< יהושע 1 >
ויהי אחרי מות משה--עבד יהוה ויאמר יהוה אל יהושע בן נון משרת משה לאמר | 1 |
Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ wuo akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Nun babarima Yosua, Mose ɔboafoɔ no sɛ,
משה עבדי מת ועתה קום עבר את הירדן הזה אתה וכל העם הזה אל הארץ אשר אנכי נתן להם לבני ישראל | 2 |
“Afei a me ɔsomfoɔ Mose awuo no, ɛsɛ sɛ wodi me nkurɔfoɔ no anim kɔtwa Asubɔnten Yordan kɔ asase a mede rema wɔn no so.
כל מקום אשר תדרך כף רגלכם בו--לכם נתתיו כאשר דברתי אל משה | 3 |
Mehyɛ wo bɔ a mehyɛɛ Mose no sɛ, baabiara a wode wo nan bɛsi no bɛyɛ asase a mede ama woɔ.
מהמדבר והלבנון הזה ועד הנהר הגדול נהר פרת כל ארץ החתים ועד הים הגדול מבוא השמש--יהיה גבולכם | 4 |
Ɛfiri Negeb ɛserɛ a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Lebanon mmepɔ a ɛwɔ atifi fam, ɛfiri Asubɔnten Eufrate a ɛwɔ apueeɛ fam kɔsi Ɛpo Kɛseɛ a ɛwɔ atɔeɛ fam, ne Hetifoɔ asase nyinaa.
לא יתיצב איש לפניך כל ימי חייך כאשר הייתי עם משה אהיה עמך לא ארפך ולא אעזבך | 5 |
Obiara rentumi nsɔre ntia wo wɔ wo nkwa nna nyinaa. Sɛdeɛ na meka Mose ho no, saa ara na mɛka wo ho. Merennya wo na merempa wʼakyi da.
חזק ואמץ כי אתה תנחיל את העם הזה את הארץ אשר נשבעתי לאבותם לתת להם | 6 |
Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, ɛfiri sɛ, wobɛdi me nkurɔfoɔ yi anim akɔfa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no nyinaa.
רק חזק ואמץ מאד לשמר לעשות ככל התורה--אשר צוך משה עבדי אל תסור ממנו ימין ושמאול למען תשכיל בכל אשר תלך | 7 |
“Wo ho nyɛ den na yɛ nnam. Di mmara a Mose de maa wo no nyinaa so. Mfiri ho, na wobɛdi nkonim wɔ biribiara a woyɛ mu.
לא ימוש ספר התורה הזה מפיך והגית בו יומם ולילה למען תשמר לעשות ככל הכתוב בו כי אז תצליח את דרכך ואז תשכיל | 8 |
Sua saa Mmara Nwoma yi ɛberɛ biara. Dwene ho awia ne anadwo sɛdeɛ ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔatwerɛ wɔ mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yie.
הלוא צויתיך חזק ואמץ אל תערץ ואל תחת כי עמך יהוה אלהיך בכל אשר תלך | 9 |
Mehyɛ wo sɛ, yɛ den na yɛ nnam! Nsuro na mma wʼaba mu mmu, na Awurade wo Onyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ.”
ויצו יהושע את שטרי העם לאמר | 10 |
Afei, Yosua hyɛɛ Israel ntuanofoɔ no sɛ,
עברו בקרב המחנה וצוו את העם לאמר הכינו לכם צידה כי בעוד שלשת ימים אתם עברים את הירדן הזה לבוא לרשת את הארץ אשר יהוה אלהיכם נתן לכם לרשתה | 11 |
“Momfa atenaeɛ no mu na monka nkyerɛ nnipa no ma wɔnsiesie wɔn nnuane. Nnansa akyi no, mobɛtwa Asubɔnten Yordan na moakɔfa asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de ama mo no.”
ולראובני ולגדי ולחצי שבט המנשה--אמר יהושע לאמר | 12 |
Afei Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusua no fa nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
זכור את הדבר אשר צוה אתכם משה עבד יהוה לאמר יהוה אלהיכם מניח לכם ונתן לכם את הארץ הזאת | 13 |
“Monkae ahyɛdeɛ a Awurade ɔsomfoɔ Mose maa mo no: ‘Awurade, mo Onyankopɔn, rema mo ahomeɛ na ɔde asase yi ama mo.’
נשיכם טפכם ומקניכם ישבו בארץ אשר נתן לכם משה בעבר הירדן ואתם תעברו חמשים לפני אחיכם כל גבורי החיל ועזרתם אותם | 14 |
Mo yerenom, mo mma ne mo anantwie bɛtena Yordan apueeɛ fam ha. Nanso, mo akofoɔ a wɔasiesie wɔn ho ama ɔkɔ no bɛdi mmusuakuo a aka no anim atware Yordan, na wɔaboa ma wɔafa asase no. Mo ne wɔn ntena hɔ
עד אשר יניח יהוה לאחיכם ככם וירשו גם המה את הארץ אשר יהוה אלהיכם נתן להם ושבתם לארץ ירשתכם וירשתם אותה אשר נתן לכם משה עבד יהוה בעבר הירדן מזרח השמש | 15 |
nkɔsi sɛ Awurade bɛma wɔn ahomeɛ sɛdeɛ wayɛ ama mo no. Na wɔn nso bɛdi asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema wɔn no so. Ɛno ansa na mode Yordan apueeɛ fam ha asase a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ de maa mo no, bɛyɛ mo atenaeɛ.”
ויענו את יהושע לאמר כל אשר צויתנו נעשה ואל כל אשר תשלחנו נלך | 16 |
Wɔbuaa Yosua sɛ, “Deɛ woahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nyinaa yɛbɛyɛ, na baabiara a wobɛsoma yɛn nso, yɛbɛkɔ.
ככל אשר שמענו אל משה כן נשמע אליך רק יהיה יהוה אלהיך עמך כאשר היה עם משה | 17 |
Yɛbɛyɛ ɔsetie ama wo sɛdeɛ yɛyɛ maa Mose no. Awurade wo Onyankopɔn, nni wʼakyi sɛdeɛ ɔdii Mose akyi no.
כל איש אשר ימרה את פיך ולא ישמע את דבריך לכל אשר תצונו--יומת רק חזק ואמץ | 18 |
Obiara a ɔbɛte wʼasɛm so atua na wanni wʼahyɛdeɛ mu biara so no, wɔnkum no. Enti, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru!”