< יואל 3 >
כי הנה בימים ההמה--ובעת ההיא אשר אשוב (אשיב) את שבות יהודה וירושלם | 1 |
“Saa nna no mu, mede Yuda ne Yerusalem ahonyadeɛ bɛsane aba.
וקבצתי את כל הגוים והורדתים אל עמק יהושפט ונשפטתי עמם שם על עמי ונחלתי ישראל אשר פזרו בגוים ואת ארצי חלקו | 2 |
Mɛboa aman nyinaa ano, na mede wɔn aba Yehosafat bɔnhwa mu. Ɛhɔ na mɛbu wɔn atɛn wɔ deɛ wɔyɛɛ mʼagyapadeɛ, a ɛyɛ Israelfoɔ ho, ɛfiri sɛ wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ hwetee aman so, na wɔkyekyɛɛ mʼasase mu.
ואל עמי ידו גורל ויתנו הילד בזונה והילדה מכרו ביין וישתו | 3 |
Wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ so ntonto, Wɔtɔn mmerantewaa de emu sika bɔɔ adwaman. Wɔtɔn mmaayewa nso de gyee nsã, a wɔbɛnom.
וגם מה אתם לי צר וצידון וכל גלילות פלשת הגמול אתם משלמים עלי ואם גמלים אתם עלי קל מהרה אשיב גמלכם בראשכם | 4 |
“Ɛdeɛn na mowɔ tia me, Ao Tiro ne Sidon ne mo Filistia amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so awere anaa? Sɛ saa na ɛte deɛ a, monhwɛ yie. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka.
אשר כספי וזהבי לקחתם ומחמדי הטבים הבאתם להיכליכם | 5 |
Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapadeɛ a ɛsom bo, na mosoa kɔguu mo abosonnan mu.
ובני יהודה ובני ירושלם מכרתם לבני היונים למען הרחיקם מעל גבולם | 6 |
Motontɔn nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem maa Helafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛfiri wɔn asase so akɔ akyirikyiri.
הנני מעירם--מן המקום אשר מכרתם אתם שמה והשבתי גמלכם בראשכם | 7 |
“Nanso, mɛsane de wɔn afiri baabi a mokɔtɔn wɔn no aba, na deɛ moayɛ no nyinaa, mɛtua mo so ka.
ומכרתי את בניכם ואת בנותיכם ביד בני יהודה ומכרום לשבאים אל גוי רחוק כי יהוה דבר | 8 |
Mɛtontɔn mo mmammarima ne mo mmammaa ama Yudafoɔ, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfoɔ, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, Awurade, na makasa.
קראו זאת בגוים קדשו מלחמה העירו הגבורים--יגשו יעלו כל אנשי המלחמה | 9 |
Mo mpae mu nka yei wɔ aman so: Monsiesie mo ho mma ɔko! Monkanyane akodɔm! Momma mo mmarima akofoɔ no ntwe mpini, na wɔn mmɛko.
כתו אתיכם לחרבות ומזמרתיכם לרמחים החלש יאמר גבור אני | 10 |
Momfa mo mfuntumdadeɛ no mmɔ akofena, na momfa mo nsɔsɔwa mmɔ mpea. Ma deɛ wɔayɛ mmerɛ nka sɛ, “mewɔ ahoɔden!”
עושו ובאו כל הגוים מסביב ונקבצו שמה הנחת יהוה גבוריך | 11 |
Monyɛ ntɛm mmra, mo amanaman a moatwa ahyia, mo mmɛboa mo ho ano wɔ hɔ. Fa wʼakofoɔ bra, Ao Awurade!
יעורו ויעלו הגוים אל עמק יהושפט כי שם אשב לשפט את כל הגוים--מסביב | 12 |
“Wɔnkanyane aman no; wɔntu ntene nkɔ Yehosafat bɔnhwa no mu, ɛfiri sɛ ɛhɔ na mɛtena na mabu aman a atwa ahyia no nyinaa atɛn.
שלחו מגל כי בשל קציר באו רדו כי מלאה גת--השיקו היקבים כי רבה רעתם | 13 |
Monhwim kantankrankyi no, ɛfiri sɛ otwa berɛ no aduru so. Mommra, montiatia bobe no so, ɛfiri sɛ nsakyiamena no ayɛ ma na ankorɛ no ayɛ ma abu so. Saa ara na wɔn amumuyɛ dɔɔso!”
המונים המונים בעמק החרוץ כי קרוב יום יהוה בעמק החרוץ | 14 |
Nipadɔm, nipadɔm wɔ gyinasie subɔnhwa no mu! Awurade ɛda no abɛn wɔ gyinasie subɔnhwa no mu.
שמש וירח קדרו וכוכבים אספו נגהם | 15 |
Owia ne ɔsrane bɛduru sum, na nsoromma renhyerɛn bio.
ויהוה מציון ישאג ומירושלם יתן קולו ורעשו שמים וארץ ויהוה מחסה לעמו ומעוז לבני ישראל | 16 |
Awurade bɛbobɔ mu afiri Sion, ne nne bɛgyegye afiri Yerusalem, asase ne ɔsoro bɛwoso. Nanso, Awurade bɛyɛ dwanekɔbea ama ne nkurɔfoɔ, ɔbɛyɛ abandenden ama Israelfoɔ.
וידעתם כי אני יהוה אלהיכם שכן בציון הר קדשי והיתה ירושלם קדש וזרים לא יעברו בה עוד | 17 |
“Afei, wobɛhunu sɛ, me Awurade, wo Onyankopɔn, mete Sion, me bepɔ kronkron so. Yerusalem bɛyɛ kronkron; na ananafoɔ rentu wɔn so sa bio.
והיה ביום ההוא יטפו ההרים עסיס והגבעות תלכנה חלב וכל אפיקי יהודה ילכו מים ומעין מבית יהוה יצא והשקה את נחל השטים | 18 |
“Saa ɛda no, nsã foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no mu, na nufosuo atene wɔ nkokoɔ so; Nsuo bɛba Yuda nsuwansuwa mu, na asutire bɛtue afiri Awurade efie, na agugu akasia subɔnhwa no so nsuo.
מצרים לשממה תהיה ואדום למדבר שממה תהיה מחמס בני יהודה אשר שפכו דם נקיא בארצם | 19 |
Nanso Misraim bɛdane amanfo, na Edom nso bɛyɛ anweatam, ɛsiane awurukasɛm a wɔyɛ de tiaa nnipa a wɔwɔ Yuda enti. Ɛhɔ na wɔhwiee mogya a ɛnni fɔ guiɛ.
ויהודה לעולם תשב וירושלם לדור ודור | 20 |
Nnipa bɛtena Yuda afebɔɔ na Yerusalem deɛ wɔbɛtena hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
ונקיתי דמם לא נקיתי ויהוה שכן בציון | 21 |
Na mogya afɔdie a memfa nkyɛeɛ no, mede bɛkyɛ.