< יונה 2 >

ויתפלל יונה אל יהוה אלהיו ממעי הדגה 1
Yona firii apataa no yam bɔɔ Awurade ne Onyankopɔn mpaeɛ sɛ.
ויאמר קראתי מצרה לי אל יהוה--ויענני מבטן שאול שועתי שמעת קולי (Sheol h7585) 2
Ɔkaa sɛ, “Mʼahohia mu mefrɛɛ Awurade, na ɔgyee me so. Mefiri adamena ase tɔnn srɛɛ mmoa na wotiee me sufrɛ. (Sheol h7585)
ותשליכני מצולה בלבב ימים ונהר יסבבני כל משבריך וגליך עלי עברו 3
Wotoo me twenee ebunu mu wɔ ɛpo ase tɔnn, na ɔhweam twaa me ho hyiaeɛ; wʼasorɔkye ne mframa bu faa me so.
ואני אמרתי נגרשתי מנגד עיניך אך אוסיף להביט אל היכל קדשך 4
Na mekaa sɛ, ‘Wɔapam me afiri wʼanim; nanso mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no bio’
אפפוני מים עד נפש תהום יסבבני סוף חבוש לראשי 5
Nsuo a abu afa me so no bɔɔ me hu, ebunu no twaa me ho hyiaeɛ; ɛpo mu wira kyekyeree me tiri ho.
לקצבי הרים ירדתי הארץ ברחיה בעדי לעולם ותעל משחת חיי יהוה אלהי 6
Memem kɔɔ mmepɔ no ase pɛɛ; asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ. Nanso wogyee me nkwa firii amena mu, Ao Awurade, me Onyankopɔn.
בהתעטף עלי נפשי את יהוה זכרתי ותבוא אליך תפלתי אל היכל קדשך 7
“Ɛberɛ a me nkwa resene akɔ no, mekaee wo Awurade, na me mpaeɛbɔ foro baa wo nkyɛn, wɔ wʼasɔredan kronkron no mu.
משמרים הבלי שוא--חסדם יעזבו 8
“Wɔn a wɔde wɔn ho bata ahoni huhuo ho no hwere adom a anka ɛyɛ wɔn dea.
ואני בקול תודה אזבחה לך אשר נדרתי אשלמה ישועתה ליהוה 9
Nanso me, mede ayɛyie nnwom bɛbɔ afɔdeɛ ama wo. Deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ. Nkwagyeɛ firi Awurade.”
ויאמר יהוה לדג ויקא את יונה אל היבשה 10
Na afei, Awurade hyɛɛ apataa no ma ɔfee Yona too asase so.

< יונה 2 >