכמתת מצפון ונסב הגבול מזרחה תאנת שלה ועבר אותו ממזרח ינוחה | 6 |
na akɔ Ɛpo Kɛseɛ no ho. Atifi fam ɛhyeɛ no firi Ɛpo Kɛseɛ no, ɛfa apueeɛ fam, twam wɔ Mikmetat, na akontono afa apueeɛ fam, atwam wɔ Taanat-Silo akɔ Yanoa apueeɛ fam.
וירד מינוחה עטרות ונערתה ופגע ביריחו ויצא הירדן | 7 |
Ɛfiri Yanoa a, ɛdane fa anafoɔ fam kɔ Atarot ne Naara, ɛka Yeriko, na akɔpem Asubɔnten Yordan.
מתפוח ילך הגבול ימה נחל קנה והיו תצאתיו הימה זאת נחלת מטה בני אפרים--למשפחתם | 8 |
Ɛfiri Tapua a, ɛhyeɛ no kɔ atɔeɛ fam, nam Kana Suka no mu kɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. Saa agyapadeɛ yi na wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Efraim abusuakuo no.
והערים המבדלות לבני אפרים בתוך נחלת בני מנשה--כל הערים וחצריהן | 9 |
Wɔde nkuro bi ne wɔn nkuraaseɛ a ɛwɔ Manase abusuakuo no fa mantam mu maa Efraim.
ולא הורישו את הכנעני היושב בגזר וישב הכנעני בקרב אפרים עד היום הזה ויהי למס עבד | 10 |
Wɔampamo Kanaanfoɔ no amfiri Geser, enti Geserfoɔ te hɔ sɛ nkoa bɛsi ɛnnɛ.