< יהושע 16 >

ויצא הגורל לבני יוסף מירדן יריחו למי יריחו מזרחה המדבר עלה מיריחו בהר--בית אל 1
Yosef asefo no kyɛfa fi Asubɔnten Yordan fa a ɛbɛn Yeriko, wɔ Yeriko nsuwa no apuei fam, kɔfa sare no so kopue Bet-El bepɔw asase no so.
ויצא מבית אל לוזה ועבר אל גבול הארכי עטרות 2
Efi Bet-El, a ɛyɛ Lus, a ɛfa Atarot a ɛwɔ Arkifo mantam mu.
וירד ימה אל גבול היפלטי עד גבול בית חורן תחתון--ועד גזר והיו תצאתו ימה 3
Esian fa atɔe fam kosi Bet-Horon Anafo a ɛwɔ Yafletifo mantam mu. Ɛtoa so kɔ Geser na afei akosi Po Kɛse no mu.
וינחלו בני יוסף מנשה ואפרים 4
Yosef mmabarima Manase ne Efraim mmusua nyaa wɔn agyapade.
ויהי גבול בני אפרים למשפחתם ויהי גבול נחלתם מזרחה עטרות אדר עד בית חורן עליון 5
Wɔde saa asase yi maa Efraim mmusua sɛ wɔn agyapade. Wɔn agyapade no hye a ɛwɔ apuei fam no fi Atarot-Adar. Efi hɔ kɔ Bet-Horon Soro,
ויצא הגבול הימה המכמתת מצפון ונסב הגבול מזרחה תאנת שלה ועבר אותו ממזרח ינוחה 6
na akɔ Po Kɛse no ho. Atifi fam hye no fi Po Kɛse no, ɛfa apuei fam, twa mu wɔ Mikmetat, na akɔntɔn afa apuei fam, atwa mu wɔ Taanat-Silo akɔ Yanoa apuei fam.
וירד מינוחה עטרות ונערתה ופגע ביריחו ויצא הירדן 7
Efi Yanoa a, ɛdan fa anafo fam kɔ Atarot ne Naara, ɛka Yeriko, na akɔpem Asubɔnten Yordan.
מתפוח ילך הגבול ימה נחל קנה והיו תצאתיו הימה זאת נחלת מטה בני אפרים--למשפחתם 8
Efi Tapua a, ɔhye no kɔ atɔe fam, nam Kana Suka no mu kosi Po Kɛse no. Saa agyapade yi na wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Efraim abusuakuw no.
והערים המבדלות לבני אפרים בתוך נחלת בני מנשה--כל הערים וחצריהן 9
Wɔde nkurow bi ne wɔn nkuraase a ɛwɔ Manase abusuakuw no fa mantam mu maa Efraim.
ולא הורישו את הכנעני היושב בגזר וישב הכנעני בקרב אפרים עד היום הזה ויהי למס עבד 10
Wɔampam Kanaanfo no amfi Geser, enti Geserfo te hɔ sɛ nkoa de besi nnɛ.

< יהושע 16 >